Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yakobo 2 - Apam Foforɔ


Nyiyimu ho kɔkɔbɔ

1 Me nuanom a hoyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura he mu agyidifoɔ he, ɔnsɛ sɛ honyɔ nyinyimu.

2 Sɛ nipa bi a ɔhyɛ sikakɔkɔɔ nkaa ne ataade-pa ba ho nhyiamu ase, na sɛ hiani bi nso a ɔnhyɛ ataade-pa nso ba hɔ a,

3 na sɛ hohu deɛ ɔhyɛ ataade pa he na hoka kyerɛ no sɛ, “Mepa wo kyɛw, bɛtena ha,” na mmom hiani he deɛ hoka kyerɛ no sɛ, “Gyina hɔ,” anaa, “Tena me nane ase fam ha,” a na

4 honyɔɔ nyiyimu ho mu anaa, na homfaa adwemmɔne mmu atɛne anaa?

5 Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?

6 Nso hoabu saafoɔ he animtia. Ɔnyɛ wiasefoɔ adefoɔ ne bɛhyɛ ho so he? Ɔnyɛ bɛ ne bɛtwe ho kɔ asennibea he anaa?

7 Ɔnyɛ bɛ ne bɛka dini pa a bɛde frɛ ho he ho nsɛmmɔne he?

8 Sɛ hodi twerɛsɛm he mu adehye-mmara a ɔne sɛ, “Ɔsɛ sɛ wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho” he so a, hoyɔ no yie.

9 Na mmom sɛ hoyɛ nyiyimu a, hoayɔ bɔne na mmara he bu ho atɛne sɛ hoyɛ mmaratofoɔ.

10 Na sɛ bi di mmara mũ he nyinaa so na ɔto baako a, waadi mmara he nyinaa ho fɔ,

11 efiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awareɛ” heaa nso ne kaa sɛ, “Nni awu.” Saa nti, nea ɔnsɛe awareɛ na nso odi awu he, yɛ mmara he tofoɔ.

12 Sɛ ɔte saa deɛ a, homma ho kasaa ne ho dwumadie nyɛ nea ɔfata nnipa a bɛde adehyedie mmara he bebu ho atɛne;

13 efiri sɛ, atemmuo berɛ he, Nyankopɔn onhu biaa a wanhu afoforɔ mmɔbɔ he mmɔbɔ, nso mmɔborɔhunu di atemmuo so nkunim.


Gyidie a nnwuma nni mu he awu

14 Anuanom, mmɛ mfasoɔ ne ya so sɛ bi bɛka sɛ ɔwɔ gyidie na onni nnwuma? Saa nipa he gyidie betumi agye no nkwa anaa?

15 Sɛ wo nuabeema anaa wo nuabaa bi da adagya na onya n’ano aduane a,

16 na ho mu baako ka kyerɛ no sɛ, “Fa asomdwie kɔ; wo ho nyɛ wo hye, na didi mee,” na woama no deɛ ohia honam fam a, mmɛ mfasoɔ ne ya so?

17 Saa ara ne gyidie nkoaa ya hɔ na onni dwuma a, na waawu.

18 Nso bi bɛka sɛ, “Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma.” Kyerɛ me wo gyidie a nwuma nka ho, na mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.

19 Wogyidi sɛ Nyankopɔn yɛ baako; woyɛ no yie. Mpo ahonhommɔne nso gye saa di, na bɛ ho popo.

20 O! nipa hunu, nti wopɛ sɛ bi ne nna no adi nkyerɛ wo sɛ gyidie a nnwuma nka ho he awu anaa?

21 Ɔnnyɛ nnwuma mu ne bebuu yɛ nana Abraham bem mmerɛ a ɔde ne ba Isak maeɛ ya afɔrebokyia so he anaa?

22 Woahu sɛ ne gyidie ne ne nnwuma nyinaa bom yɔɔ adwuma, na gyidie nam nnwuma so wiee pɛyɛ.

23 Na ɔnam so maa twerɛsɛm he baa mu sɛ, “Abraham gyee Nyankopɔn diiɛ, na Nyankopɔn buu ne gyidie he sɛ tenenee maa no,” na bɛfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo.

24 Woahu sɛ ɔnam nnwuma nso so ma bebu bi bem, na ɔnyɛ gyidie nkoaa so.

25 Ɔnyɛ dwamamfoɔ Rahab nnwuma so ne bɛnam buu no bem, berɛ a ɔnam akwansrafoɔ a ɔgyee bɛ na ɔmaa bɛfaa kwane foforɔ so kɔeɛ he anaa?

26 Na sɛdeɛ nipadua a honhom nni mu he awu he, saa ara ne gyidie a nnwuma nni mu nso awu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan