Yakobo 1 - Apam FoforɔNkyea 1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, twerɛ krataa yi de kɔma abusuakuo dummienu a bɛabɔ ahwete he de nkyea mma bɛ nyinaa. Kristoni ne Sɔhwɛ 2 Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ, 3 efiri sɛ honim sɛ, ho gyidie he sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma. 4 Na homma boasetɔ nwie n’adwuma, sɛnea ɔbɛyɛ a ho bewie honhom mu nyini na ho ayɛ pɛ, a bibiaa ɔnka. Nyansa a ofiri Nyankopɔn 5 Sɛ ho mu bi hia nyansa a, ma no mmisa Nyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora biaa nni mu he, na ɔde bɛma nipa korɔ he. 6 Na mmom ɔsɛ sɛ obisa no gyidie mu, a n’adwene ɔnyɛ no ntanta, efiri sɛ nea n’adwene yɛ no ntanta he te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no di akɔneaba. 7 Na mma saa nipa he nsusu sɛ obenya Awurade hɔ bibiaa; 8 efiri sɛ, nipa a n’adwene yɛ no ntanta he hinhim n’akwane nyinaa mu. Hia ne ahonya 9 Ɔsɛ sɛ gyidini a ɔyɛ hiani he ma n’ani gye, efiri sɛ, ɔwɔ honhom mu ahonyadeɛ, 10 na defoɔ a ɔnyɛ gyidini he mma ne werɛ nho, efiri sɛ, ɔbetwam akɔ sɛ wiram nhwiren. 11 Na sɛdeɛ awia de ne hyeɛ pie, na ɔhye wira mma ne nhwiren te tɔ, ma nhwiren he ahoɔfɛ sɛe he, saa ne defoɔ nso betwam akɔ berɛ a ogu so ɔɔyɔ ne nnwuma he. Amaneɛ ne sɔhwɛ 12 Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he. 13 Sɛ sɔhwɛ ba bi so a, mma onii he nka sɛ, “Nyankopɔn asɔ me ahwɛ”, efiri sɛ bi ntumi mfa bɔne nsɔ Nyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ bi nhwɛ. 14 Na mmom bi akɔnnɔ ne gyegye no, daadaa no na ɔsɔ onii he hwɛ; 15 na sɛ saa akɔnnɔ he nyinsɛne a, ɔwo bɔne, na sɛ bɔne he nso nyini a, ɔwo wuo. 16 Me nuanom adɔfo, hommma bɛnnaadaa ho. 17 Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu. 18 Ɔnam n’asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ so ne woo yɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔno ankasa ne pɛ bɛba mu, na yɛabɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a odi kane. Asɛm he tie ne ne yɔ 19 Anuanom adɔfo, honhu yei sɛ: Ɔsɛ sɛ nipa biaa yɔ krado wɛne n’aso tie asɛm; ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho kasa; saa nso ne ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho fa abufuo; 20 efiri sɛ, abufuo nna Nyankopɔn tenenee mma. 21 Nti honto fi ne bɔne nyinaa ngu, na homfa ahobrɛaseɛ nye Nyankopɔn asɛm a bɛadua ne ho mu a obetumi agye ho kra nkwa he. 22 Honyɛ asɛm he yɔfoɔ, na mmom honnyɛ atiefoɔ kɛkɛ, nnaadaa ho ho. 23 Na sɛ bi tie asɛm he kɛkɛ na wamfa anni dwuma a, ɔte sɛ nipa a ɔhwɛ n’ anim ahwehwɛ mu; 24 na sɛ ɔhwɛ n’anim na ofiri hɔ kɔ a, hɔaa na ne werɛ afiri sɛdeɛ na ɔteɛ he. 25 Nso deɛ ɔhwɛ mmara a ɔyɛ pɛ mu he, mmara a ɔma ahofadie he tena ne mu, ɔnyɛ tiefoɔ werɛfirefoɔ na mmom ɔyɛ deɛ otie na ɔyɔ, bebehyira no deɛ ɔyɔ nyinaa mu. 26 Sɛ bi dwene sɛ ɔyɛ nyamesomni, na woanto ne kɛtrɛma nnareka na mmom ɔdaadaa n’akoma a, na ne nyamesom he yɛ kwa. 27 Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana