Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Tito 3 - Apam Foforɔ


Akristofoɔ abrabɔ

1 Kae Kreta asafo he sɛ bɛmmerɛ bɛ ho ase nhyɛ bɛ a bedi bɛ so ne tumidie ahodoɔ ase, bɛnyɛ setie, nsiesie bɛ ho ma nnwuma pa nyinaa,

2 bɛnnka biaa ho asɛmmɔne, bɛnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ, ɔsɛ sɛ bɛ dwo na bɛde anidie ma nnipa biaa,

3 efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.

4 Nso berɛ a yɛ Agyenkwa Nyankopɔn nnepa ne n’ayamyɛ daa adi he,

5 ɔgyee yɛ, ɔnyɛ tenenee nnwuma bi a yɛayɔ nti, na mmom ɔnam ne mmɔborɔhunu so faa nsuo adwareɛ a ɔnam awofoforɔ ne foforɔyɛ a ofiri Honhom Kronkron so ne gyee yɛ.

6 Saa Honhom yi ne ɔnam yɛ Agyenkwa Yesu Kristo so ahwie agu yɛ so pii,

7 sɛdeɛ ɔbɛyɛ a, yɛnam n’adom so benya bembuo na yɛabɛyɛ adedifoɔ daa nkwa anidasoɔ he mu.

8 Ɔyɛ nɔkwasɛm paa. Na yeinom ne mehwɛ sɛ wohyɛ mu kena, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛabɛgye Nyankopɔn adi he bɛhwɛ yei sɛ bɛde bɛ ho bɛma nnwuma pa; yeinom ne yɛ paa na ɔyɛ mfasodeɛ ma nnipa.

9 Twe wo ho firi akyinnye hunu, ananasɛm, akasakasaa ne ntɔkwa a ɔfa mmara he ho, efiri sɛ, mfasoɔ nni so na ɔyɛ nnoɔma hunu.

10 Nipa a ɔde mpaepaemu ba a woakasa akyerɛ no baako ne ne mprenu so, na wantie he, wo ne no nya twaka biaa,

11 efiri sɛ, wonim sɛ, saa nipa he yɛ debɔnyɛni a wayera kwane, na waabu ne ho fɔ.


Asɛm a otwa toɔ ne nhyira

12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko ba wo nkyɛne a, bɔ mmɔdene sɛ wobɛba me hɔ Nikopoli, efiri sɛ hɔ ne maabɔ me tim pɔ sɛ medi awɔ mmerɛ he.

13 Bɔ mmɔdene sɛ wobegya mmaranimfoɔ Sena ɔne Apolo kwane a bibiaa onhia bɛ.

14 Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.

15 Bɛ a bɛka me ho nyinaa kyea wo. Kyea bɛ a bɛdɔ yɛ gyidie he mu nyinaa. Adom nka ho nyinaa!

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan