Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Tito 2 - Apam Foforɔ

1 Nso wo Tito deɛ, ɔsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a odi mu.

2 Kasa kyerɛ nkokora sɛ bɛnnyɔ bibi mma ɔntraso, bɛma bɛ anim nyɛ duru, na bɛmfa nyansa, dɔ ne boasetɔ nyɛ dene gyidie he mu.

3 Saa ara nso ne mmerewafoɔ he nso, kasa kyerɛ bɛ sɛ bɛma buo nna adi bɛ abrabɔ mu, bennni nsekuro na bɛmma nsa nso mfa bɛ nommum; ɔsɛ sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ,

4 na bɛatete mmabaa ama bɛadɔ bɛ kununom ne bɛ mma,

5 na bɛadwene adwene pa, ahyɛ bɛ ho so, ayɔ bɛ fie nnwuma yie; benya ayamyɛ, ahoteɛ mu, na bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase mma bɛ kununom, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nnipa onya asɛmmɔne bi nka mfa Nyankopɔn asɛm he ho.

6 Saa ara ne tu mmeranteɛ nso fo sɛ, bɛnhyɛ bɛ ho so.

7 Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,

8 asɛmpa a ɔyɛ a bennya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛ anya he afɛre, efiri sɛ onni yɛ ho bɔne biaa ka.

9 Kasakyerɛ nkoa sɛ bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase ma bɛ wuranom na bɛasɔ bɛ wuranom ani adeɛ nyinaa mu; bennyiyi bɛ wuranom nsɛm ano,

10 bennwia adeɛ mfiri bɛ wuranom fotoɔ mu, na mmom benni nɔkorɛ turodoo ade nyinaa mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebeyi Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Agyenkwa he nkyerɛkyerɛ ayɛ.

11 Na Nyankopɔn adom a ɔde nkwagyeɛ ma nnipa nyinaa he ada adi,

12 na ɔkyerɛkyerɛ yɛ sɛ yɛmpo fi nnoɔma nyinaa ne wiase akɔnnɔ, na yɛmfa adwenemteɛ, ahoteɛ ne nyamesom pa mmɔ yɛ bra saa mmerɛ yi mu,

13 mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.

14 Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.

15 Pae mu ka saa nsɛm yi; kɔ so tu fo na ka anim sɛdeɛ bɛama wo tumi sɛ yɔ he. Mma biaa mmmu wo animtia.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan