Tito 1 - Apam FoforɔNkyea 1 Me, Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma bɛ a Nyankopɔn ayi bɛ gyidie ne nyamesom pa ho nɔkorɛ he nimdeɛ mu, 2 daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ— 3 na berɛ a ɔsɛ mu he, oyii n’asɛm adi, asɛnka a bɛnam yɛ Agyenkwa Nyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa he mu; 4 twerɛ krataa yi de kɔma Tito a ɔyɛ me ba kann gyidie korɔ heaa mu: Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛ Agyenkwa nka wo! Tito ya Kreta 5 Yei nti ne megyaa wo Kreta, sɛ wobɛtoto nnoɔma a ohia sɛ bɛyɔ nyinaa yie, na woayi kuro biaa mu asafo mpayimfoɔ sɛdeɛ me kyerɛɛ wo sɛ: 6 Yi nipa a ne ho nni asɛm biaa, na ɔyɛ yerɛ baako kunu, na ne mma yɛ agyidifoɔ a bɛmmɔ akohwibra, na bɛnnyɛ asoɔdene nso. 7 Na ɔsɛ sɛ asafo mu hwɛfoɔ yɛ bi a biaa onnya ne ho asɛm nka sɛ Nyankopɔn fie so hwɛsofoɔ. Ɔnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, bi a ne bo fu ntɛm, bi a ɔyɛ nsadweam, bi a ɔyɛ pupopupo anaa bi a ɔde adufudeɛ pɛ mfasoɔ; 8 na mmom ɔsɛ sɛ asafo hwɛfoɔ yɛ bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papayɔ, n’adwene mu da hɔ, ɔtene, ne ho te, na ɔwɔ ahohyɛsoɔ. 9 Ɔsɛ sɛ okura asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ a ne nyinasoɔ ne nkyerɛkyerɛ pa he mu yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ a odi mu atu fo na ɔde ayi bɛ a bɛkasa tia nɔkorɛ he atɛne nso. Kreta asafo mu agyegyefoɔ 10 Nnipa bebree nso ya hɔ a bɛte atua, bɛyɛ kasahunufoɔ na bɛyɛ nnaadaafoɔ, ne titire ne bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu he; 11 esiane sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea onni ho kwane sɛ bɛkyerɛkyerɛ, de ɔɔpɛ mfasoɔ hunu de ɔɔdane anuanom adwene ani afiri nɔkorɛ he ho nti, ɔsɛ sɛ wosi bɛ kwane na bɛankyerɛkyerɛ. 12 Ɔyɛ bɛaa bɛ nipa baako a ofiri bɛ mu, bɛ ankasa bɛ diyifoɔ, ne kaa sɛ, “Kretafoɔ yɛ atorɔfoɔ daa, nkekaboa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.” Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ 13 Saa adansedie yi yɛ nɔkorɛ. Ne saa nti yi bɛ atɛne dendene, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebekura nɔkorɛ gyidie he mu, 14 na bɛantie Yudafoɔ anansesɛm anaa bɛ a bɛpo nɔkorɛ he ahyɛdeɛ. 15 Nipa ɔtene he nnoɔma nyinaa ho te ma no, nso deɛ ɔntene na ɔnnye nni he deɛ, bibiaa ho nte mma no na mmom n’adwene ne n’ahonim nyinaa ho agu fi. 16 Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana