Romafoɔ 9 - Apam FoforɔYi a Nyankopɔn ayi Israel 1 Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ. 2 Medi awerɛhoɔ paa ne yeyaa m’akomam daa. 3 Nka mepɛ sɛ bɛde me ankasa yɛ abusudeɛ na beyi me firi Kristo mu, me mane mufoɔ a bɛyɛ me honam fam abusuafoɔ nti. 4 Bɛyɛ Israelfoɔ, na bɛ ne abayɛ, animuonyam, apam, ne mmara he som he, ɔne bɔhyɛ he nyinaa yɛ bɛ dea; 5 bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen. 6 Na ɔnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm he adi hwammɔ. Na ɔnyɛ bɛ a befiri Israel nyinaa ne bɛyɛ Israelfoɔ mapa, 7 na nyɛ Abraham mma nyinaa ne bɛyɛ n’asefoɔ mapa; nso bɛatwerɛ sɛ “Wasefoɔ firi Isak mu ne bɛba.” 8 Yei kyerɛ sɛ ɔnnyɛ honam fam mma ne yɛ Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma ne bebu bɛ sɛ n’asefoɔ ankasa. 9 Na sei ne bɔhyɛ he kaeɛ, “Berɛ sei mu mɛba, na Sara anya ba beema.” 10 Na ɔnyɛ yei nkoaa; saa berɛ a Rebeka nso nam ne kunu, yɛ nana Isak so nyinsɛneeɛ he, bibi siiɛ. 11 Berɛ a na bennya nwoo bɛ mmaa bɛmmɛyɔɔ papa anaa bɔne bibiaa mu mpo he (sɛnea ɔbɛyɛ a Nyankopɔn botaeɛ a ɔde yi bi berɛ a, 12 ɔmmfa nwumam so, na mmom ɔnam ne frɛ so he begyina nti) bɛka kyerɛɛ no (Rebeka) sɛ, “Panyini he bɛsom kumaa he.” 13 Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Medɔɔ Yakob, nso metanee Esau.” 14 Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka? Atɛntenenee nni Nyankopɔn fam? Daabi da! 15 Efiri sɛ ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mehu nea mehu no mmɔbɔ mmɔbɔ, na me yam bɛhyehye me ama nea meyam bɛhyehye no ama no.” 16 Ne saa nti onyina nipa pɛ anaa nhyɛ so, na mmom Nyankopɔn a ohu mmɔbɔ he so. 17 Na twerɛsɛm he ka kyerɛ Farao sɛ,” Maama wo so sɛ me botae a ɔkyerɛ me tumi he bɛda adi wɔ wo mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛbɛbɔ me dini asaase nyinaa so.” 18 Ne saa nti ohu biaa a waayi no mmɔbɔ, na opirim biaa ɔpɛ akoma. Nyankopɔn abufuo ne n’ahummɔborɔ 19 Hedeɛ wobebisa me sɛ, “Mmɛ nti ne ɔda so hu mfomsoɔ? Na hwane ne betumi asi Nyankopɔn pɛ kwane?” 20 Nso ampa wone hwane, o! Nipa dasani, sɛ wo ne Nyankopɔn yiyi nsɛm ano? Nti nea bɛanwono no he betumi aka akyerɛ nea ɔnwonoo no he sɛ, “Mmɛ nti ne woyɔɔ me sei?” 21 Nwonfoɔ nni tumi nɛteɛ so, sɛ ɔde nɛteɛ korɔ heaa bi bɛyɔ bibi a anidie yam na foforɔ so nea anidie nnim? 22 Na sɛ, Nyankopɔn pɛ sɛ ɔda n’abufuo adi na ɔma behu ne tumi, nso ɔde abodwokyɛre bebree kura abufuo adeɛ a ɔda hɔ ma ɔsɛe he mu a; 23 na sɛ ɔnam saa kwane he so da n’animuonyam ahonya adi ma mmɔborɔhunu adeɛ a wasiesie ato hɔ dadaada ma animuonyam a— 24 sɛ yɛ a ɔfrɛɛ yɛ yi nso yɛka ho a, na omfiri Yudafoɔ nkoaa mu na mmom Amanamane mufoɔ nso a, yɛbɛka sɛ? 25 Sɛnea Hosea mu nso ɔka sɛ, “Bɛ a na bɛnnyɛ me nkurofoɔ he mɛfrɛ bɛ ‘me nkurofoɔ,’ na nea ɔnnyɛ me dɔfo he mɛfrɛ no ‘medɔfo.’ ” 26 “Na baabi a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Honnyɛ me nkurofoɔ,’ he hɔaa nso ne bɛbɛfrɛ bɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he mma.” 27 Na Yesaia teaa Israel ho sɛ, “Ewom sɛ na Israel mma te sɛ mpoano anwea, nso bɛ a bɛbɛka kakraa bi ne bɛbɛgye bɛ nkwa; 28 efiri sɛ Awurade bedi n’asɛm asaase yi so awie atwa no tiaa.” 29 Na sɛnea Yesaia kaa too hɔ he, “Sɛ Nyankopɔn a ɔya soro annya nkaeɛfoɔ amma yɛ a, nka yɛ ase hyee sɛ Sodom ama yɛayɛ sɛ Gomora.” Paulo mpaeɛ a ɔbɔ ma Israel 30 Afei deɛ ɛɛne ne yɛbɛka? Amanamane mufoɔ, a bɛanhwehwɛ tenenee he, bɛ nsa aka, ɔne sɛ, tenenee a ofiri gyidie mu; 31 nso Israel a, bɛpere hwehwɛɛ tenenee a ogyina mmara so he, bɛ nsa anka. 32 Ɛɛne nti a? Efiri sɛ ɔnyɛ gyidie so ne bɛde hwehwɛeɛ, na mmom bɛnam nnwuma so, 33 sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ, meeto fapem bi Sion a ɔbɛto nnipa bebree sintidua, botane a ɔbɛma bɛahwe ase, na biaa a ɔbɛgye no adi biaa nsa onsi fam.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana