Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 8 - Apam Foforɔ


Honhom mu nkwa

1 Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,

2 efiri sɛ Honhom mu nkwa mmara he ama ho faahodie Kristo Yesu mu afiri bɔne ne wuo mmara he mu.

3 Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,

4 sɛnea ɔbɛyɛ a nnepa a mmara he hwehwɛ sɛ yɛyɔ he bɛba mu, ya yɛ a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnante Honhom fam he abrabɔ mu;

5 efiri sɛ bɛ a bɛbɔ bɛ bra sɛnea honam pɛ he de bɛ adwene si honam fam nnoɔma so, nso bɛ a bɛbɔ bɛ bra Honhom mu he de bɛ adwene si Honhom mu nnoɔma so.

6 Nea ɔde n’adwene si honam nnoɔma so he kɔ wuom, na nea ɔde n’adwene si honhom nnoɔma so he nya nkwa ne asomdwie.

7 Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,

8 na bɛ a bɛya honam mu he ntumi nsɔ Nyankopɔn ani.

9 Nso honni honam mu; hoya Honhom mu, esiane Nyankopɔn Honhom a ɔte ho mu nti. Biaa a onni Kristo Honhom he nyɛ Kristo dea.

10 Sɛ Kristo te ho mu a, ewom sɛ honam he awu deɛ, ɔnam bɔne nti, nso honhom he wɔ nkwa ɔnam tenenee nti.

11 Na afei sɛ nea ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu he Honhom te ho mu a, hedeɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he bɛma ho nnipadua a owu he nkwa ɔnam ne Honhom a ɔte ho mu he nti.

12 Nti, me nuanom, ɔnyɛ honam ne yɛde no ka na yɛatena ase sɛnea honam pɛ;

13 na sɛ hotena ase sɛnea honam pɛ a, hobewu; nso sɛ hode Honhom he ku honam he a, hobɛtena ase.

14 Na dodoɔ a Nyankopɔn Honhom kyerɛ bɛ kwane he, bɛ ne bɛyɛ Nyankopɔn mma;

15 Na sɛ hoannya akoayɛ honhom a ɔbɛma ho asane akɔ hu mu bio, na mmom hoanya abayɛ honhom. Nti yetumi team sɛ, “Abba! Agya!”

16 Na ɔyɛ saa Honhom he ankasa ne yɛ honhom ne di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma,

17 na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.


Daakye animuonyam

18 Menim sɛ yentumi mfa wiase yi mu amanehunu ntoto animuonyam a bɛde bɛhyɛ yɛ daakye wiase he mu he ho.

19 Na abɔdeɛ he de anigyina ɔɔtwɛne Nyankopɔn mma ahoyie dendenndene;

20 na bɛde abɔdeɛ he ahyɛ nnoɔma funu ase a ɔnyɛ ɔnoaa ne pɛ so, na mmom nea ɔde no hyɛɛ aseɛ he pɛ so, abɔdeɛ he anidasoɔ ne

21 sɛ ɔbɛde ne ho afiri nkyekyereɛ ne porɔeɛ a bɛde no ahyɛ aseɛ he mu na obenya ahofadie ya Nyankopɔn mma animuonyam he mu.

22 Yenim sɛ abɔdeɛ he nyinaa asi apinie awoko yeyaa mu de besi nnɛ;

23 na ɔnyɛ abɔdeɛ he nkoaa, na mmom yɛ nso a yɛanya aba a odi kane a ɔno ne Honhom he, yesi apinie yɛ mu dendenndene berɛ a yɛɛtwɛne sɛ bɛbɛgye yɛ ayɛ mma he, gyeɛ a bɛnam agyedeɛ so bɛgye yɛ afiri yɛ nnipadua mu he.

24 Na saa anidasoɔ yi mu ne bɛgyee yɛ nkwa. Na hwane ne hwɛ nea ne nsa aka kwane? Na sɛ nea yɛwɔ ho anidasoɔ he, yɛ nsa aka a, nka ɔnyɛ adeɛ sɛ yɛbɛkɔ so atwɛne sɛ ɔbɛba mu.

25 Nso sɛ yɛ ani da nea yɛ nsa nkaeɛ so a, yɛde ntoboaseɛ twɛne.

26 Saa ara nso ne Honhom he boa yɛ yɛ mmerɛyɛ mu; na yennim sɛnea ɔsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ a ɔsɛ, nso Honhom he ankasa si apini a mu dɔ kyɛne nsɛm de di ma yɛ.

27 Na Nyankopɔn a, ɔhwehwɛ akoma mu pefee he, nim Honhom he adwene, efiri sɛ Honhom he di ma ahoteefoɔ he sɛnea Nyankopɔn pɛ.

28 Yenim sɛ bɛ a bɛdɔ Nyankopɔn he, bɛ a ɔnam ne pɛ so afrɛ bɛ he, ɔfa adeɛ nyinaa so di boa bɛ ma no wie bɛ yie.

29 Na bɛ a ohuu bɛ sieeɛ he, oyii bɛ too hɔ sɛ bɛnsɛ ne Ba he, sɛnea ɔbɛyɛ a ne Ba he bɛyɛ abakane nnipa bebree mu.

30 Na bɛ a oyii bɛ sii hɔ he, ɔfrɛɛ bɛ nso; na bɛ a ɔfrɛɛ bɛ he, buu bɛ bem nso; na bɛ a obuu bɛ bem he, hyɛɛ bɛ animuonyam nso.


Nyankopɔn dɔ a ɔya Kristo Yesu mu

31 Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka afa yeinom ho? Sɛ Nyankopɔn ya yɛ afa a, hwane ne betumi ne yɛ adi asie?

32 Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?

33 Hwane ne bɛbɔ Nyankopɔn mma a waayi bɛ he kwaadu? Nyankopɔn ne nea obu bi bem.

34 Hwane ne ɔsɛ sɛ obu atɛne? Kristo Yesu ne nea obu atɛne, nea owuiɛ, na benyanee no, nea ɔte Nyankopɔn nsa nifa, nea odi ma yɛ nɔkorem he.

35 Hwane ne bɛte yɛ afiri Kristo dɔ ho? Ahokyerɛ mu oo, ateetee mu oo, taa mu oo, kɔm mu oo, adagyada mu oo, amaneɛ mu oo, wuo mu oo; bibiaa nni hɔ a obetumi ate yɛ afiri Kristo dɔ ho.

36 Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Wo nti beku yɛ daa; bebu yɛ sɛ dwane a bɛɛkɔ ku no.”

37 Nso, yeinom nyinaa mu he yɛnam nea ɔdɔ yɛ he so adi nkunim.

38 Na megye di sɛ mpo wuo, anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɔya hɔ saa mmerɛ yi, anaa nnoɔma a ɔbɛba, anaa ahoɔdene,

39 anaa nea ɔya soro, anaa nea ɔya bunum, asaase ase, anaa abɔdeɛ biaa, mpo betumi ntete yɛ mmfiri Nyankopɔn dɔ a ɔya yɛ Awurade Kristo Yesu mu he ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan