Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 7 - Apam Foforɔ


Awareɛ ho mfantoho

1 Anuanom, honnim sɛ, meekasa akyerɛ bɛ a benim mmara he, sɛ mmara he kyekyere bi berɛ a onii he te ase?

2 Nti baa warefoɔ hyɛ ne kunu mmara ase berɛ a ne kunu he te ase; nso sɛ okunu he wu a, ɔde ne ho firi ne kunu mmara he ase.

3 Saa ne ɔteɛ, sɛ baa warefoɔ ne beema foforɔ te a, na ne kunu he nwuiɛ a, bɛbɛfrɛ no dwammanmɔfoɔ. Nso sɛ ne kunu he wu a, baa he de ne ho firi saa mmara he ho; sɛ ɔware beema foforɔ a ɔnyɛ dwammanmɔfoɔ.

4 Annuanom, saa kwane he so ne honam Kristo nipadua so awu mmara he fam, saa nti, hohyɛ nipa foforɔ ase, nea benyanee no firi awufoɔ mu na ɔnam so ama yɛ aso aba ama Nyankopɔn.

5 Berɛ a na yɛte honam mu he, mmara he yɛnee yɛ bɔne akɔnnɔ he, na ɔyɔɔ adwuma yɛ nnipadua mu maa yɛsoo aba maa wuo.

6 Na afei deɛ, yɛade yɛ ho afiri mmara he mu, yɛawu afiri nea ɔfaa yɛ nommum he ase, na yɛnam Honhom he so ayɛ nkoa kwane foforɔ so, na ɔnyɛ kwane dadaa a ogyina atwerɛeɛ dadaa he so he.


Mmara he ne bɔne

7 Ne saa nti mmɛ ne yɛnka? Mmara he yɛ bɔne anaa? Daabi da! Nso, sɛ ɔnyɛ mmara he a, nka na menim bɔne. Sɛ mmara he anka sɛ, “Mma w’ani mmere adeɛ” a, nka na mennim nea bɛfrɛ no anibereɛ.

8 Nso bɔne, nyaa kwane, de anibereɛ nyinaa hyɛɛ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.

9 Na mekwatii mmara he tenaa ase berɛ bi, nso berɛ a mmaransɛm he baeɛ he, bɔne nyaneɛ

10 na mewuiɛ, na mmaransɛm korɔ he a ɔhyɛɛ nkwa ho bɔ he mmaa mehuu sɛ ɔyɛ wuo ma me.

11 Nso bɔne nam mmaransɛm he so nyaa akwannya, daadaa me na ɔnam so kuu me.

12 Nti mmara he yɛ kronkron, na mmaransɛm he yɛ kronkron, ɔtene na ɔyɛ papa nso.

13 Nti nea ɔyɛ papa he, adane wuo ama me anaa? Daabi da! Na mmom ɔyɛ bɔne a ɔnam nea ɔyɛ papa so de wuo di dwuma me mu, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛda adi sɛ bɔne yɛ bɔne, na ɔnam mmaransɛm he so ama bɔneyɔ aboroso.


Ahutaeɛ mu apereapereɛ

14 Na yenim sɛ mmara he yɛ honhom; nso meya honam mu a, bɛatɔno me ahyɛ bɔne nkoasom ase.

15 Mennte me ankasa me nneyɔeɛ ase, efiri sɛ mennyɔ nea mepɛ, nso meyɔ adeɛ pɔtee a metane.

16 Nti sɛ meyɔ adeɛ a mempɛ a, megye tom sɛ mmara he yɛ.

17 Nso afei ɔnnyɛ me ne meyɔ saa, na mmom bɔne a ɔte me mu he a.

18 Na menim sɛ bibi papa biaa nte me mu, mekyerɛ, me honam mu. Mewɔ pɛ pa sɛ mɛyɔ nea ɔyɛ, nso mentumi nyɔ,

19 efiri sɛ menyɔ papa a mepɛ he, nso bɔne a mempɛ he ne meyɔ.

20 Nti sɛ nea mempɛ ne meyɔ deɛ a, hedeɛ ɔnyɛ me ne me yɔ bio, na mmom bɔne a ɔte me mu he a.

21 Nti mehu sɛ ɔyɛ mmara sɛ berɛ a mepɛ sɛ meyɔ nea ɔyɛ he, bɔne bɛne me.

22 Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,

23 nso mehu mmara foforɔ me honam akwaa mu a ɔne m’adwene mmara di asie, ɔma meyɔ bɔne a ɔya me nipadua mu he akoa.

24 Me, mmɔborɔwa! Hwane ne bɛgye me afiri wuo nipadua yi mu?

25 Aseda mfa yɛ Awurade Yesu Kristo so nka Nyankopɔn! Nti afei, m’adwene mu he meyɛ akoa ma Nyankopɔn mmara, nso me honam mu he meyɛ bɔne akoa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan