Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 6 - Apam Foforɔ


Yesu mu ayɔnkofa ku bɔne

1 Afei ɛɛne ne yɛnka? Yɛnkɔ so nyɔ bɔne sɛnea ɔbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa?

2 Daabi da, ɔnsɛ sɛ yɛyɔ saa koraa! Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ yɛ a yɛawu ama bɔne kɔ so tena bɔne mu?

3 Anaa honnim sɛ yɛ mu dodoɔ a bɛbɔɔ yɛ asu Kristo Yesu mu he, bɛbɔɔ yɛ asu kɔɔ ne wuom?

4 Nti besiee yɛ ne no ya asubɔ mu kɔɔ wuom, sɛ, sɛnea bɛde Agya he animuonyam nyanee Kristo firii awufoɔ mu he, saa ne ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛnante nkwa foforɔ mu.

5 Nti sɛ yɛ ne no ayɛ baako ne wuo a ɔte sei mu a, yɛ ne no nso bɛyɛ baako ya wusɔreɛ a ɔte sɛ ne deɛ he mu.

6 Yenim sɛ bɛabɔ yɛ nipadua dada ne no asennua mu sɛnea ɔbɛyɛ a bɔne nipadua he bɛsɛe, na yɛankɔ so anyɔ bɔne nkoa.

7 Na nea wawu he ade ne ho afiri bɔne ho.

8 Nso sɛ yɛ ne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛ ne no bɛtena ase nso.

9 Yenim sɛ Kristo a bɛanyane no afiri awufuom he, onwu bio; efiri sɛ wuo ntumi mfa no nommum bio.

10 Wuo a owuiɛ he, owuu prɛko maa bɔne, maa nnipa nyinaa; nso ase a ɔte he, ɔte ma Nyankopɔn.

11 Nti ho nso ho mu ho ho sɛ hoawu ama bɔne ampa na hote ase ma Nyankopɔn, Kristo mu.

12 Nti, hommma bɔne mmfa ho nipadua a obewu yi nommum, sɛ hobɛyɛ setie ama honam akɔnnɔ.

13 Hommfa ho nipadua mma bɔne sɛ akodeɛ amumuyɔ kwane so, na mmom homfa ho ho ma Nyankopɔn sɛ bɛ a bɛagye bɛ afiri wuom aba nkwa mu, na homfa ho ho ma sɛ tenenee akodeɛ.

14 Na bɔne amfa ho nommum bio, efiri sɛ honni mmara ase, na mmom hoya adom ase.


Bɔne nkoa

15 Afei mmɛ bio? Yɛnyɔ bɔne efiri sɛ yenni mmara ase na mmom adom ase anaa? Daabi da!

16 Honnim sɛ nea hode ho ho ma no na hotie no sɛ nkoa he, hoyɛ ne nkoa, sɛ bɔne a ɔkɔ wuom, anaa setie a ɔkɔ tenenee mu?

17 Nso yɛda Nyankopɔn ase sɛ, hoayɛ bɔne nkoa da, na hofiri akomam abɛyɛ setie ama nkyerɛkyerɛ a bɛde hyɛɛ ho nsa,

18 na afei, berɛ a bɛagye ho afiri bɔne mu he, hoabɛyɛ tenenee nkoa.

19 Meeka no nipafam esiane ho honam mmerɛeɛ nti. Sɛnea hode ho honam akwaa maa fi nkoa na hoyɔɔ amumuyɔ toaa amumuyɔ so he, nti saa mmerɛ yi deɛ homfa ho ho ma sɛ tenenee nkoa nkɔ ahoteɛ mu.

20 Berɛ a hoyɛ bɔne nkoa he, na hode ho ho tenenee ho.

21 Nti mmɛ mfasoɔ ne honyaa no nnoɔma a afei deɛ ho fɛre ho he mu? Saa nnoɔma he awieeɛ ne wuo.

22 Nso afei a hoade ho ho afiri bɔne ho yi, ho abɛyɛ Nyankopɔn nkoa, mfasoɔ a honya ne ahoteɛ. N’awieeɛ ne daa nkwa.

23 Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan