Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 5 - Apam Foforɔ


Bembuo so aba

1 Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,

2 ɔno so ne yɛnam anya saa adom a yegyina so yi; na yɛhoahoa yɛ ho anidasoɔ a yɛ wɔ no Nyankopɔn animuonyam mu.

3 Na ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛhoahoa yɛ ho ya yɛ amanehunu mu, yenim sɛ amanehunu de yɔkoduru ba,

4 na yɔkoduru de subane pa ba, na subane pa de anidasoɔ ba,

5 na anidasoɔ nni hwammɔ, efiri sɛ bɛnam Honhom Kronkron a bɛde ama yɛ he so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛ akoma mu.

6 Na berɛ a yɛda so yɛ mmerɛ he, berɛ a ɔsɛ mu he Kristo wu maa nnebɔnyɛfoɔ.

7 Nɔkwasɛm ne sɛ, ɔbɛyɛ dene sɛ bi bewu ama deɛ ɔyɛ nipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ nipa pa he deɛ, ebia nka bi besi ne bo sɛ obewu ama no.

8 Nso Nyankopɔn daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ sɛ yɛda so yɛ nnebɔnyɛfoɔ he, Kristo wu maa yɛ.

9 Nea ɔka ho koraa ne sɛ, seesei bɛde ne mogyaa abu yɛ bem, bɛnam ne so bɛgye yɛ afiri Nyankopɔn abufuo mu.

10 Na sɛ berɛ a yɛyɛ Nyankopɔn atamfoɔ he, bɛnam ne Ba he wuo so apata yɛ ne Nyankopɔn ntam a, ɔbɛyɛ dɛ ne bɛmfa ne nkwa so nnye yɛ.

11 Nso ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so hoahoa yɛ ho Nyankopɔn mu, seesei deɛ, yɛnam ne so anya mpata yi.


Adam ne Kristo

12 Saa nti ɔnam nipa baako so ne bɔne baa wiase, na wuo nam bɔne so baeɛ, maa wuo trɛ kaa nnipa nyinaa, efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne;

13 ansa na mmara he ɔɔba he na bɔne ya wiase, nso sɛ mmara nni hɔ a bemmu biaa fɔ bɔne ho.

14 Nso wuo faa nnipa nnommum firi Adam so kosii Mose so, mpo bɛ a bɛ bɔne nte sɛ Adam mmarato he, saa Adam yi yɛ nea na ɔɔba he ho nsɛso.

15 Na ɔnyɛ sɛdeɛ mmarato he teɛ ne adom akyɛdeɛ he nso teɛ, efiri sɛ baakofoɔ mmarato nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn Adom ne nipa baako a ɔno ne Yesu Kristo he mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.

16 Na akyɛdeɛ a bɛde kyɛ kwa he nte sɛ nipa baako bɔne ho nsɛso he. Na atemmuo a ɔnam mmarato baako so he de afobuo baeɛ, nso akyɛdeɛ a bɛde kyɛ kwa he, a odi mmarato bebree akyi he de bembuo ba.

17 Sɛ ɔnam baakofoɔ mmarato so maa wuo faa nnipa nnommum saa kwane yi so a, mprɛ meɛhe ne bɛ a benyaa adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɔboro so he mmom ɔmmfa nipa baako, Yesu Kristo, so nya daa nkwa.

18 Nti sɛnea nipa baako mmarato de bebree kɔɔ afobuo mu he, saa ne ɔnam baakofoɔ tenenee so de bembuo ne nkwa bɛma nnipa nyinaa.

19 Sɛnea ɔnam baakofoɔ asoɔdene so maa nnipa bebree yɛɛ nnebɔnyɛfoɔ he, saa ara ne nipa baako setie bɛma nnipa bebree ayɛ ahoteefoɔ.

20 Nso mmara he baa sɛ mmarato bɛdɔɔso; nso sɛ bɔne dɔɔso a, adom broo so kyɛne saa.

21 Na sɛnea bɔne dii hene wuo mu he, adom so nam tenenee so adi hene afa yɛ Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan