Romafoɔ 3 - Apam Foforɔ1 Afei, mmɛ ne Yudani wɔ boro so? Anaa mmɛ mfasoɔ ne ya twetiatwa so? 2 Ɔdɔɔso kwane hodoɔ bebree so, efiri sɛ nea odi kane he, Yudafoɔ he ne bɛde Nyankopɔn nsɛm hyɛɛ bɛ nsa. 3 Na sɛ bɛ mu binom annye anni ɛ? Nti bɛgye a bɛannye anni he bɛsesa Nyankopɔn nɔkorɛdie he anaa? 4 Daabi da! Ewom sɛ nnipa biaa nni nɔkorɛ, ma Nyankopɔn nyɛ nɔkwafoɔ, sɛnea bɛatwerɛ sɛ: “Sɛnea wobedi bem wo nsɛm mu. Na woadi nkunim w’atemmuo mu.” 5 Nti sɛ tene a yɛntene da Nyankopɔn tenenee adi a, mmɛ ne yɛbɛka? Nti Nyankopɔn ntene sɛ obehwie n’abufuo agu yɛ so? (Meka no nipa fam.) 6 Daabi da! Saa deɛ a mmɛ kwane ne Nyankopɔn bɛfa so abu wiase atɛne? 7 Nso sɛ tene a mentene ma Nyankopɔn nɔkorɛdie bu so ma n’animuonyam da adi a, mmɛ nti ne bɛda so bu me sɛ debɔneyɛni? 8 Na ɛɛne nti ne yɛnka sɛ (sɛnea binom ka to yɛ so sɛ, yɛ dɛ), “Homma yɛnyɔ nnebɔne na nnepa aba?” Bɛ afobuo fata bɛ! Nipa biaa ntene Nyankopɔn anim 9 Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase, 10 sɛnea bɛatwerɛ sɛ: “Biaa nni hɔ a ɔtene, baako mpo nni hɔ; 11 Biaa nni nteaseɛ, biaa nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn. 12 Biaa amane afiri kwanpa he so, bɛ nyinaa mfasoɔ nni bɛ so; biaa nni hɔ a ɔda ayamyɛ adi, biaa nni hɔ, baako mpo nni hɔ.” 13 “Bɛ mene mu yɛ awufoɔ adakamena a ano abie; bɛde bɛ kɛtrɛma di torɔ.” “Nankatia borɔ ya bɛ ano.” 14 “Duabɔ ne adenwono ahyɛ bɛ anum ma.” 15 “Bɛ nane ɔhare mogyahwieguo ho; 16 sɛeɛ ne awerɛhoɔ ya bɛ kwane so, 17 na asomdwie kwane deɛ, bennim.” 18 “Nyamesuro nni bɛ ani so.” 19 Afei yenim sɛ, nea mmara he ka biaa, ɔkasa kyerɛ bɛ a bɛya mmara he ase, sɛnea ɔbɛyɛ a ano biaa bɛka atom, na wiase nyinaa abu nkonta akyerɛ Nyankopɔn, 20 efiri sɛ nipa biaa nni hɔ a obedi bem Nyankopɔn anim, sɛnea mmara he nnwuma teɛ, efiri sɛ yɛnam mmara he so ne yenya bɔne ho nimdeɛ. Tenenee a ɔnam gyidie so ba 21 Na afei, bɛakwati mmara he ayi Nyankopɔn tenenee adi, na mmara he ne adiyifoɔ he di ho adanseɛ, 22 Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim, 23 efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne na yɛtɔ sini Nyankopɔn animuonyam ho; 24 na afei ɔyɛ akyɛdeɛ kwa sɛ Nyankopɔn nam n’adom ne gyeɛ a ɔya Kristo Yesu mu he so abu nnipa bem. 25 Kristo ne Nyankopɔn de no asi hɔ sɛ ne mogyaa he nyɛ mpatadeɛ a nipa nam gyidie so ne nya mu kyɛfa; na Nyankopɔn de ayi ne tenenee adi sɛ nnebɔne a bɛyɔɔ no kane he, ɔnam ne boasetɔ so abu n’ani agu so; 26 sɛnea ɔbɛyɔ a ɔbɛda n’ankasa ne tenenee adi saa berɛ yi mu, na berɛ a obu nipa a ɔwɔ Yesu mu gyidie bem he, ada adi sɛ ɔyɛ teneneeni mapa. 27 Afei mmɛ ne ahohoahoa yi? Wɔayi afiri hɔ. Mmɛ nhyehyɛeɛ so na ɔnam? Mmara nnwuma so? Daabi, na mmom ɔnam gyidie nhyehyɛeɛ so. 28 Na yesi no pi sɛ ɔnam gyidie so ne bebu bi bem, na mmom omfiri mmara nnwuma mu. 29 Anaa Nyankopɔn yɛ Yudafoɔ nkoaa bɛ Nyankopɔn? Ɔnnyɛ Amanamane mufoɔ nso Nyankopɔn anaa? Ampa, ɔyɛ Amanamane mufoɔ nso Nyankopɔn, 30 efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ baako; na ɔnam gyidie korɔ he a so ne bebu twetiatwafoɔ ne bɛ a bentwaa bɛ twetia bem. 31 Ɔsɛ sɛ yɛde saa gyidie he tu mmara he gu anaa? Daabi da! Na mmom, yɛma mmara he ase tim. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana