Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 2 - Apam Foforɔ


Nyankopɔn atemmuo a ɔtene

1 Ne saa nti, adasamma nni anoyie biaa, sɛnea woteeɛ biaa, woobu bi atɛne he, na woobu woaa wo ho atɛne, efiri sɛ wo a woyɛ temmufoɔ he, woyɔ ade korɔ heaa.

2 Hoka sɛ, “Yenim sɛ Nyankopɔn atemmuo a ɔba bɛ a bɛyɔ saa he so he tene.”

3 Nti, wo nipa, wosusu sɛ, sɛnea woteeɛ biaa, sɛ wobu bɛ a bɛyɔ saa he atɛne na wo nso woyɔ saa bi a, wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo anaa?

4 Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?

5 Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;

6 efiri sɛ obetua biaa ka sɛnea biaa nnwuma teɛ:

7 bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;

8 nso bɛ a bedi ntuturasɛm; na bɛpo nɔkorɛ na bɛfa kwane a ɔntene so he, bebenya abufuo ne asotwe.

9 Na ahohiahia ne ahokyerɛ bɛba biaa a ɔyɔ bɔne so, Yudani kane, na afei Helani nso,

10 nso animuonyam ne anidie ne asomdwie bɛba biaa a ɔyɔ papa so, Yudani kane, na afei Helani nso,

11 efiri sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu.

12 Dodoɔ a benni mmara na bɛyɔɔ bɔne he, bɛbɛkwati mmara he nso ayera, na bɛ a bɛya mmara ase na bɛyɔɔ bɔne nyinaa bɛde mmara he bebu bɛ atɛne.

13 Na ɔnyɛ bɛ a betie mmara he ne bɛyɛ ateneneefoɔ Nyankopɔn ani so, na mmom bɛ a bɛyɛ mmara he yɔfoɔ nkoaa ne benya bembuo.

14 Sɛ Amanamane mufoɔ a benni mmara he, de bɛ awosuo yɔ deɛ mmara he hyɛ sɛ bɛnyɔ a, hedeɛ, ewom sɛ benni mmara he deɛ, nso nea bɛyɔ he yɛ mmara ma bɛ ankasa.

15 Bɛda no adi sɛ deɛ mmara he hyɛ sɛ bɛnyɔ he bɛatwerɛ no bɛ akomam, sɛnea bɛ ahonim nso di ho adanseɛ; na bɛ nsusuiɛ a ayɛ ntanta bɛtoto bɛ ano anaa obetwitwa agye bɛ

16 da a Nyankopɔn a ɔnam Yesu Kristo so, bebu nnipa nyinaa kokoam nsusuiɛ atɛne sɛnea asɛmpa a maka he teɛ.


Yudafoɔ ne mmara he

17 Nso sɛ wofrɛ wo ho Yudani, na wode wo ho to mmara he so, na wohoahoa wo ho Nyankopɔn mu,

18 na wonim n’apɛdeɛ na wokyerɛ nea ɔyɛ, efiri sɛ bɛatete wo mmara he mu,

19 na wogye di sɛ wokyerɛ anifirafoɔ kwane, woyɛ hann ma bɛ a bɛnam sum mu,

20 wotene nkwaseafoɔ, woyɛ mmɔfra bɛ kyerɛkyerɛfoɔ, wowɔ mmara he a nimdeɛ ne nɔkorɛ ahyɛ no ma;

21 wo a afei deɛ, wokyerɛkyerɛ afoforɔ, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a wokasa tia korɔnobɔ he, wommɔ korɔno?

22 Wo a wokasa tia adwammammɔ he, wommɔ adwamane?

23 Wo a wohoahoa wo ho mmara he mu, wommu mmara he so mfa mmu Nyankopɔn animtia?

24 Saa nti ne bɛatwerɛ sɛ, “Wo nti bɛaka Nyankopɔn dini ho abususɛm Amanamane mu.”

25 Na mmom sɛ wodi mmara he so a twetiatwa ho hia; nso sɛ wobu mmara he so a wo twetiatwa he dane bɛyɛ te sɛnea wontwaa twetia.

26 Nti sɛ bɛ a bentwaa twetia he di mmara he so a, twetia a bentwaeɛ he nti bemmu bɛ sɛ bɛ a bɛatwa bɛ twetia anaa?

27 Nti bɛ a honam fam bentwaa bɛ twetia na nso bedi mmara he so he bebu ho a bɛatwerɛ mmara he amma ho, na bɛatwa ho twetia nso hoto mmara he fɔ.

28 Ɔnyɛ honam fam nnoɔma ne ma bi yɛ Yudani, saa ara nso ne twetiatwa kann nso nna adi anisoɔ ne honam fam nnoɔma mu.

29 na mmom, sɛ bi yɛ Yudani mapa a, ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ankasa yɛ akoma mu asɛm; ɔyɛ honhom mu adeɛ, na mmom ɔnyɛ honam mu adeɛ. Nea ɔyɛ Yudani mapa he, n’ayeyie firi Nyankopɔn hɔ, na mmom ommfiri nnipa hɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan