Romafoɔ 16 - Apam FoforɔNkyea 1 Afei medi yɛ nuabaa Foibe, somfoɔ a ɔya Kenkrea asafo mu ho adanse-pa kyerɛ ho, 2 sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛgye no Awurade mu sɛ anidie a ɔfata ahoteefoɔ, na hommoa no nea obebisa ho nyinaa ho, efiri sɛ waboa nnipa bebree a meaa nso meka ho bi. 3 Honkyea Priska ne Akwila, bɛ a bɛ ne meyɔ adwuma Kristo Yesu mu, 4 na bekuu bɛ ho maa me, me nkwa ho, na meda bɛ ase, ɔnyɛ bɛ nkoa na mmom Amanamane mufoɔ asafo he nyinaa nso ka ho bi. 5 Honkyea asafo a ɔya bɛ fie he nso. Honkyea me dɔfo Epaineto, a ɔyɛ Kristo mu abakane ya Asia he. 6 Honkyea Maria a, wayɔ adwuma dene paa ho mu he. 7 Honkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ a na bɛka me ho afiase; bɛ a bedi mu asomafoɔ he mu, na bɛya Kristo mu ansa na meeba. 8 Honkyea Amplia a ɔyɛ me dɔfo Awurade mu. 9 Honkyea Urbano a ɔyɛ me yɔnko Kristo mu dwumayɔni, ne me dɔfoɔ Staki. 10 Honkyea Apele, a ɔsɔ ani Kristo mu. Honkyea bɛ a befiri Aristobulo abusua mu. 11 Honkyea me busuani Herodion. Honkyea Narkiso abusuafoɔ a bɛya Awurade mu. 12 Honkyea adwumayɔfoɔ a bɛya Awurade mu, Trifaina ne Trifosa. Honkyea dɔfoɔ Persi a wayɔ adwuma dene Awurade mu. 13 Honkyea Rufo a, bɛayi no Awurade mu; na honkyea ne maame—a ɔyɛ me nso me maame. 14 Honkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom a bɛka bɛ ho. 15 Honkyea Filologo, Yulia, Nereo ɔne ne nuabaa, ne Olimpa, ne ahoteefoɔ a bɛ ne bɛya hɔ he. 16 Honkyeakyea ho ho dɔ kwane so. Kristo asafo he nyinaa kyea ho. Nkyerɛkyerɛ a otwa toɔ 17 Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho, 18 efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma. 19 Nti ɔma m’ani gye ho ho, mepɛ sɛ honya nnepa ho nyansa, na honte ho ho mfiri bɔne ho koraa. 20 Asomdwie Nyankopɔn he bɛpɛkyɛ Satan ho nane ase ntɛm. Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho ho. 21 Timoteo, me yɔnko dwumayɔni, ne Lukio ne Yason ne Sosipatro a bɛyɛ m’abusuafoɔ kyea ho. 22 Me Tertio a meetwerɛ Paulo ano asɛm yi, me nso mekyea ho Awurade mu. 23 Gaio a ɔyɛ me ne asafo he nyinaa fiewura nso kyea ho. Erasto, kurom ha sikakorafoɔ, ne yɛ nua beema Kwarto nso kyea ho. 24 [Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho nyinaa. Amen.] Nhyirasɛm a otwa toɔ 25 Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete 26 nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu— 27 Nyankopɔn a ɔno ne nyansafoɔ korɔ he, animuonyam mfa Yesu Kristo so, nka no daa! Amen. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana