Romafoɔ 15 - Apam FoforɔSɔ afoforɔ anni, ɔnyɛ wo ankasa 1 Afei yɛ a yɛ ho ɔdene he ɔsɛ sɛ yɛboa bɛ a bɛyɛ mmerɛ he, na yɛansɔ yɛ ankasa yɛ ani. 2 Ɔsɛ sɛ yemmu biaa sɔ ne yɔnko ani a ne botae ne sɛ yɛbɛboa yɛ yɔnko ama no anyini honhom mu; 3 efiri sɛ Kristo ammɛsɔ ɔnoaa ankasa ani; na mmom, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Atɛm a bedii wo he abegu me so.” 4 Efiri sɛ nea bɛtwerɛɛ no kane nna he mu he bɛtwerɛɛ sɛ ɔnyɛ nkyerɛkyerɛ mma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnam twerɛsɛm he so bɛma yɛ boasetɔ ne awerekyekyerɛ ama yɛaya anidasoɔ. 5 Boasetɔ ne awerekyekyerɛ Nyankopɔn he mma ho ntena asomdwie mu, sɛnea ɔfata Kristo Yesu, 6 na hode anokorɔ ahyɛ Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo agya he animuonyam. Asɛmpa a ɔyɛ Yudafoɔ ne Amanamane mufoɔ nyinaa deɛ 7 Nti, honnye biaa mma ɔnhyɛ Nyankopɔn animuonyam, sɛnea Kristo nso agye ho he. 8 Na meeka kyerɛ ho sɛ Kristo gyina Nyankopɔn nɔkorɛ so ayɛ akoa ama twetiatwafoɔ sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛhyɛ bɔhyɛ a bɛde maa nananom he dene, 9 na wɔama Amanamane mufoɔ ahyɛ Nyankopɔn animuonyam ne mmɔborɔhunu nti. Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nti mɛbɔ wo dini Amanamane mufoɔ mu, na mato wo dini ho ayeyie nnwomu”; 10 na bio so ɔdɛ, “Amanamane mufoɔ, ho ne ne nkurofoɔ mma ho ani nye”; 11 na bio, “Amanamane mufoɔ nyinaa, ho nyi Awurade ayɛ, na homma nnipa nyinaa nyi n’ayɛ”; 12 na afei nso Yesaia kaa sɛ, “Yisai aseni bi bɛba, nea ɔbɛsɔre adi hene Amanamane mufoɔ so; ne mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.” 13 Anidasoɔ Nyankopɔn ankasa nhyɛ ho ma anigyeɛ ne asomdwie nyinaa mu gye a hoogye adi ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛboro so anidasoɔ nyinaa mu Honhom Kronkron tumi mu. Deɛ nti a Paulo de akokoɔduro ɔɔtwerɛ 14 Me ankasa mewɔ awerɛhyɛmu ma ho, me nuanom, ho ankasa hoayɛ ma nnepa a ɔyɛ nyinaa mu, nimdeɛ nyinaa ahyɛ ho ma, na hotumi kyerɛkyerɛ ho ho. 15 Nso ne nyinaa mu he, deɛ ntia meetwerɛ ho penpen ya nsɛm yi bi ho, te sɛ deɛ mede ɔɔkae ho bio he ne adom a Nyankopɔn de adom me 16 sɛ mɛnyɛ Kristo somfoɔ mma Amanamane mufoɔ sɛ Nyankopɔn asɛmpa he ho asɔfodwuma, na Amanamane mufoɔ afɔrebɔ ayɛ nea Honhom Kronkron ate ho a ɔsɔ ani. 17 Kristo Yesu mu deɛ, metumi hoahoa me ho Nyankopɔn adwuma a meyɔ ho. 18 Nti menhyɛ me ho nka asɛm biaa gye nea Kristo nam me so ayɔ ama Amanamane mufoɔ setie ya asɛm ne adwuma mu 19 tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko. 20 Nti mede ayɛ me botae sɛ mɛka asɛmpa he, nyɛ baabi a bɛabɔ Kristo dini dada, na manto bi fapem so, 21 na mmom sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Bɛ a bɛnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ bɛ he behu, na bɛ a bɛntee ne ho asɛm he bɛte aseɛ.” Paulo pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ Roma 22 Yei nti ne bɛasi kwane a mantumi amma ho nkyɛne. 23 Nso seesei deɛ, baabiaa nni hɔ a aka ma me a mɛkɔ mpɔtamu ha, ɔyɛ mepɛ, sɛnea mayɔ sɛ mfie bebree di, mɛba ho nkyɛne. 24 Da biaa a metu kwane akɔ Spania he, m’ani da so sɛ, mɛfa hɔ a, mehu ho anim, na sɛ megye m’ani kakra ho nkyɛne a, hoagya me kwane akɔ hɔ. 25 Nso saa berɛ yi deɛ, meekɔ Yerusalem akɔsom ahoteefoɔ he; 26 na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ. 27 Ɔsɔɔ bɛ ani sɛ bɛbɛyɔ saa, nɔkorɛ mu ɔfata; efiri sɛ, sɛ ɔnam bɛ so ama Amanamane mufoɔ he anya honhom fam nhyira a, otwa sɛ bɛ (Amanamane mufoɔ) nso bɛma bɛ (Yudafoɔ) honam fam nnoɔma de som bɛ bi. 28 Nti, sɛ mewie saa adeɛ yi a, na mede nea bɛagyegye he ma bɛ a, mɛfa ho nkyɛne akɔ Spania; 29 na menim sɛ, sɛ meba ho nkyɛne a, mede Kristo mu nhyira a ɔboro so bɛbra ho. 30 Nso anuanom, megyina yɛ Awurade Yesu Kristo ne Honhom he dɔ so, srɛ ho sɛ hommoa me, na homfa mpaebɔ nsrɛ Nyankopɔn aniberɛ so mma me, 31 sɛ bɛbɛgye me afiri Yudeafoɔ a bɛnnye asɛmpa he nni he nsam, na me som a mɛsom Yerusalem he asɔ ahoteefoɔ he ani, 32 sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnam Nyankopɔn pɛ so mede anigyeɛ bɛba ho nkyɛne na me ho adwo me ho nkyɛne. 33 Asomdwie Nyankopɔn he ne ho nyinaa ntena. Amen. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana