Romafoɔ 14 - Apam FoforɔHommmu biaa atɛne 1 Honnye nea ne gyidie ɔmmerɛ he na hommmu atɛne ya adwene nnaayɛ ho. 2 Binom gye di sɛ bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nnoɔma nyinaa, na nea ɔmmerɛ he deɛ odi nhahama nkoaa. 3 Ɔnsɛ sɛ bɛ a bedi nnoɔma nyinaa he bebu bɛ a benni nnoɔma bi he animtia, na bɛ a benni nnoɔma bi he nso, ɔnsɛ sɛ bebu bɛ a bedi he atɛne; efiri sɛ Nyankopɔn agye saa nipa he. 4 Wo ne hwane sɛ wobebu bi akoa atɛne? Ɔyɛ bɛ wura he ankasa ne bɛkyerɛ sɛ nea bɛayɔ he yɛ anaa ɔnyɛ; efiri sɛ nɔkorem he Awurade betumi ama bɛagyina 5 Binom bu atɛne sɛ da bi di mu kyɛne bi, binom nso bu nna nyinaa pɛ. Homma biaa nte ne ho ase sɛnea n’adwene kyerɛ no. 6 Bɛ a bebu da bi he, bɛde hyɛ Awurade animuonyam. Na bɛ a bedi he nso, bedi hyɛ Awurade animuonyam, esiane sɛ bɛda Nyankopɔn ase; bɛ a benni he nso, di a benni he bɛde hyɛ Awurade animuonyam, na bɛda Nyankopɔn ase. 7 Na yɛnnte ase mma yɛ ho, saa so ne yenwu mma yɛ ho. 8 Sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade, na sɛ yewu nso a, yewu ma Awurade; nti, sɛ yɛte ase oo, anaa sɛ yewu oo, yɛyɛ Awurade dea. 9 Na yei nti Kristo wuiɛ na ɔte ase bio, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ nyinaa bɛ Awurade. 10 Mmɛ nti ne wobu wo ankasa wo nua atɛne? Anaa wo, ɛɛne nti ne wobu wo nua animtia? 11 Na bɛatwerɛ sɛ, “Awurade dɛ, sɛ mete ase yi, kotodwe nyinaa bɛkoto me, na kɛtrɛma nyinaa beyi Nyankopɔn ayɛ.” 12 Ne saa nti, yemu biaa bebu n’ankasa akonta akyerɛ Nyankopɔn. Honto biaa sintidua 13 Afei hommma yemmu biaa atɛne, nso homma yɛnyɔ yɛadwene sɛ yɛmmfa akwansideɛ nto biaa kwane mu, saa ara nso ne yɛnnto biaa sintidua. 14 Menim na megye di Awurade Yesu mu sɛ bibi biaa nni hɔ a honnte ankasa; nso honnte mma nea ɔdwene sɛ honnte. 15 Sɛ aduane a wodi sɛe wo nua ahonim a, hedeɛ na ɔnyɛ dɔ mu ne woonante he. Mma aduane a wodi he nto bi a Kristo wu maa no he sintidua. 16 Nti hommma bɛmmu ho papayɔ sɛ ɔyɛ bɔne; 17 efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he mfa adidie ne nom ho, na mmom ne nyinasoɔ ne tenenee ne asomdwie ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ. 18 Na nea ɔsom Kristo saa kwane so he ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani na nnipa gye no tom. 19 Nti homma yenni asomdwie ɔne nnoɔma a ɔma nkɔsoɔ akyi. 20 Aduane nti, honnsɛe Nyankopɔn adwuma. Adeɛ nyinaa ho te deɛ, nso ɔnnyɛ sɛ aduane a wodi nti woma bi hwe ase; 21 ɔyɛ sɛ wonnwe nam anaa wonnom nsa anaa sɛ wonnyɔ bibi a ɔbɛto wo nua sintidua. 22 Gyidie a wowɔ he, ma ɔnyɛ sɛnea w’ahonim teɛ Nyankopɔn anim. Nhyira ne nea a ɔmma nea wasi ho gyinaeɛ he mmu ne fɔ. 23 Nso bɛ a bɛ adwene nsi bɛ pi he sɛ bedi a bedi fɔ, efiri sɛ bɛannyɔ no gyidie mu, na bibiaa a omfiri gyidie mu biaa yɛ bɔne. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana