Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 13 - Apam Foforɔ


Hommrɛ ho ho ase ma tumidie

1 Homma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ bɛ ho ase nhyɛ mane mpanyimfoɔ tumi he ase; efiri sɛ Nyankopɔn ne ma nnipa tumi ma ɔde di dwuma, na Nyankopɔn ne de saa tumidie he sii hɔ.

2 Saa nti biaa a ɔte atua tumidie biaa so he te nea Nyankopɔn de no asi hɔ he so atua, na bɛ a bɛyɔ saa he bɛkɔ afobuo mu.

3 Efiri sɛ bɛ a bedi mpanyinnie he ho nyɛ hu mma bɛ a bɛbɔ bra pa, na mmom bɛho ohu ma bɛ a bɛyɔ bɔne. Sɛ wompɛ sɛ wosuro tumfoɔ he a, hedeɛ yɔ nea ɔyɛ papa, na wobenya n’anim adom;

4 efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn somfoɔ ma wo yiedie. Nso sɛ woyɔ bɔne a, ɔsɛ sɛ wosuro no, efiri sɛ tumidie he nni hɔ kwa, na mmom atumfoɔ he yɛ Nyankopɔn asomfoɔ a bɛtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne he so.

5 Ne saa nti ɔsɛ sɛ nipa brɛ ne ho ase, nyɛ abufuo nkoaa nti na mmom suro a osuro atumfoɔ he ɔnoaa n’ahonim nti.

6 Yei nti ne ɔsɛ sɛ wo tua toɔ nso, efiri sɛ atumfoɔ yi yɛ Nyankopɔn asomfoɔ, na mane he som ti ne bɛya hɔ.

7 Homfa nea ɔsɛ sɛ hode ma biaa ma no, hontua toɔ ma bɛ a ɔsɛ sɛ hotua toɔ ma bɛ, homfa akatua ma bɛ a akatua sɛ bɛ, hommu nea ɔfata buo, homfa anidie ma nea anidie sɛ no.


Honnodɔ ho ho ho ho

8 Honnne biaa ka, gye sɛ dɔ a hode bɛdodɔ ho ho; na nea ɔdɔ foforɔ he awie mmara he so di,

9 efiri sɛ mmaransɛm a ɔka sɛ, “Mmɔ adwamane; Nni awu; Mmɔ korɔno; Mma w’ani mmere” ne mmaransɛm foforɔ biaa, bɛde ne nyinaa abom asɛm baako yi mu, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

10 Deɛ ɔdɔ ne yɔnko nyɔ no bɔne; nti dɔ ne ma mmara he nyinaa ba mu.


Adesrɛ a ohia

11 Yeinom nyinaa akyi he, honim sɛnea berɛ he teɛ, sɛ saa berɛ yi ne ɔsɛ sɛ hosɔre firi ho nna mu; efiri sɛ nkwagyeɛ bɛne yɛ kyɛne berɛ a yɛbɛyɛɛ agyidifoɔ;

12 anadwo akɔ n’anim, adekyeɛ abɛne. Saa nti ho ma yɛnto sum nnwuma ngu na yɛmfa hann akodeɛ;

13 homma yɛmmɔ bra a ɔfata hann mma, ɔnyɛ agobɔne ne nsaboro mu, nyɛ adwamammɔ ne akohwie mu, nyɛ ntɔkwakoo ne aniberebereɛ mu.

14 Na mmom, homfa Awurade Yesu Kristo nhyɛ (sɛ ataadeɛ), na homma kwane mma honam, akɔnnɔ nni ho so!.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan