Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 12 - Apam Foforɔ


Kristo mu nkwa foforɔ he

1 Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.

2 Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.

3 Na menam adom a bɛde ama me he so, meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu biaa mmu ne ho ntra sɛnea ɔsɛ sɛ obu ne ho, na mmom, biaa nya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusu gyidie ama ho he.

4 Na sɛnea honamdua baako wɔ akwaa bebree he, na biaa wɔ dwuma sonoko a odi he,

5 saa nso ne yɛ a yɛdɔɔso yi, yɛyɛ nipadua baako Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛ ho akwaa mmaako mmaako.

6 Yɛwɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛnea adom a bɛde adom yɛ he teɛ. Sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛ a, ma no mfata sɛnea bɛasusu ho gyidie;

7 som adwuma a, ma no nsom; kyerɛkyerɛni a, ma no nkyerɛkyerɛ;

8 fotufoɔ a, ma ontu fo; ɔma a, ma no mma no adɔeɛ mu; dikanfoɔ a, ma ɔmmɔ ne ho mmɔdene akannie mu; ahummɔborɔ a, ma ɔnyɔ no animteɛ mu.


Nɔkorɛ kristoni ahyɛnsodeɛ

9 Hommma nyaatwom mfra dɔ mu; hontane nea ɔyɛ bɔne, honkura nea ɔyɛ papa mu;

10 homfa nteaseɛ nnodɔ ho ho yie; homfa anidie mmɔho mma ho ho.

11 Honnyɛ mmɔdenmmɔ ho nyaa, honyɛ hye honhom mu, honsom Awurade!

12 Homma ho ani nnye anidasoɔ mu, honto ho boase amaneɛ mu, hontu ho ho nsi hɔ ma mpaebɔ.

13 Hommoa ahoteefoɔ ma bɛ nsa nka bɛ ahiadeɛ; homma ho ani nye ahɔhoyɛ ho.

14 Honhyira bɛ a bɛtaa ho; honhyira, na honnnome.

15 Ho ne bɛ a bɛ ani agye ani nnye mmom, ho ne bɛ a besu nso nsu mmom.

16 Ho ne nnipa nyinaa ntena asomdwie mu; honnnyɛ ahantan, na mmom ho ne ahobrɛaseɛfoɔ nante; honnyɛ ahomasoɔ.

17 Hommmfa bɔne ntua bɔne so ka, na mmom honwene nea odi mu nnipa nyinaa ani so.

18 Sɛ obetumi a, ho fam deɛ, ho ne nnipa nyinaa ntena asomdwiem.

19 Adɔfo, honnntotɔ ho ho ho ho werɛ, na mmom honnyae ma Nyankopɔn abufuo; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Awerɛtɔ yɛ me dea, meaa ne metua ka, Awurade ne ɔɔka.”

20 Ne saa nti, sɛ kɔm de wo tamfoɔ a, ma no bibi nni; sɛ sukɔm de no a, ma no nsuo nom; na sɛ woyɔ saa a, wobɛhyɛ no aniwuo.

21 Mma bɔne nnni wo so, na mmom fa papa di bɔne so nim!

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan