Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 11 - Apam Foforɔ


Israel poɔ he nyɛ n’awieeɛ

1 Afei meebisa sɛ, nti Nyankopɔn apo ne nkurofoɔ? Daabi da! M’ankasa meyɛ Israelni a meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusuakuo mu.

2 Nyankopɔn mpoo ne nkurofoɔ a oyii bɛ sieeɛ he. Wonnim deɛ twerɛsɛm he ka fa Elia ho, sɛnea ɔbɔɔ Isreal soboɔ kyerɛɛ Nyankopɔn?

3 “Awurade bɛaku w’adiyifoɔ, bɛabubu w’afɔrebokyia; me nkoaa ne maaka, na bɛɛhwehwɛ me aku me.”

4 Na mmɛ mmuaeɛ ne Nyankopɔn de maa no? “Makora nnipa mpem nson ama me ho a bɛ nkotodwe nkotoo Baal da.”

5 Nti saa ne berɛ yi mu nso nnipa nkaeɛ bi ya hɔ a bɛnam adom so ayi bɛ.

6 Na sɛ ɔyɛ adom a, ɔnna so nyinaa nnwuma so, anyɛ saa a, hedeɛ na adom he nyɛ adom ankasa.

7 Afei mmɛ bio? Israel nsa anka nea ɔɔhwehwɛ he. Bɛ a bɛayi bɛ he deɛ bɛ nsa kaeɛ, nso bɛ a bɛaka he deɛ beprim bɛ akoma,

8 sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nyankopɔn ama bɛ honhom a ɔtɔ nko, ani a onhu adeɛ ne aso a ɔnte asɛm, de besi nnɛ.”

9 Na Dawid dɛ, “Ma bɛ adidipono nyɛ fidisum ne fidie, sintiduatoɔ ne akatua mma bɛ;

10 ma bɛ ani nyɛ kusuu sɛnea benhu adeɛ, na ma bɛ akyi nkuntunu daa.”


Amanamane nkwagyeɛ

11 Nti meebisa sɛ, bɛasonti sɛ bɛbɛhwe ase? Daabi da! Nso ɔnam bɛ sintidua he so ama Amanamane mufoɔ anya nkwagyeɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a Israel bɛtwe ninkunu.

12 Na afei sɛ bɛ sintiduatoɔ he kyerɛ wiase ahonya a, na sɛ bɛ nkoguo de ahonya maa Amanamane mufoɔ a, hedeɛ na gye a bɛbɛgye bɛ atom he bɛboro so!

13 Afei meekasa akyerɛ ho Amanamane mufoɔ. Esiane sɛ meyɛ somafoɔ ma Amanamane mufoɔ nti, mehyɛ me som animuonyam

14 sɛnea ɔbɛyɛ a m’ankasa me nkurofoɔ bɛtwe ninkunu, na bɛagye binom.

15 Na sɛ bɛpo a bɛpoo bɛ he bɛyɛ wiase mpataa a, hedeɛ bɛ gyeɛ nso bɛyɛ nkwa a ofiri wuom!

16 Afei sɛ dua aba a odi kane a bɛde bɔɔ afɔdeɛ he yɛ kronkron a, aba mu he nyinaa nso yɛ kronkron; na sɛ ne nhini he yɛ kronkron a, ne mmane he nso nyinaa bɛyɛ kronkron.

17 Nso sɛ mmane he bi bu firii ho a, na wo, wuram ngodua, bɛde wo hyɛɛ ananem sɛ wobenya ahonya a ɔya ngodua nhini he mu bi a,

18 nhoahoa wo ho mmane he ho. Sɛ wohoahoa wo ho a, kae sɛ ɔnyɛ wo ne wokita nhini he mu, na mmom nhini he ne kita wo mu.

19 Saa nti wobɛka sɛ, “Mmane bi bubuiɛ sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde me besi ananem.”

20 Ɛɛ, yei yɛ nɔkorɛ. Gye a bɛannye anni nti ne betwaa bɛtweneeɛ, nso gyidie nkoaa so ne wobegyina. Nti nyɛ ahantan, na mmom fa suro gyina pintinn.

21 Na sɛ Nyankopɔn ankora mmane he ankasa a, ebia wo nso ɔnkora wo.

22 Hyɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne dene yɛ nso: ɔdene ma bɛ a bɛhwee ase, nso Nyankopɔn ayamyɛ ya hɔ ma wo, gye sɛ wo toa so n’ayamyɛ he mu; anyɛ saa a wo nso bebetwa wo atwene.

23 Na mpo Israel nso, sɛ bɛantoa so ampirim bɛ akoma annyeannie ho a, bɛde bɛ bɛhyɛ mu bio, efiri sɛ Nyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔde bɛ hyɛ mu bio.

24 Sɛ wo mpo, betwaa wo firii wuram ngodua he ho, na bɛakwati wɔawosuo de wo atɛ ngodua pa he mu a, ɔbɛyɛ dɛ ne ontumi mfa ne ngodua pa he ankasa mmane he ɔmmɛtɛ mu bio?


Bɛbɛgye Israel nyinaa nkwa

25 Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.

26 Ne saa nti bɛbɛgye Israelfoɔ nyinaa nkwa; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Sion mu ne Gyefoɔ befiri aba; obetu amumuyɔ afiri Yakob.”

27 “Na yei ne m’apam a me ne bɛ bɛpam, berɛ a meyi bɛ bɔne afiri hɔ.”

28 Ɔfa asɛmpa he ho deɛ, ho nti bɛyɛ Nyankopɔn atamfoɔ; nso ɔfa yie he ho deɛ, bɛyɛ adɔfoɔ, bɛ nananom nti;

29 efiri sɛ, Nyankopɔn ntwe n’akyɛdeɛ ne ne frɛ nsane da.

30 Sɛnea mmerɛ bi hoyɔɔ asoɔdene tiaa Nyankopɔn nso bɛ asoɔdene nti hoanya mmɔborɔhunu he,

31 saa nso nti bɛayɛ asoɔdene a, ahummɔborɔ a hoanya nti, bɛ nso saa berɛ he bebenya mmɔborɔhunu.

32 Nyankopɔn ama bɛ asoɔdene aka bɛ ato afiase sɛ obehu bɛ mmɔbɔ.

33 O! Nyankopɔn ahonya ne ne nyansa ɔne ne nimdeɛ a mu dɔ! Yentumi nhu n’atemmuo ne n’akwane mu nwie da!

34 “Na hwane ne ahu Awurade adwene? Anaa hwane ne ayɛ ne fotufoɔ?”

35 “Anaa hwane ne ama no akyɛdeɛ, a ɔbɛgye akyɛdeɛ asi ananem?”

36 Biaa nni hɔ efiri sɛ, nnoɔma nyinaa firi ne mu, na ɔnam ne so, na ɔyɛ ne dea. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan