Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 10 - Apam Foforɔ

1 Anuanom, m’akoma so adeɛ ne mpaeɛ a mebɔ kyerɛ Nyankopɔn ne sɛ ɔbɛgye me mane Israel nkwa.

2 Metumi adi adanseɛ sɛ bɛwɔ Nyankopɔn mu mmɔdemmɔ, nso benni nimdeɛ,

3 efiri sɛ, benni tenenee a ofiri Nyankopɔn hɔ he ho nimdeɛ, esiane sɛ bɛpɛ sɛ bɛde bɛ ankasa bɛ tenenee si hɔ nti, bɛmfa bɛ ho nhyɛ Nyankopɔn tenenee mu.

4 Na Kristo mu ne mmara he nyinaa wie pɛyɛ, nti bɛnam ne so de tenenee ma nea ɔbɛgye adi biaa.


Nkwagyeɛ ya hɔ ma biaa

5 Mose twerɛ faa tenenee a ofiri mmara he ho sɛ, “nipa a ɔyɔ saa nnoɔma yi benya nkwa.”

6 Nso tenenee a ofiri gyidie mu he dɛ, “Nka no w’akomam sɛ, Hwane ne bɛforo akɔ soro?” (Ɔne sɛ, ɔde Kristo bɛba fam),

7 anaa “Hwane besiane akɔ bunum” (ɔne sɛ ɔde Kristo befiri awufoɔ mu aba).

8 Nso ɛɛne ne ɔka? Asɛm he bɛne wo, ɔya w’ano ne w’akomam (ɔne sɛ, gyidie asɛm a yɛpae mu ka);

9 efiri sɛ, sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade na wode w’akoma gye di sɛ Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wobenya nkwa.

10 Na akoma ne bɛde gye di ma bebu bɛ bem, na ano ne bɛde pae mu ka nya nkwa.

11 Twerɛsɛm he dɛ, “Nea ɔgye no di biaa nsa onsi fam.”

12 Na yei ho he, nsosonoeɛ biaa nni Yudani anaa Helani ntam; Awurade korɔ heaa ne di bɛ nyinaa bɛ so, ne yam yɛ ma bɛ a bɛbɔ ne dini nyinaa,

13 efiri sɛ, “Nea ɔbɛbɔ Awurade dini biaa benya nkwa.”

14 Nso ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi abɔ nea ɔnnye no nni dini? Na ɔbɛyɛ dɛ na bi agye nea ɔntee ne ho asɛm adi? Na sɛ bi anka Awurade ho asɛm ankyerɛ bɛ a bɛbɛyɛdɛ ate?

15 Na sɛ bɛansoma asɛmpakafoɔ a, ɔbɛyɛdɛ na bi akɔka asɛm he? Nti bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ bɛ a bɛde asɛmpa he ba he bɛ nane ase ɔfɛ fa!”

16 Nso nyɛ bɛ nyinaa ne bɛayɔ setie ama asɛmpa he; efiri sɛ Yesaia dɛ, “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi?”

17 Nti gyidie firi nea yɛate mu ne ba, na nea yɛate nso firi Kristo asɛm he mu.

18 Nso meebisa sɛ, bɛntee koraa? Nɔkwasɛm ne sɛ bɛate; efiri sɛ “Bɛapae mu aka no asaase nyinaa so, na bɛ nsɛm nso aduru wiase afanaa nyinaa.”

19 Meebisa bio sɛ, nti Israel ante aseɛ? Nea odi kane, Mose dɛ, “Mɛma ho atwe bɛ a bɛnyɛ mane he ho ninkunu; mɛma ho bo afu atia amane nkwaseafoɔ.”

20 Hedeɛ, Yesaia nyaa akokoɔduro paa sɛ ɔkaa sɛ, “Bɛ a bɛanhwehwɛ me he, bɛahu me; Maayi me ho adi akyerɛ bɛ a bɛanhwehwɛ me.”

21 Nso Israel ho deɛ ɔkaa sɛ, “Da nyinaa metrɛɛ me nsam maa mane asoɔdenfoɔ ne nyiyianofoɔ yi.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan