Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafoɔ 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he

2 a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee twerɛnsɛm kronkron he mu he,

3 asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn Ba he ho, nea honam fam ɔyɛ Dawid aseni

4 na bɛde tumi ayi no adi akyerɛ sɛ ɔyɛ Nyankopɔn Ba a ɔnam honhom ahoteɛ kronkron so awufoɔ sɔreeɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛ Awurade.

5 Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,

6 ho a bɛabɔ ho dini afrɛ ho ama Yesu Kristo he, ho nso hoka ho bi.

7 Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Aseda mpaebɔ

8 Nea odi kane paa ne sɛ, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma ho nyinaa, efiri sɛ bɛka ho gyidie ho asɛm wiase baabiaa.

9 Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,

10 na mesrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ a menya kwane aba ho nkyɛne.

11 Na m’ani agyina sɛ mehu ho sɛnea ɔbɛyɛ a metumi ne ho akyɛ honhom adom akyɛdeɛ bi ama ahyɛ ho dene,

12 ɔne sɛ yɛ nyinaa gyidie bɛhyehyɛ yɛ ho yɛ ho dene.

13 Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ.

14 Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ nyinaa, anyansafoɔ ne adwenem harefoɔ nyinaa ka;

15 saa nti ne me ho pere me sɛ mɛpaem aka asɛmpa he akyerɛ ho nso a hoya Roma.


Asɛmpa he mu tumi

16 Na m’ani nwu asɛmpa he ho; efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn tumi a ɔnam so gye biaa a ɔwɔ gyidie nkwa, Yudafoɔ ne bedi kane, na afei Helafoɔ nso.

17 Na asɛmpa he mu ne Nyankopɔn tenenee da adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”


Nnipa nyinaa fobuo

18 Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa.

19 Na nea bebetumi ahu afa Nyankopɔn ho he da adi pefee, efiri sɛ Nyankopɔn ayi no adi akyerɛ bɛ.

20 Ewom sɛ Nyankopɔn daa tumi ne ne nyamesu yɛ adeɛ a ani nhu deɛ, nso ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ne nnoɔma a wayɔ he ada no adi pefee, ama bɛde adwene ahu mu. Nti benni anoyie biaa;

21 efiri sɛ benim Nyankopɔn deɛ, nso bɛamfa anidie amma no sɛ Nyankopɔn na bɛanna no ase, nso nea bɛdwene he yɛ nsemhunu, na bɛ adwene hunu he yɛɛ sum.

22 Besusuu sɛ bɛwɔ nyansa, nso bɛdanee nkwaseafoɔ;

23 na bɛsesaa Nyankopɔn a onwu da he animuonyam maa nipa a owu anaa nnomaa, ntɔteboa ne mmoa a bɛwea fam nsɛso.

24 Ne saa nti Nyankopɔn gyae bɛ maa bɛ akoma akɔnnɔ, na akɔnnɔ he de bɛ kɔɔ nnoɔma a ho nte ho, na nnoɔma a ho nte he maa bɛsɛe bɛ nipadua,

25 efiri sɛ bɛde Nyankopɔn ho nɔkorɛ sesaa torɔ na bɛsomm abɔdeɛ sene sɛ bɛbɛsom Bɔadeɛ, ɔno ne nhyira nka no daa! Amen.

26 Yei nti Nyankopɔn gyaa bɛ maa akɔnnɔ porɔeɛ. Bɛ mmaa de bɛ honam fam nhyiamudie a ɔnam ne kwane so he sesaa nea ɔnnam ne kwane so,

27 saa ara nso ne bɛ mmeema nso, gyaa nhyiamudie a ɔsɛ sɛ bɛ ne mmaa hyiam, maa benyaa akɔnnɔ maa bɛ yɔnko mmeema. Mmeema ne mmeema bɔɔ aniwuo bra na benyaa bɛ bɔne he so akatua.

28 Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.

29 Na amumuyɔ: bɔne, anibereɛ ne nitane nyinaa bi hyɛɛ bɛ ma. Bɔne bi te sɛ: ahoɔyeyaa, awudie, apereapereɛ, ntɔkwa, torɔ, nnaadaa ne nkontompo hyɛɛ bɛ ma, bɛyɛɛ nsekurofoɔ,

30 nantitwitwafoɔ, Nyankopɔn atamfoɔ, akwadwofoɔ, basabasayɔfoɔ, ahohoahoafoɔ, bɔnepɛfoɔ, awofoɔ so atuatefoɔ,

31 nkwaseafoɔ, nnipa a benni gyidie, akomadenfoɔ, atimuɔdenfoɔ.

32 Benim Nyankopɔn ahyɛdeɛ, sɛ bɛ a bɛyɔ saa bɔne yi nyinaa fata wuo, nso nyɛ ne yɔ nkoaa ne bɛyɔeɛ na mmom bɛfoaa bɛ a bɛyɔ saa nso so.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan