Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Filipifoɔ nwoma 4 - Apam Foforɔ


Euodia ne Sintike

1 Saa nti, me nuanom a medɔ ho na m’ani agyina ho, m’anigyeɛ ne m’abotire, honnyina pintinn Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.

2 Metu Euodia ne Sintike fo sɛ benya adwene korɔ Awurade mu.

3 Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.

4 Homma ho ani nnye Awurade mu daa; meka bio sɛ, homma ho ani nnye.

5 Homma nnipa nyinaa nhu ho dwoɔ. Awurade abɛne.

6 Honnnwene hwee nha ho ho, na mmom homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ mma ho adesrɛ nnuru Nyankopɔn hɔ bibiaa mu.

7 Na Nyankopɔn asomdwie a ɔboro nteaseɛ nyinaa so he bɛbɔ ho akoma ne ho adwene ho bane, Kristo Yesu mu.

8 Adɔfonom, deɛ otwa toɔ koraa ne sɛ, deɛ ɔyɛ nɔkorɛ, deɛ anidie ya mu, deɛ ɔtene, deɛ ho te, deɛ ɔsɔ ani, deɛ ɔwɔ dini pa, sɛ bra pa bi ya hɔ a, sɛ bibi fata ayeyie a, honnwene yeinom ho.

9 Homfa deɛ hoasua, na hoanya, na hoate, na hoahu no me mu he nyɔ adwuma, na asomdwie Nyankopɔn he ne ho bɛtena.

10 Medi ahurusie pii Awurade mu sɛ afei deɛ hoafiri aseɛ ɔɔdwene me ho bio, na hoodwene me ho, nso hoanya ho kwane anna no adi.

11 Ɔnyɛ sɛ bibi hia me nti ne meeka saa, efiri sɛ, masua sɛ deɛ mewɔ biaa mɛma no asom bo ama me.

12 Menim ahokyerɛ, na menim ahonya nso. Bibiaa ne nnoɔma nyinaa akokwa me, mee ne kɔm ne akonkosɛm ne hiadie;

13 Metumi fa tebea biaa mu, deɛ ɔhyɛ me dene he nti.

14 Yei nyinaa mu he hokyerɛɛ ayamyɛ, sɛ hoboa me m’ahohia berɛ mu.

15 Ho Filipifoɔ, ho a honim sɛ mefirii asɛmpaka adwuma ase he, berɛ a mefirii Makedonia he, asafo biaa ne me anya ma ne gyeɛ mu kyɛfa ho asɛm.

16 Na meya Tesalonika mpo he, hode nea mehia braa me prɛko ne ne mprenu so.

17 Ɔnyɛ sɛ na mehia akyɛdeɛ he, na mmom mehwehwɛ aba deɛ ɔbɛma ho nkonta adɔɔso.

18 Maanya m’akatua nyinaa, na maanya ama no aboro so; m’ani asɔ paa, sɛ maanya akyɛdeɛ a hode manee Epafrodito he, afɔdeɛ a oohwam, afɔdeɛ a ɔfata na ɔsɔ Nyankopɔn ani.

19 Na me Nyankopɔn de ho ahiadeɛ nyinaa bɛma ho sɛdeɛ n’ahonya teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu.

20 Animuonyam nka yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agya daa daa. Amen.

21 Honkyea ahoteefoɔ he nyinaa mma me Kristo Yesu mu. Anuanom a bɛka me ho he kyea ho.

22 Ahoteefoɔ he nyinaa kyeakyea ho, ne titire bɛ a befiri amrado fie he.

23 Awurade Yesu Kristo adom nka ho honhom ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan