Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Filipifoɔ nwoma 3 - Apam Foforɔ


Aniani ho dibea yɛ kwa

1 Afei deɛ otwa toɔ, me nuanom, honni ahurusie Awurade mu. Ɔnha me sɛ mɛtwerɛ asɛnkorɔ heaa abrɛ ho, sɛ me yɔ saa a, ɔyɛ ahobanbɔ me ho mmom.

2 Honhwɛ ho ho yie nnipa a bɛte sɛ nkramane he ho, honhwɛ yie adwumayɔfoɔ bɔne he ho, honhwɛ yie twetiatwafoɔ he ho!

3 Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.

4 Ɔyam sɛ mankasa nso mewɔ bibi a metumi de me ho ato so honam mu. Sɛ nipa foforɔ bi wɔ bibi de ne ho to so honam mu a, mewɔ bi kyɛne no:

5 betwaa me twetia da ɔtɔ so nwɔtwe, meyɛ Israelni a mefiri Benyamin abusua mu, Hebrifoɔ mu Hebrini; na mmara fam he meyɛ Farisini;

6 mmɔdenmmɔ fam he, metaa asafo he; mmara he mu tenenee fam he, me ho nni asɛm biaa.

7 Nso adenya biaa a menyaeɛ he Kristo nti, mebuu yeinom adehunu.

8 Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,

9 na bɛahu me ya ne mu, a menni meaa me tenenee a ofiri mmara he mu na deɛ ofiri Kristo mu gyidie mu, Nyankopɔn tenenee a ogyina gyidie so.

10 Mepɛ sɛ mehu Kristo, ɔne ne wusɔreɛ tumi, na manya ne brɛ he mu kyɛfa de me ho ama wuo a ɔte sɛ ne deɛ he,

11 na manya wusɔreɛ he.

12 Ɔnyɛ sɛ me nsa anya aka yei, anaa sɛ ebia maanya awie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim, na me nsa aka deɛ ntia Kristo Yesu nsa aka me heaa.

13 Anuanom, me deɛ mensusu sɛ me nsa anya aka bibi, na mmom adeɛ baako ne meyɔ; mema me werɛ firi deɛ atwam he na metwe me mu pɛ deɛ ɔya m’anim he,

14 memia m’ani kɔ botae he ho sɛ menya soro frɛ a Nyankopɔn afrɛ me ya Kristo Yesu mu nkunimboɔ he.

15 Nti homma yɛ a yɛanyini honhom mu he nya saa adwene korɔ heaa bi; na sɛ hokura adwene foforɔ bi a, yei nso Nyankopɔn beyi no adi akyerɛ ho.

16 Deɛ ohia ne sɛ yebekura deɛ yɛanya he mu dene.


Asɛnnua he ho atamfoɔ

17 Anuanom, homma me nyɛ nhwɛsoɔ mma ho, na homma bɛ a bɛabrabɔ te sɛ yɛ he nyɛ nhwɛsoɔ mma ho.

18 Na nnipa bebree bɔ bɛ bra sɛ Kristo asennua he ho atamfoɔ; maaka bɛ ho asɛm akyerɛ ho mprɛ pii, na seesei nso mede nisuo ɔɔka no bio.

19 Bɛ awieeɛ yɛ sɛeɛ; bɛ nyame ne bɛ yafunu; na bɛ animuonyam ya bɛ animguaseɛ mu; bɛ adwene si asaase so nnoɔma so.

20 Na yɛ deɛ yɛ mane a yefiri mu ankasa ne soro, na hɔ ne yɛɛhwɛ Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo anim afiri.

21 Na ɔno ne bɛsane ayɔ yɛ nipadua a bɛbɛbrɛ no ase he yie, na ama ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua he, sɛnea ne tumi a ɔya hɔ he yɔ adwuma, meekyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’ase.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan