Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Filipifoɔ nwoma 1 - Apam Foforɔ

1 Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.

2 Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka ho.

3 Meda me Nyankopɔn ase berɛ biaa a mekae ho,

4 daa me mpaebɔ nyinaa mu he, mede anigyeɛ di ma ho nyinaa,

5 sɛ hofiri ahyɛaseɛ he aboa yɛ asɛmpa he ka mu de abesi nnɛ.

6 Na mewɔ awerɛhyɛmu sɛ, nea wahyɛ adwuma pa ase ho mu he bɛtoa soaa kosi sɛ obewie no Yesu Kristo da he mu.

7 Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.

8 Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.

9 Na me mpaebɔ ne sɛ, ho dɔ bɛyɛ mmorosoɔ, nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,

10 na hoapɛɛpɛɛ mu ahu deɛ ɔyɛ paa, na ho ho ate a nkekaeɛ biaa nni ho ho de akosi Kristo da he,

11 na tenenee aba a ɔnam Yesu Kristo so ba he ahyɛ ho ma ama Nyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


Deɛ ofiri Paulo afiaseda mu baeɛ

12 Anuanom, mepɛ sɛ hohu sɛ deɛ ato me he aboa ama asɛmpa he atrɛ mmom,

13 na waama amrado abane mufoɔ nyinaa ne biaa nso ahu sɛ meda mpokyerem Kristo mu;

14 na anuanom he mu fa kɛseɛ he nam me mpokyerɛ he so anya Awurade mu awerɛhyemu ma bɛde akokoɔduro kɛseɛ ka Nyankopɔn asɛm a bensuro koraa.

15 Ɔyam sɛ binom firi aniberebereɛ ne nitane mu ne pae mu ka Kristo ho asɛm he deɛ, nso afoforɔ ya hɔ a bɛde pɛpa ne ka.

16 Na bɛ a bɛde pɛpa ne ka he de dɔ ne di Kristo ho adanseɛ, a benim sɛ asɛmpa he nti ne bɛde me ato afiase ha;

17 na binom nso de pɛsɛmenkomenya ne bɔ Kristo dini, omfiri akoma pa mu, na bɛ adwene ne sɛ bɛbɛma ahohia aba me so, me mpokyerɛ yi mu.

18 Yei biaa nhia! Na nea ohia ne sɛ bɛbɛka Kristo ho asɛm akwane nyinaa mu, sɛ ɔyɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ ɔyɛ nɔkorɛ mu oo, me mmom deɛ asɛmpa a bɛaka he ne ma m’ani gye.

19 Nɔkwasɛm ne sɛ, m’ani bɛkɔ so agye, efiri sɛ, menim sɛ ɔnam ho mpaebɔ ne Yesu Kristo Honhom mmoa so ne yei bɛyɛ me gyeɛ.

20 M’ani da so paa sɛ, m’anim ongu ase kwane biaa so, na mmom sɛ mede akokoɔduro nyinaa ɔɔkasa yi, bɛbɛma Kristo so seesei sɛnea bɛama ne so daa me nipadua mu, sɛ ɔnam nkwa so anaa ɔnam wuo so.

21 Na me deɛ, mete ase a ɔyɛ Kristo, na wuo nso yɛ mfasoɔ ma me.

22 Sɛ mewɔ nkwa na mennwuiɛ a, yei bɛma m’adwuma aso aba. Nso mennim mu nea meyi.

23 Na menhu mmienu yi mu nea memfa: nea mepɛ ne sɛ nka mefiri wiase yi mu ne Kristo akɔtena efiri sɛ, saa mmom yɛ paa;

24 nso sɛ mekɔ so tena ase a, mfasoɔ kɛseɛ ya so esiane ho nti.

25 Ɔnam saa ahotɔsoɔ a mewɔ yi nti, menim sɛ mɛkɔ so ne ho nyinaa atena ase, na ama ho nkɔsoɔ ne gyidie mu anigyeɛ,

26 na ho ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu me ho, osiane ba a meeba ho nkyɛne bio nti.

27 Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,

28 na ho atamfoɔ antumi anhunahuna ho bibiaa mu. Na bɛ deɛ, yei yɛ bɛ sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnne pefee, na ho deɛ, ɔyɛ ho nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnne. Na yei deɛ ɔyɛ Nyankopɔn nsa ano adwuma,

29 efiri sɛ, ɔnam adom so ama ho akwannya sɛ Kristo nti, ɔnyɛ ne mu gyidie nko ne hobenya, na mmom sɛ hobehu amane ama no nso.

30 Na howɔ ahohiahia korɔ a hohu sɛ meyam he, na hoate sɛ meda so yam heaa mu bi.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan