Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 7 - Apam Foforɔ


Atenyie ho nkyerɛkyerɛ

1 Hommmu atɛne, na bɛammu ho atɛne.

2 Na atɛne a hobu he ɔnoaa ne bɛde bebu ho, na deɛ wode susu he, ɔno ne bɛde besusu ama ho.

3 Mmɛ nti ne wohwɛ wo yɔnko ani ase mfrɛ, na wonnwene mpuna a ɔda w’ani so he ho?

4 Anaa mmɛ nti ne wotumi ka kyerɛ wo yɔnko sɛ, Mma menyi w’ani ase mfrɛ berɛ a mpuna da so da w’ani so?

5 Wo nyaatwomni, di kane yi mpuna a ɔda w’ani so he, na ɔbɛma woahu yie na woatumi ayi wo yɔnko ani ase mfrɛ.


Honngu ade kronkron ho fi

6 Hommfa ade kronkron mma nkramane; na honnto ho nhwene pa ngu mma mprako, na bɛamfa bɛ nane antiatia so na bɛannane amma ho so ammɛseɛ ho.


Adesrɛ

7 Hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom, na bebebie pono he ama ho.

8 Na biaa a obisa he, ne nsa ka, na biaa a ɔhwehwɛ he, ohu, na biaa a obom he bebie pono he ma no.

9 Ho mu hwane ne ne ba bisa no paanoo a ɔbɛma no boɔ?

10 Anaa ne ba bisa no adwene a ɔbɛma no wɔ?

11 Na afei sɛ ho a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ mpo de nnepa mma ho mma a, ɔbɛyɛ dɛ ne ho Agya a ɔya soro he ɔmmfa nnoɔma pa mma bɛ a bebisa no!


Mmara titire

12 Nti adeɛ biaa a hopɛ sɛ nnipa yɔ ma ho he, honyɔ saa mma bɛ; na yei ne nea mmara he ne adiyifoɔ he ka.


Akwane ahodoɔ mmienu

13 Homfa pono teaa he mu nwuram; na kwane deɛ ɔkɔ sɛeɛ mu he pono trɛ na so fa ɔmmerɛ, na dodoɔ ne fa saa kwane he so.

14 Na pono teaa, ɔne kwane teaa he so fa ɔdene na ɔno ne kɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi ne hu saa pono ne kwane he.


Dua ne n’aba

15 Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku.

16 Bɛ aduaba ne hode behu bɛ. Bɛtete bobe nkasɛe so anaa bɛtete borɔdoma hwerɛmo so?

17 Saa nso ne dua pa biaa so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne.

18 Dua pa ntumi nso aba bɔne, saa nso ne dua bɔne ntumi nso aba pa.

19 Dua biaa a ɔnso aba pa he betwa to twene gya mu.

20 Nti bɛ aba ne hode behu bɛ.


Setie ho nkyerɛkyerɛ

21 Ɔnyɛ biaa a ɔfrɛ me sɛ, Awurade, Awurade, ne bɛkɔ soro ahennie mu, na mmom deɛ ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ.

22 Saa da he, bebree bebisa me sɛ, Awurade, Awurade, yɛamfa wo dini anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo dini antutu ahonhommɔne, na yɛamfa wo dini annyɔ tumideɛ pii anaa?

23 Na mɛpae mu aka akyerɛ bɛ sɛ, Mennim ho da; homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔɔ nnebɔne.


Abotane ne anwea so dansie

24 “Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.

25 Nsuo tɔeɛ, nsuhyiri baeɛ, na mframa bɔ bɛbɔɔ no, nso ammu angu, efiri sɛ otoo ne fapem he abotane so.

26 Nso nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔnnyɔ he bɛyɛ sɛ bi a onnim nyansa a osii ne dane anweam.

27 Nsuo tɔeɛ, nsuhyiri baeɛ, mframa bɔ bɛbɔɔ no, na obu guu fam tim bubuu pasaa!”

28 Na afei, berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ he, nnipadɔm he ho dwirii bɛ ne nkyerɛkyerɛ he ho,

29 efiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ bi a ɔwɔ tumi, na ɔnyɛ sɛnea bɛ atwerɛfoɔ he kyerɛkyerɛ he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan