Mateo 6 - Apam FoforɔAdɔeɛ ho nkyerɛkyerɛ 1 “Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ. 2 “Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada. 3 Na sɛ wooyɔ adɔeɛ a, mma wo nsa benkum nnhu deɛ wo nsa nifa ɔɔyɔ, 4 saa nti w’adɔeɛ he bɛyɛ kokoam adeɛ; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka (badwam). Mpaebɔ ho nkyerɛkyerɛ 5 “Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada. 6 Na wo deɛ, sɛ woobɔ mpaeɛ a, kɔhyɛ wo dane mu na to wo ho pono mu na bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka. 7 “Sɛ woobɔ mpaeɛ a, nka nsɛm pii kwa sɛ abosonsomfoɔ he; efiri sɛ besusu sɛ bɛkasaa dodoɔ nti bebetie bɛ. 8 Na ho deɛ honnyɔ sɛ bɛ, efiri sɛ ho Agya nim deɛ ohia ho ansa na hoobisa no. 9 Nti hommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛ Agya a woya soro, anidie nka wo dini, 10 W’ahennie mmra. Wopɛ nyɛ hɔ, asaase yi so sɛdeɛ ɔteɛ soro. 11 Ma yɛ aduane nnɛ nso, sɛnea wo de ma yɛ daa he. 12 Na fa yɛ ka kyɛ yɛ, sɛnea yɛ nso yɛde akyɛ bɛ a bɛde yɛ ka. 13 Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!] 14 Na sɛ hode bɛ a bɛfom ho he mfomsoɔ kyɛ bɛ a, ho Agya a ɔya soro he nso de ho mfomsoɔ bɛkyɛ ho; 15 nso sɛ hoammfa afoforɔ bɛ mfomsoɔ ankyɛ bɛ a, ho Agya a ɔya soro he nso ɔmmfa ho mfomsoɔ nkyɛ ho. Mmuadadie ho nkyerɛkyerɛ 16 “Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada. 17 Nso sɛ woodi mmuada a, sra wo tim, (nunu mu) na hohoro w’anim, 18 sɛnea ɔbɛyɛ a nnipa onnhu sɛ woodi abuada gye sɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka. Soro Agyapadeɛ ho nkyerɛkyerɛ 19 “Honnhyehyɛ agyapadeɛ asaase yi so, baabi a mfɔteɛ ne naakyee sɛe no na akorɔmfoɔ bubu kowia; 20 na mmom honhyehyɛ ho agyapadeɛ soro baabi a mfɔteɛ anaa naakyee ntumi nsɛe no anaa akorɔmfoɔ ntumi mmubu nkowia, 21 efiri sɛ baabi a w’agyapadeɛ ya he, hɔ ne w’akoma nso ya. Akoma mu hann 22 “Ani yɛ nipadua kanea. Nti sɛ w’ani yɛ a, nipadua he nyinaa bɛyɛ hann; 23 nso sɛ w’ani nyɛ a nipadua he nyinaa bɛyɛ sum. Nti sɛ hann a ɔya ho mu he yɛ sum a, he deɛ sum he bɛyɛ kɛse paa! Nyankopɔn ne ahonyadeɛ 24 “Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.” Honnwennwene ( Luka 12:22-31 ) 25 Nti meeka akyerɛ ho, honnwennwene ho kra ho, deɛ hobedi anaa deɛ hobɛnom, anaa ho nipadua ho, ɔfa deɛ hobɛhyɛ ho. Nkwa nsom bo nkyɛne aduane, na nipadua nkyɛne ntoma anaa? 26 Honhwɛ nnomaa a bɛya wiem; bennua, bentwa, na bɛmmoa hwee ano ngu pata so, nso ho Agya a ɔya soro he mma bɛ aduane di. Honsom bo nkyɛne bɛ anaa? 27 Na ho mu bi betumi adwennwene de dɔnhwere baako mpo ato ne nkwa so anaa? 28 Mmɛ nti ne hodwene nea hobefira ho? Honhwɛ wuram asukooko, sɛdeɛ benyini; bɛnnyɔ adwuma na bɛnnto asaawa, 29 nso meeka akyerɛ ho, Salomo animuonyam nyinaa akyi he, wanhyehyɛ ne ho sɛ bɛ mu baako mpo. 30 Nso sɛ Nyankopɔn fira wura a, ɔya hɔ nnɛ na kyena onni hɔ na bɛatwa ato fononoo mu ahye no, ntoma a, he deɛ ontumi mfira ho ntoma mma no mmoro so anaa, ho a ho gyidie sua? 31 Ne saa nti honnwennwene sɛ, Mmɛ ne yebedi anaa Mmɛ ne yɛbɛnom anaa Ɛɛne ne yebefira? 32 Na ɔyɛ amanamane mufoɔ ne bɛpre yeinom nyinaa ho; na nɔkorɛ, ho Agya a ɔya soro he nim sɛ hohia yeinom nyinaa. 33 Nso honni kane nhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee, na ɔde yeinom nyinaa nso bɛka ho ho. 34 “Nti honnwene kyena ho, efiri sɛ haw a ɔya kyena mu he, dɔɔso ma kyena heaa. Haw a ɔya da biaa mu he dɔɔso ma da heaa.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana