Mateo 5 - Apam FoforɔBepɔ so asɛnka—Nhyirasɛm ( Luka 6:20-49 ) 1 Berɛ a Yesu huu nnipadɔm he, ɔkɔɔ bepɔ he so; na ɔtenaa ase he, n’asuafoɔ baa ne nkyɛne. 2 Na afei obiee na no kasaeɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ: 3 “Nhyira ne bɛ a ahia bɛ honhom mu, efiri sɛ bɛ ne soro ahennie he yɛ bɛ dea. 4 Nhyira ne bɛ a bedi awerɛhoɔ, efiri sɛ bɛ ne bebenya awerɛkyekyerɛ. 5 Nhyira ne bɛ a bɛdwo, efiri sɛ bɛ ne bebedi asaase he so. 6 Nhyira ne bɛ a tenenee ho kɔm ne sukɔm de bɛ, efiri sɛ bɛ ne bɛbɛma bɛammee. 7 Nhyira ne bɛ a behu afoforɔ mmɔbɔ, efiri sɛ bɛ ne bebehu bɛ mmɔbɔ. 8 Nhyira ne bɛ a bɛ akoma mu te, efiri sɛ bɛ ne bebehu Nyankopɔn. 9 Nhyira ne bɛ a bɛhwehwɛ asomdwie, efiri sɛ bɛ ne bɛbɛfrɛ bɛ Nyankopɔn mma. 10 Nhyira ne bɛ a tenenee nti bɛtaa bɛ, efiri sɛ bɛ ne bebenya soro ahennie he. 11 Nhyira ne ho sɛ nnipa ka nsɛm gu ho so, na bɛtaa ho na bɛka nsɛmmɔne bebree fa ho ho, na me nti bedi torɔ gu ho so. 12 Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he. Mfantoho a ɔfa nkyene ne hann ho 13 Hone asaase yi so nkyene; nso sɛ nkyene dɛ yera a, ɔbɛyɛ dɛ na ayɛ nkyene bio? Bɛmmfa nnyɔ hwee bio, gye sɛ bɛto gu ma betiatia so. 14 Hoyɛ wiase hann. Kuro a ɔda mmepɔ so ntumi nhinta. 15 Nipa biaa nsɔ kanea mmfa nnhyɛ atam ase, na mmom bɛde si kanea dua so, na ahyerɛn ama nnipa a bɛya fie hɔ nyinaa. 16 Ne saa nti homma ho kanea nhyerɛn mma nnipa nyinaa, na bɛahu ho nnwuma pa na bɛahyɛ ho Agya a ɔya soro he animuonyam. Mmara he ho nkyerɛkyerɛ 17 Honnwene sɛ maaba sɛ meebeyi mmara ne adiyifoɔ he hɔ; mamma sɛ meebeyi no hɔ, na mmom maaba sɛ meebɛma no aba mu pefee. 18 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, kosi sɛ soro ne asaase betwam he, atwerɛdeɛ anaa nsensaneɛ ketewa baako mpo omfiri mmara he mu kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu. 19 Ne saa nti, nipa biaa a obebu mmara nsɛm ketewa baako mpo so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ binom ama bɛayɔ saa he, ɔbɛyɛ ketewa soro ahennie mu; nso deɛ odi so na ɔkyerɛkyerɛ ma nnipa di so he ɔbɛyɛ kɛseɛ soro ahennie mu. 20 Meeka akyerɛ ho, sɛ ho tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ bɛ deɛ so a, honnya soro ahennie mu kwane da. Abufuo ho nkyerɛkyerɛ 21 “Hoate sɛ bɛka kyerɛɛ tetefoɔ he sɛ, ‘Honni awu; na nea odi awu biaa bedi fɔ atemmuo mu.’ 22 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu. 23 Nti sɛ wode afɔrebɔdeɛ ba afɔrebokyia ho, na wokae sɛ wo nua wɔ bibi tia wo a, 24 nea odi kane a ɔsɛ sɛ woyɔ ne sɛ, gya w’afɔrebɔdeɛ he afɔrebokyia he so na wo ne no nkobom, na ɔno akyi he woasane aba abɛbɔ w’afɔdeɛ. 25 Sɛ wo ne wo soboɔbɔni nam kwane so ɔɔkɔ asennibea a, yɛ ntɛm na wo ne no mmom ansa na wo ne no aduru asennibea hɔ, anyɛ saa a wo soboɔbɔni he de wo bɛhyɛ temufoɔ nsa, na temufoɔ he so de wo ahyɛ wɛmfoɔ nsa, na ɔde wo akɔto afiase. 26 Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, wonnya kwane mmfiri kosi sɛ wobetua wo kaprɛ a aka wo nsam he ansa.” Awaresɛeɛ ho nkyerɛkyerɛ 27 “Hoate sɛ bɛkaa sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’ 28 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ biaa a ɔhwɛ baa akɔnnɔ so sɛ nka ɔpɛ sɛ ɔne no bɛda he afa no n’akomam dada. 29 Sɛ w’ani nifa to wo sintidua a, tu firi hɔ na to twene; ɔyɛ ma wo sɛ wobɛhwere akwaa baako kyɛne sɛ wode nipadua he nyinaa bɛto amanehunu gya mu. 30 Na sɛ wo nsa nifa to wo sintidua a, twa firi hɔ na to twene; ɔyɛ ma wo sɛ wobɛhwere akwaa baako kyɛne sɛ bɛde nipadua he nyinaa bɛto amanehunu gya mu.” Awaregyaeɛ ho nkyerɛkyerɛ 31 “Afei nso, bɛkaa sɛ, ‘Biaa a obegyae ne yerɛ he, ɔmma no awaregyaeɛ krataa.’ 32 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ bi gyae ne yerɛ na ɔnyɛ adwamammɔ nti ne ogyae no a, obetumi ama baa he aseɛ awareɛ; na biaa a ɔbɛware baa a bɛagyae no he nso aseɛ awareɛ. Ntanka ho nkyerɛkyerɛ 33 “Bio, hoate sɛ bɛka kyerɛɛ tetefoɔ he sɛ, ‘Nka ntanhunu, nso fa wo ntankadeɛ ma Awurade.’ 34 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Nka ntam koraa, mfa soro nka ntam, efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn ahennwa, 35 saa nso ne mfa asaase nka ntam, efiri sɛ ɔyɛ ne nane ntiasoɔ; mfa Yerusalem nso nka ntam, efiri sɛ ɔyɛ Hene kɛseɛ he ahenkuro. 36 Na nka wo ti ntam, efiri sɛ wontumi nnyɔ tinwii baako mpo fufuo anaa tuntum. 37 Na ma nea wobɛka sɛ ɔyɛ ‘ɛɛ, he, nyɛ ɛɛ’, na nea wobɛka sɛ ‘daabi, he nso nyɛ daabi’; yei akyi ade foforɔ biaa firi bɔne mu. Awerɛtɔ ho nkyerɛkyerɛ 38 “Hoate sɛ bɛkaa sɛ, ‘ani nsi ani ananem, na sẽ nso nsi sẽ ananem.’ 39 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ho ne bɔnefoɔ nni asie. Nso sɛ bi pae w’aso nifa mu a, dane baako he nso ma no; 40 sɛ bi pɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ɔfa w’ataadeɛ ngusoɔ a, fa deɛ ɔhyɛ aseɛ he so ka no ho; 41 na sɛ bi hyɛ wo sɛ wo ne no nkɔ borɔfo-kwansini baako a, kɔ borɔfo-kwansini mmienu. 42 Adeɛ biaa a bi bɛsrɛ afiri wo hɔ he, fa ma no, na deɛ ɔfɛm bibi firi wo hɔ biaa nkame no. Dɔ w’atamfoɔ 43 “Hoate sɛ bɛkaa sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko na tane w’atamfoɔ.’ 44 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Honnɔ ho atamfoɔ na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛtaa ho, 45 saa ne bɛma ho ayɛ ho Agya a ɔya soro he mma; efiri sɛ ɔma awia pie abɔnefoɔ ne ateneneefoɔ so, na ɔtɔ nsuo gu ateneneefoɔ ne bɛ a bɛnnyɛ ateneneefoɔ so. 46 Na sɛ hodɔ bɛ a bɛdɔ ho a, mmɛ akatua ne hobenya? Togyefoɔ mpo nnyɔ saa anaa? 47 Na sɛ ho kyea ho nuanom nkoaa a, mmɛ ne ho ayɔ akyɛne binom? Amanamane mufoɔ mpo nnyɔ saa? 48 Honyɛ pɛ, efiri sɛ, ho Agya ɔya soro he yɛ pɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana