Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 28 - Apam Foforɔ


Yesu wusɔreɛ
( Marko 16:1-10 ; Luka 24:1-10 ; Yohane 20:1-18 )

1 Na homeda twaa mu he, nnawɔtwe he da a odi kane ahemakye, Maria Magdalene ne Maria foforɔ he baa sɛ bɛbɛhwɛ da he.

2 Na mpofirem, asaasewosoɔ kɛseɛ siiɛ, na Awurade bɔfoɔ firi soro siane baeɛ, beminii boɔ he firii da he ano, na ɔtenaa so.

3 Na ne ho te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ asukɔtwea.

4 Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ he ho popoeɛ, na bɛyɛɛ sɛ nea bɛawuwu.

5 Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ mmaa he sɛ, “Honnsuro! Na menim sɛ hoohwehwɛ Yesu a bɛbɔɔ no asennua mu he.

6 Onni ha, na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ he. Hommra mmɛhwɛ baabi a na ɔda!

7 Na honkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, oodi ho anim kane akɔ Galilea, hɔ ne hobehu no.’ Hwɛ, maka akyerɛ ho.”

8 Nti befirii damena he so ntɛmaa de suro ne anigye kɛseɛ tutuu mmirika sɛ bɛɛkɔka akyerɛ n’asuafoɔ he.

9 Na ntɛmaa, Yesu hyiaa bɛ kaa sɛ, “Asomdwie nka ho!” Na bɛbaa ne nkyɛne bɛsɔɔ ne nane koto sɔree no.

10 Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”


Awɛmfoɔ he amanebɔ

11 Bere a bɛnam kwane so ɔɔkɔ he, hwɛ, awɛmfoɔ he bi kɔɔ kuro he mu kɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyimfoɔ he.

12 Na berɛ a bɛ ne mpanyimfoɔ he hyiaeɛ he betuu agyina bɔɔ pɔ maa awɛmfoɔ he sika kɛseɛ

13 ka kyerɛɛ bɛ sɛ “Honka sɛ, ‘Anadwo a na yɛadeda he ne n’asuafoɔ he bewiaa no.’

14 Na sɛ Amrado he te yei a, yɛbɛkyerɛ no mu na ho ho anka adwaam.”

15 Nti bɛgyee sika he, ne bɛkɔyɔɔ sɛdeɛ bɛhyɛɛ bɛ he. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de besi nnɛ.


Asɛmpatrɛ adwuma ho ahyɛdeɛ

16 Afei asuafoɔ dubaako he kɔɔ, bepɔ bi a ɔya Galilea a na Yesu akyerɛ bɛ he so.

17 Behuu no he, bɛkoto sɔree no, nso binom gyee akyinnye.

18 Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.

19 Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,

20 na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan