Mateo 26 - Apam FoforɔBɛbɔɔ pɔ faa Yesu ku ho ( Marko 14:1 , 2 ; Luka 22:1-2 ; Yohane 11:45-53 ) 1 Na Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, 2 “Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.” 3 Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ, 4 na bɛbɔɔ pɔ sɛ bɛbɛfa nyansa kwane so akye Yesu aku no. 5 Nso bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ afahyɛ berɛ he mu ne ɔsɛ sɛ bɛyɔ saa, anyɛ saa basabasa bɛba mane he mu.” Bɛsraa Yesu ngo ya Betania ( Marko 14:3-9 ; Yohane 12:1-8 ) 6 Na berɛ a Yesu ya Betania, Simon kwatani he fie he, 7 baa bi de toa bi a aduhwam bi a ne boɔ ɔdene gu mu baa hɔ, na ohwie guu Yesu ti mu, berɛ a ɔte adidiiɛ he. 8 Nso asuafoɔ he huiɛ he, bɛ bo fuiɛ, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne woasɛe aduhwam yi sei? 9 Nka bebetumi atɔno agye sika kɛseɛ, na bɛde sika he ama ahiafoɔ.” 10 Na Yesu huu yɛ he, obisaa sɛ, “Ɛɛne nti ne hooha baa he? Waayɔ adwuma pa ama me. 11 Na howɔ ahiafoɔ ya ho nkyɛne daa, na me deɛ hoonya me daa. 12 Aduhwam a ohwie guu me so he, ɔde asiesie me ama me sie. 13 Meeka akyerɛ ho nɔkorem, wiase baabi a bɛ bɛpae mu aka asɛmpa yi, bɛbɛka deɛ baa yi ayɔ yi de akae no.” Yuda Iskariot gye tomm sɛ obeyi Yesu ama ( Marko 14:10 , 11 ; Luka 22:3-6 ) 14 Na dummienu he mu baako a bɛfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he hɔ 15 na obisaa bɛ sɛ, “Sɛ meyi no ma ho a, mmɛ ne hode bɛma me?” Betuaa dwetɛbena aduasa maa no. 16 Na ofiri saa berɛ he, ɔhyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ akwannya bi a ɔde beyi Yesu ama. Yesu ne n’asuafoɔ he dii Twam Afahyɛ he ( Marko 14:12-16 ; Luka 22:7-13 ) 17 Da a odi twam, kyerɛ sɛ afahyɛ a bedi Paanoo a Mmɔreka nni mu, kane he, asuafoɔ he baa Yesu nkyɛne bebisaa sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yesiesie ma wodi Twam aduane he?” 18 Ɔkaa sɛ, “Hokɔ kuro he mu a, hobehu beema bi, honka nkyerɛ no sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ, Me berɛ abɛne; na me ne m’asuafoɔ he bedi twam aduane he wo fie.’ ” 19 Nti asuafoɔ he yɔɔ deɛ Yesu kaeɛ he, na besiesie Twam aduane he. Awurade adidie ( Marko 14:17-26 ; Luka 22:14-23 ; Yohane 13:21-26 ) 20 Afei nwunu dwoeɛ he, ɔne n’asuafoɔ dummienu he tenaa ase; 21 na beedidi he, ɔkaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorɛ mu sɛ, ho mu baako beyi me ama.” 22 Yei maa bɛyɛɛ basaa paa, na bɛhyɛɛ aseɛ bisaa no sɛ, “Awurade, ɔyɛ me anaa?” 23 Obuaa sɛ, “Deɛ ɔne me to nsa didi ayowa baako mu he ɔno ne beyi me ama.’ 24 Nipa Ba he ɔɔkɔ sɛdeɛ bɛahyɛ ato hɔ ama no deɛ, nso nea ɔnam ne so beyi no ama he nnue! Sɛ bɛanwo saa nipa he mpo a nka ɔyɛ.” 25 Yuda, deɛ oyi no maeɛ he kaa sɛ, “Rabi, ɔyɛ me anaa?” Yesu buaa sɛ, “Ɛɛ, ɔno ne woaka he.” Awurade adidi nhyehyɛeɛ 26 Berɛ a beedidi he, Yesu faa paanoo, ohyiraa so wieeɛ he, obubu de maa asuafoɔ he kaa sɛ, “Honnye, honni; me nipadua di.” 27 Na ɔfaa kuruwaa, na ɔdaa ase wieeɛ he, ɔde maa bɛ kaa sɛ, “Ho nyinaa honnom bi; 28 na yei ne me mogyaa a ɔyɛ apam he mogyaa a, nnipa bebree nti beehwie agu ama bɔne fakyɛ. 29 Meeka akyerɛ ho, mennom saa bobesa yi bi bio kosi da a me ne ho bɛnom no kwane foforɔ so m’ Agya ahennie mu.” 30 Na bɛtoo ayeyie nnwom wieeɛ he, befiri adi kɔ Ngo Bepɔ he so. Yesu hyɛɛ pa a Petro bɛpa no he ho nkɔm ( Marko 14:27-31 ; Luka 22:31-34 ) 31 Afei Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Anadwo yi, deɛ ɔbɛba me so he bɛto ho nyinaa sintidua; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ dwanhwɛfoɔ he, na nnwane he bɛhwete.’ 32 Na sɛ mesɔre firi awufoɔ mu a, medi ho anim kane akɔ Galilea.” 33 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔbɛba wo so he bɛto biaa sintidua a, me deɛ ɔnto me sintidua koraa.” 34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Meeka akyerɛ wo nɔkorem, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔno he, na woapa me mprɛnsa.” 35 Petro ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ otwa sɛ me ne wo wu mpo a, mempa wo da.” Na saa ne asuafoɔ he nyinaa nso kaeɛ. Yesu bɔɔ mpaeɛ ya Getsemane ( Marko 14:32-42 ; Luka 22:40-46 ) 36 Afei Yesu ne n’asuafoɔ he kɔɔ bea bi a bɛfrɛ hɔ Getsemane; na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontena ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ.” 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma mmeema mmienu he kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ dii awerɛhoɔ na ne ho yera no. 38 Na ɔka kyerɛ bɛ sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de ɔɔkɔ wuo mu; hontwɛne ha na ho ne me nwɛne.” 39 Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).” 40 Afei ɔsane baa asuafoɔ he nkyɛne behuu sɛ bɛɛda; na ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nti wantumi ne me anwɛne dɔnhwere baako mpo? 41 Honwɛne na hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu; honhom he pɛ deɛ nso honam he ɔmmerɛ.” 42 Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.” 43 Bio, ɔba behuu sɛ bɛɛda, efiri sɛ na bɛ ani kum yie. 44 Nti ogyaa bɛ hɔ bio he, ɔkɔ kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so na ɔkaa asɛm korɔ heaa. 45 Na afei ɔbaa asuafoɔ he nkyɛne bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nti hogu so ɔɔda gye ho ahome? Hwɛ, berɛ he abɛne, sɛ bebeyi Nipa Ba he ahyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa. 46 Honsɔre, mma yɛnkɔ. Hwɛ, deɛ obeyi me ama he abɛne.” Yuda Iskariot de asraafoɔ baa Turom hɔ ( Marko 14:43-50 ; Luka 22:47-53 ; Yohane 18:3-12 ) 47 Na ogu so ɔɔkasa he, Yuda a ɔyɛ dummienu he mu baako beduru hɔ, na nnipadɔm pii ka ne ho a bekitakita asekane ne mmaa a na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ na asoma bɛ. 48 Na deɛ obeyi no ama he maa bɛ nsɛnkyerɛnne ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Deɛ mɛfe n’ano he, ɔno ne nipa a hoohwehwɛ no he, honkye no.” 49 Prɛko pɛ, Yuda baa Yesu nkyɛne bɛkaa sɛ, “Rabi, Mekyea wo,” na ɔfee n’ano. 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Damfo, yɔ deɛ wobaa ha sɛ woobɛyɔ he ntɛm.” Na afei bɛba bɛsɔɔ Yesu mu na bɛkyee no. 51 Amonom hɔaa, bɛ a bɛka Yesu ho he mu baako twee ne sekane twaa sɔfo panyini he akoa aso. 52 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu; na bɛ a bɛtwe sekane he nyinaa bewu sekane ano. 53 Anaa wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’agya, ma ɔnsoma abɔfoɔ bɛboro dɔm dummienu mmra me seeseiaa anaa? 54 Na nka ɔbɛyɛ dɛ na atwerɛ a ɔka sɛ otwa sɛ ɔba saa he abam?” 55 Afei, Yesu bisaa nnipadɔm he sɛ, “Hode sekane ne mmaa ne ɔɔbɛkye me, te sɛ nea meyɛ korɔmfoɔ? Da biaa mete asɔredane mu kyerɛkyerɛ he, hoankye me. 56 Nso yei nyinaa asi, sɛ ɔbɛyɛ a adiyifoɔ he atwerɛ he bɛba mu.” Afei asuafoɔ he nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ. Bɛde Yesu kogyinaa sɔfo panyini anim ( Marko 14:53-72 ; Luka 22:54-71 ; Yohane 18:13-27 ) 57 Afei bɛ a bɛkyee Yesu he de no kɔmaa Kaiafa, sɔfo panyini a na atwerɛfoɔ he ne mpanyimfoɔ he ahyiam ne fie. 58 Na Petro dii n’akyi akyirikyiri de koduruu sɔfo panyini he abane mu hɔ, na ɔkɔɔ mu he ɔne asraafoɔ he tenaa ase sɛ ɔɔbɛhwɛ deɛ obesi. 59 Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne badwa he nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekunumu, na bɛagyina so de aku no, 60 nso bɛannya bi, owom sɛ adansekunumufoɔ bebree baeɛ. Na akyire yi mmienu bi baeɛ 61 na bɛbɛkaa sɛ, “Akoa yei kaa sɛ, ‘Metumi de dakorɔ abubu asɔredane he na mede nnansa asi.’ ” 62 Na sɔfo panyini he sɔre bisaa no sɛ, ‘Wonni anoyie biaa? Mmɛ adanseɛ ne beedi tia wo yi?” 63 Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!” 64 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woaa woaka, Na meeka akyerɛ ho, Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Nyankopɔn Tumfoɔ nifa so na ɔte soro mununkum so ɔɔba asaase so.” 65 Na afei sɔfo panyini he sunsuanee n’ataadeɛ mu kaa sɛ, “Woaka abususɛm! Ɛɛne nti ne yɛda so hia adansefoɔ? Afei hoate n’abususɛm he. 66 Ho adwene ne sɛ?” Bebuaa sɛ, “Ɔfata wuo.” 67 Na bɛtoo ntasuo guu n’anim na bɛbobɔɔ no, na binom bɔɔ n’asum, 68 kaa sɛ, “Kristo, hyɛ yɛ nkɔm! Hwane ne bɔɔ wo yi?” Petro paa Yesu 69 Berɛ a yeinom ɔɔkɔ so he na Petro te fie he adihɔ. Abaawa bi baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Wo nso na woka Yesu a ofiri Galilea he ho.” 70 Na ɔsanee bɛ nyinaa bɛ anim kaa sɛ, “Mennim deɛ wooka ho asɛm yi.” 71 Petro pie kɔɔ abranaa he so he, abaawa foforɔ huu no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a begyina hɔ he sɛ, “Na beema yi ka Nasareni Yesu ho.” 72 Bio, ɔkaa ntam de sanee ne ti sɛ, “Mennim beema he.” 73 Mmerɛ kakra akyi he, bɛ a begyina hɔ he bi baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nɔkwasɛm, wo nso woka bɛ ho, na wo kasaa kyerɛ saa.” 74 Na ɔhyɛɛ aseɛ dii nse kaa ntam sɛ, “Mennim beema he!” Saa berɛ he, akokɔ bɔneeɛ. 75 Na Petro kae Yesu asɛm a ɔkaa sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔno he na woapa me mprɛnsa.” Na ofirii adi kosuu yayaaya. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana