Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 25 - Apam Foforɔ


Yesu de soro ahennie he totoo Mmabaa bi ho

1 Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.

2 Na bɛ mu nnum yɛ mmadwemma, na nnum nso nyɛ mmadwemma.

3 Berɛ a bɛ a bɛnyɛ mmadwemma he faa bɛ nkanea he bɛamfa ngo anka ho;

4 nso mmadwemma he deɛ bɛfaa ngo kaa bɛ nkanea he ho.

5 Ɔkyɛreɛ a ayefokunu he mmaeɛ he, bɛ nyinaa bɛ ani kumiiɛ na bɛdedaeɛ.

6 Nso anadwo dasuom bɛtee nteamu, ‘Hwɛ, ayefokunu he di! Hommra mmehyia no.’

7 Nti mmabaa he nyinaa sɔre sosɔɔ bɛ nkanea he.

8 Bɛ a bɛnyɛ mmadwemma he ka kyerɛɛ mmadwemma he sɛ, ‘Homma yɛ ho ngo yi bi, na yɛ nkanea he oodumdum.’

9 Nso mmadwemma he buaa bɛ sɛ, ‘Daabi, ɔnso yɛ ne ho; honkɔ adetɔnfoɔ hɔ nkɔtɔ bi.’

10 Na bɛkɔɔ sɛ bɛɛkɔtɔ bi he, ayefokunu he baeɛ, na bɛ a bɛasiesie bɛ ho he ne no kɔɔ ayefohyia he ase; na bɛtoo pono he mu.

11 Yei akyi he, mmabaa a bɛnyɛ mmadwemma he nso baeɛ, na bɛkaa sɛ, ‘Owura, owura, bie yɛ.’

12 Nso obuaa sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, mennim ho.’

13 Saa nti honwɛne, efiri sɛ honnim da anaa dɔnhwere korɔ he a (Nipa Ba he bɛba.)


Akontabuo ho mfantoho
( Luka 19:12-27 )

14 “Na ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde n’agyapadeɛ hyɛɛ bɛ nsa;

15 ɔmaa baako sika dwetire mmɔho nnum, na foforɔ so mmɔho mmienu na foforɔ so baako, sɛdeɛ biaa ahoɔdene teɛ. Na ɔkɔɔ ne kwane.

16 Deɛ onyaa sika dwetire nnum he ntɛmaa ɔde kodii dwa, na ɔnyaa sika dwetire mmɔho nnum kaa ho.

17 Saa ne deɛ onyaa mmienu he nso nyaa mmienu kaa ho.

18 Nso deɛ onyaa baako he kɔ kotutuu fam na ɔde ne wura sika he siee hɔ.

19 Mmerɛ tentene bi akyi he, nkoa he wura he baeɛ na ɔne bɛ bebuu akonta.

20 Na deɛ onyaa sika dwetire mmɔho nnum he baa anim, de sika dwetire mmɔho nnum foforɔ baeɛ, ɔkaa sɛ ‘Owura, womaa me sika dwetire mmɔho nnum; hwɛ mede nnum abɛka ho.’

21 Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa ne nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’

22 Na nea ɔnyaa sika dwetire mmɔho mmienu he so baeɛ, bɛkaa sɛ, ‘Owura, womaa me sika dwetire mmɔho mmienu; hwɛ manya mmɔho mmienu aka ho.’

23 Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’

24 Afei deɛ onyaa sika dwetire baako he nso baeɛ, bɛkaa sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ bi a wo asɛm ɔdene, wotwa aba firi baabi a wonnuaeɛ, na woboaboa ano baabi wonto aba mpeteeɛ;

25 nti mesuroeɛ, na mede wo sika he kosiee fam. W’adeɛ di, gye.’

26 Nso ne wura he buaa sɛ, ‘Wo akoa bɔne ne anihafoɔ! Wonnim sɛ metwa baabi a mennguiɛ, na meboaboa ano baabi a memmfa mmpeteɛ?

27 Saa deɛ a nka ɔsɛ sɛ wode me sika he kɔto sika korabea, na mesane ba a, manya me sika he ne ho ba.

28 Afei honye mfiri ne nsam, homfa mma nea ɔnyaa dwetire du he.

29 Na bɛ a bɛanya bi aka nea bɛde ama bɛ ho he, bɛde bebree bɛka bɛ ho, na bɛanya ama no abu so; na bɛ a bɛanya hwee anka nea bɛde ama bɛ ho he deɛ, kakra a bɛwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri bɛ nsam.

30 Akoa a ne so nni mfasoɔ yi deɛ, homfa ne nto sum kabii mu, baabi a suu ne setwerɛ ya.’


Atemmuda kɛseɛ he

31 “Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.

32 Amane nyinaa bɛboaboa bɛ ano n’anim, na ɔbɛpaepae nnipa mu sɛ dwanhwɛfoɔ paepae nnwane firi mmirekyie mu,

33 na ɔde nnwane he begyina ne nsa nifa so na mmirekyie he nso ɔde bɛ agyina ne nsa benkum so.

34 Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;

35 efiri sɛ kɔm dee me na homaa me aduane diiɛ, nsukɔm dee me na homaa me nsuo nomeeɛ, meyɛɛ hɔhoɔ na hode me kɔɔ fie,

36 medaa adagya na hofiraa me ntoma, meyareeɛ, na hohwɛɛ me, mekɔdaa afiase na hobɛsraa me.’

37 Na teneneefoɔ he bebua sɛ, ‘Awurade, da bɛ ne yehuu sɛ kɔm de wo na yɛmaa wo aduane diiɛ, anaa nsukɔm de wo na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?

38 Na da bɛ ne yehuu sɛ woyɛ hɔhoɔ na yɛfaa wo kɔɔ fie, anaa woda adagya na yefiraa wo ntoma?

39 Na da bɛ ne yehuu sɛ woyare anaa woda afiase na yɛbaa wo nkyɛne?’

40 Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’

41 Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;

42 efiri sɛ kɔm dee me nso hoamma me aduane, nsukɔm dee me, nso hoamma me hwee annom,

43 meyɛɛ hɔhoɔ nso hoamfa me ankɔ fie, medaa adagya nso hoamfira me ntoma, meyareeɛ na mekɔdaa afiase nso hoammɛsra me.’

44 Hɔ ne bɛ so bɛbɛka sɛ, ‘Awurade, da bɛ na yehuu sɛ kɔm de wo anaa sukɔm de wo, anaa woyɛɛ hɔhoɔ anaa wodaa adagya anaa woyareɛ anaa wokɔdaa afiase, na yɛannyɔ wo yie?’

45 Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’

46 Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan