Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 24 - Apam Foforɔ


Asɔrefie sɛeɛ ho nkɔmhyɛ
( Marko 13 ; Luka 21:5-36 )

1 Na Yesu firii asɔredane mu a na ɔɔkɔ he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkyerɛɛ no asɔrefie he mu adane ahodoɔ.

2 Obisaa bɛ sɛ, “Hoahu yeinom nyinaa anaa? Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, bennya boɔ baako mpo mma ɔnka a benwiri ngu.”


Awieeɛ mmerɛ ho nsɛnkyerɛnne

3 Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?”

4 Yesu buaa bɛ sɛ, “Honhwɛ yie na bi annaadaa ho.

5 Efiri sɛ bebree bɛba me dini mu, abɛka sɛ, ‘Me ne Kristo he,’ na bɛbɛdaadaa nnipa bebree.

6 Na hobɛte ko ne akosɛm; honhwɛ yie na ho akoma antu; efiri sɛ otwa sɛ yeinom nyinaa ba, nso na awieeɛ he nya mmaeɛ.

7 Na amane bɛsɔre atia amane, na ahennie bɛsɔre atia ahennie, kɔm bɛba na asaase wosoɔ nso bɛba baabi bebree.

8 Na yeinom nyinaa te sɛ awoko yea mfitiaseɛ.


Taa ho nkɔmhyɛ

9 “Saa mmerɛ he bebeyi ho ama sɛ bɛmfa homfa ahohiahia mu, na bɛaku ho, na me dini nti amane nyinaa bɛtane ho.

10 Na bebree bɛpa bɛ gyidie, na bebeyiyi bɛ ho bɛ ho ama na bɛatentane bɛ ho bɛ ho.

11 Na atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree.

12 Na ɔnam sɛ amumuyɔ bɛdɔɔso nti, bebree dɔ ano bɛdwo.

13 Na nipa a obegyina akosi awieeɛ he deɛ, bɛbɛgye no nkwa.

14 Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.


Akyiwadeɛ a ɔbɔ mane

15 “Nti sɛ hohu sɛ akyiwadeɛ a ɔbɔ mane he gyina kronkronbea hɔ a, sɛdeɛ diyifoɔ Daniel kaeɛ he a (otwa sɛ deɛ ɔkenkane he te aseɛ),

16 hedeɛ bɛ a bɛya Yudea he nnwane nkɔ bepɔ so;

17 deɛ ɔya dane atifi he nnsiane nkɔfa bibi ne dane mu;

18 deɛ ɔya afuom nsane mma fie mmɛfa ataadeɛ.

19 Bɛ a bɛafa afuro ne bɛ a bɛma mma nofoɔ nnue saa da he!

20 Hommɔ mpaeɛ sɛ saa da yi ɔmma awɔ anaa sutɔberɛ anaa homeda.

21 Saa berɛ he ahokyerɛ kɛseɛ a ofiri wiase mfitiaseɛ besi nnɛ bi mmaa da na bi nso ɔmma bio bɛba.

22 Sɛ bɛantwa saa nna he so a, biaa nni hɔ a obenya nkwa; nso bɛ a bɛayi bɛ he nti bebetwa nna he so tia.

23 Na sɛ bi ka kyerɛ ho sɛ, ‘Hwɛ, Kristo he di!’ Anaa ‘Ɔya ha a!’ Honnnye nnni.

24 Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.

25 Honhyɛ no nso sɛ maaka akyerɛ ho dada.

26 Nti, sɛ bɛka kyerɛ ho sɛ, ‘Hwɛ! Ɔya serɛ so a,’ honnkɔ. Sɛ bɛka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔya piem a,’ honnye nnni.

27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apieɛ kɔ atɔeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he maeɛ mu.

28 Baabi a funu ya he hɔ ne mpɛtɛ boa bɛ ano.


Nipa Ba he mmaeɛ

29 “Saa ahohiahia nna he akyi pɛ awia bɛyɛ sum, na bosome ɔnhyerɛn; na nsoromma betutu afiri soro agu, na soro ahoɔdenneɛ bɛwoso.

30 Na Nipa Ba he ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi soro, na asaase so mmusuakuo nyinaa besu, na bebehu ‘Nipa Ba he sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ nam soro mununkum mu ɔɔba.’

31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.


Borɔdoma ho adesua

32 “Honsua bibi mfiri borɔdoma ho: Sɛ ne mmane nya yɛ frɔmfrɔm na ooyiyi ahahane a, na honim sɛ ahuhuro berɛ abɛne.

33 Saa ara nso ne sɛ hohu yeinom nyinaa a, honhu sɛ Kristo mmaeɛ he abɛne, ogyina pono ano.

34 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, awoɔntoatoasoɔ yi ontwam ansa na yeinom abam.

35 Soro ne asaase betwam, nso me nsɛm deɛ, ontwam da.


Honwɛne

36 “Nso saa da ne dɔnhwere he deɛ biaa nnim, soro abɔfoɔ, anaa Ɔba he mpo nnim, gye sɛ Agya he nkoaa.

37 Na sɛdeɛ Noa nna he yɛeɛ he, saa ne Nipa Ba he so maeɛ bɛ yɛ.

38 Saa mmerɛ he, ansa na nsuhyiri he ɔɔba he, nnipa didiiɛ, na bɛnomeeɛ, mmeema wareeɛ na bɛde maa maa awareɛ, kosii sɛ Noa wuraa adaka he mu.

39 Na bɛanhu hwee kosi sɛ nsuhyiri he baeɛ bɛfaa bɛ nyinaa kɔeɛ. Na sɛdeɛ ɔyɛeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he mmaeɛ mu.

40 Ɔte sɛ nnipa mmienu ya afuom; bɛbɛfa baako na bɛagya baako hɔ.

41 Saa ara nso ne ɔte sɛ mmaa mmienu ɔɔyam wiyammoɔ so a; bɛbɛfa baako na bɛagya baako hɔ.

42 Saa nti ho nkɔ so nwɛne, efiri sɛ honnim da korɔ a ho Wura bɛba.

43 Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu.

44 Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.


Akoa nɔkwafoɔ ne akoa a onni nɔkorɛ

45 “Afei, hwane ne akoa nɔkwafoɔ ne nyansafoɔ a, ne wura de no asi ne fie so, sɛ ɔma nkoa a bɛhyɛ n’ase aduane ne berɛ mu?

46 Nhyira ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔɔyɔ saa.

47 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, ɔbɛma saa akoa he adi n’agyapadeɛ nyinaa so.

48 Nso sɛ akoa timɔdenfoɔ he ka no ne tim sɛ, ‘Me wura akyɛre,’

49 na ofiri aseɛ boro nkoa a bɛhyɛ n’ase na ɔne nsaborofoɔ didi na bɛnom nsa a,

50 ne wura he bɛba da korɔ a n’ani nna so ne dɔnhwere a onnim mu.

51 Obetwitwa ne mu na ɔde no aka nyaatwomfoɔ ho ya baabi a suu ne setwerɛ ya.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan