Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 23 - Apam Foforɔ


Kɔkɔbɔ a Yesu bɔ faa Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nkyerɛkyerɛ ho
( Marko 12:38-40 ; Luka 20:45-47 )

1 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm he ne n’asuafoɔ he sɛ,

2 “Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he atena Mose akonnwa so;

3 Ne saa nti honyɔ deɛ bɛbɛkyerɛkyerɛ ho biaa na honni so.

4 Bɛkyekyere nnesoa duruduru a ne soa ɔdene, na bɛde ato afoforɔ mmati so; nso bɛ ankasa deɛ bɛmpɛ sɛ bɛde bɛ nsa teaa mpo ka nnesoa he.

5 Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.

6 Bɛpɛ tenabea a anidie ya mu ya apontoɔ ase, ɔne hyiadane mu nkonnwa pa,

7 ne dwa so nkyea a anidie yam, ɔne sɛ nipa bɛfrɛ bɛ Rabi!

8 Nso ɔnsɛ sɛ bɛfrɛ ho Rabi, efiri sɛ ho kyerɛkyerɛfoɔ yɛ baako, na ho nyinaa hoyɛ asuafoɔ.

9 Na hommfrɛ biaa ho Agya asaase so, efiri sɛ, howɔ Agya baako, deɛ ɔya soro he.

10 Afei homma bɛmmfrɛ ho akyerɛkyerɛfoɔ nso, efiri sɛ, howɔ kyerɛkyerɛfoɔ baako, ɔno ne Kristo he.

11 Deɛ ɔyɛ kɛseɛ paa ho mu he bɛyɛ ho somfoɔ.

12 Biaa a ɔma ne ho so he bɛbrɛ no ase, na biaa a ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.

13 “Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.

14 [Ho atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ honnue! Hofa akunafoɔ nnoɔma na sɛdeɛ bebehu ho nti hobɔ mpaeɛ atentene; nti hobenya afobuo a mu oduru.]

15 Ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hotware po ne asaase kɔ sɛ hokɔsakra nipa baako, na homa saa nipa he bɛyɛ ho fekuoni; na sɛ ɔyɛ a, homma ɔbɛfata brosamgyam amanehunu mprenu sɛ ho ankasa.

16 “Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ, honnue! Ho a hoka sɛ, ‘Sɛ bi de hyiadane ka ntam a, ntam he nyɛ hwee, na mmom sɛ bi de hyiadane mu hɔ sikakɔkɔɔ ka ntam a ntam he kyekyere no.’

17 Ho anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɔya he ne sombo, sikakɔkɔɔ he anaa hyiadane he a woama sikakɔkɔɔ he ho ate he?

18 Na hoka sɛ, ‘Deɛ ɔde afɔrebokyia ka ntam he, hwee nkyekyere no, nso biaa a ɔde akyɛdeɛ a ɔda afɔrebokyia he so ka ntam he, ntam he kyekyere no.’

19 Ho ani afira paa! Na deɛ ɔya he ne sombo, akyɛdeɛ he anaa afɔrebokyia a ɔma akyɛdeɛ he ho te he?

20 Nti biaa a ɔde afɔrebokyia ka ntam he ka ɔne deɛ ɔya so nyinaa ntam;

21 na biaa a ɔde hyiadane he ka ntam he, ɔde ɔne deɛ ɔte mu he ne ka ntam;

22 na biaa a ɔde soro ka ntam he, ka Nyankopɔn adwa ne deɛ ɔte so he ntam.

23 “Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hoyi mmee ne nunum ne kumin mma ho ntotosoɔ du du, na hobu ho ani gu mmara he mu nnoɔma deɛ ohia kyɛne yeinom he so: atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne gyidie. Yeinom a ohia kɛseɛ he ne nka ɔsɛ sɛ hoyɔ berɛ a hommu ho ani ngu deɛ aka he nso so.

24 Ho, akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ! Hosɔne anonneɛ so yi nwansena to twene nso homene yoma!

25 “Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ honnue! Efiri sɛ, hohohoro kuruwaa ne ayowa ho, nso mu deɛ, adufudepɛ ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ ma.

26 Ho Farisifoɔ anifirafoɔ! Honhohoro kuruwaa he mu kane na ho he nso afiri.

27 “Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hote sɛ nna a bɛatwa ho fitafita a ɔyɛ fɛ abɔntene, nso mu deɛ funu nnompe ne fi ahodoɔ ahyɛ no ma.

28 Saa ne ho nso, afoforɔ hu ho ateneneefoɔ abɔntene, nso nyaatwom ne mmarato ahyɛ ho mu ma.

29 “Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hoyɔ adiyifoɔ bɛ nna na hosiesie ateneneefoɔ adamena,

30 na hoka sɛ, ‘Sɛ na nka yɛya hɔ yɛ nananom berɛ so a, nka yɛ ne bɛ ommom nhwie adiyifoɔ he mogyaa ngu.’

31 Nti hodi adanseɛ tia ho ho sɛ hoyɛ bɛ a bekuku adiyifoɔ he asefoɔ.

32 Saa deɛ a honwie deɛ ho agyanom hyɛɛ aseɛ he.

33 Awɔ, anankatia mma! Hobɛyɛ dɛ adwane atemmuo a ɔde hobɛkɔ bronsam gya mu he?

34 Nti meesoma adiyifoɔ, anyansafoɔ ne atwerɛfoɔ, na hobeku binom na hobɛtwa binom mmaa ho hyiadane mu na hoataa bɛ afiri kuro so akɔ kuro so,

35 sɛ ɔbɛyɛ a mogyaa a odi bem a bɛahwie agu asaase so nyinaa bɛba ho so, ofiri teneneeni Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a hokuu no asɔredane ne afɔrebokyia ntam he.

36 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, yei nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.


Yerusalem ho kwadwom

37 “Yerusalem, Yerusalem, kuro a oku adiyifoɔ na osi bɛ a bɛasoma bɛ ne nkyɛne aboɔ! Hwɛ mprɛ dodoɔ a meepɛ sɛ mɛboaboa wo mma ano sɛdeɛ akokɔ baatane boaboa ne mma ano ne ntabane ase, nso hoampɛ!

38 Hwɛ, obegya wo fie ama no ada mpan.

39 Na meeka akyerɛ ho, honhu me bio de bɛkɔ akosi sɛ hobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔɔba Awurade dini mu he.’ ”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan