Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 22 - Apam Foforɔ


Yesu de soro ahennie totoo ayefohyia ho
( Luka 14:16-24 )

1 Bio, Yesu de mfantoho bi kyerɛkyerɛ bɛ sɛ:

2 “Soro ahennie he te sɛ hene bi a otoo ayefohyia pono maa ne ba.

3 Ɔsomaa ne nkoa sɛ bɛnkɔfrɛ bɛ a bɛtoo nsa frɛɛ bɛ ayefohyia he ase nyinaa, nso bɛampɛ sɛ bɛba.

4 Nti ɔsane somaa nkoa foforɔ, kaa sɛ, ‘Honka nkyerɛ bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ he sɛ: Hwɛ masiesie me nnuane, maaku m’anantwie ne mmoa a bɛadɔre sradeɛ, mawie nnoɔma nyinaa; hommra ayefohyia apontoɔ he ase.’

5 Nso bɛamfa n’asɛm he annyɛ hwee na bɛkɔɔ bɛ baabi, baako kɔɔ n’afuom, bi nso kɔɔ n’adwuma,

6 binom nso kyee nkoa he, bɔɔ bɛ adapaa kukuu bɛ.

7 Na hene he bo fuiɛ. Ɔsomaa ne dɔm maa bɛkɔsɛe saa wudifoɔ he hyee bɛ kuro.

8 Na ɔka kyerɛɛ ne nkoa he sɛ, ‘Bɛasiesie ayefohyia apontoɔ he awie, nso bɛ a bɛtoo nsa frɛ bɛ he, amfata bɛ.

9 Nti honkɔ mmɔntene so, na homfrɛ biaa a hobehu no ma no mmra ayefohyia apontoɔ he ase.’

10 Nti nkoa he te sii mmɔntene so na bɛboaboa bɛ a behuu bɛ nyinaa ano, nnipa pa ne nnipa bɔne; yei maa ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayefohyia apontoɔ dane he ma.

11 “Nso berɛ a hene he behuu ahɔhoɔ he, ohuu beema bi a na ɔnhyɛ ayefohyia ataadeɛ he bi,

12 na obisaa no sɛ, ‘Damfo, ɔyɛɛ dɛ na wonhyɛ ayefohyia ataadeɛ he bi, na nso wotumi bewuraa mu yi?’ Na akoa he tɔree mmum.

13 Na hene he ka kyerɛɛ asomfoɔ he sɛ, ‘Honkyekyere ne nsa ne ne nane, na honto no ntwene akyirikyiri sum kabii he mu, hɔ ne suu ne setwerɛ ya.’

14 Na bɛafrɛ bebree nso kakraa bi na bɛayi bɛ.”


Toɔtua ho asɛmmisa
( Marko 12:13-17 ; Luka 20:20-26 )

15 Na afei Farisifoɔ he kotuu agyina sɛ bebesum Yesu fidie asɛm a ɔbɛka ho.

16 Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.

17 Kyerɛ yɛ nea wodwene fa yei ho. Ɔsɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare, anaa sɛ ɔnsɛ yetua ma no?”

18 Nso ɔnam sɛ na Yesu nim bɛ adwemmɔne nti, ɔkaa sɛ, “Ho nyaatwomfoɔ, mmɛ nti ne hoosɔ me ahwɛ?

19 Homfa dwetɛ deɛ yɛde tua toɔ he bi nkyerɛ me.” Na bɛde denare braa no.

20 Na afei obisaa bɛ sɛ, “Hwane ti ne ne abodini ne bɛakurukyire agu sika yi so yi?”

21 Bebuaa sɛ, “Kaesare dea.” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a, homfa deɛ ɔyɛ Kaesare deɛ mma Kaesare, na homfa deɛ ɔyɛ Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.”

22 Berɛ a bɛteeɛ he, bɛ ho dwirii bɛ; na begyaa ne hɔ kɔeɛ.


Wusɔreɛ ho asɛmmisa
( Marko 12:18-27 ; Luka 20:27-40 )

23 Saa da heaa Sadukifoɔ a bɛ gyidie ne sɛ wusɔreɛ biaa nni hɔ he mu bi baa Yesu nkyɛne; na bebisaa no sɛ,

24 “Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ beema bi ware na wanwo ba na owu a, ne nua nware kunafoɔ he, na wawo mma ama ne nua a waawu he.’

25 Na yɛ ne anuanom nson ne ya ha; nea odi kane he wareeɛ, na owuiɛ a wannya ba, yei maa ne nua waree kunafoɔ he.

26 Deɛ ɔtɔ so mmienu he nso wuiɛ a wannya ba. Asɛm korɔ heaa too nea ɔtɔ so mmeɛnsa ne bɛ a bɛaka he nyinaa kosii nea ɔtɔ so nson he so.

27 Na bɛ nyinaa bɛ akyi he, kunafoɔ he ankasa nso wuiɛ.

28 Sɛ ɔkɔ ba saa a wusɔreɛ he mu he, nnipa nson he mu mmɛneɛ ne baa he bɛyɛ ne yerɛ berɛ a bɛ nyinaa bɛaware no da he?”

29 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi, te ne honte aseɛ yie, efiri sɛ honnim atwerɛeɛ he anaa Nyankopɔn tumi.

30 Na wusɔreɛ akyi he mmeema nware, na bɛmfa mma nso mma awareɛ, sɛnea abɔfoɔ a bɛya soro nware he, saa ara ne bɛ nso bɛnware.

31 Na awufoɔ sɔreeɛ ho he, honkenkanee deɛ Nyankopɔn ka kyerɛɛ ho sɛ,

32 ‘Meyɛ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn anaa’? Ɔnnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn.”

33 Na berɛ a nnipadɔm he tee saa he, ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ ahodwiri.


Dɔ ne mmara he mu kɛseɛ paa
( Marko 12:28-31 ; Luka 10:25-28 )

34 Afei berɛ a Farisifoɔ he tee sɛ Yesu aka Sadukifoɔ he ano atum he, behyia faako.

35 Na bɛ mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ paa de asemmisa sɔɔ no hwɛɛ sɛ

36 “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmaransɛm he mu nea ɔya he ne yɛ kɛseɛ paa?”

37 Obuaa no sɛ “Fa w’akoma nyinaa, wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.

38 Yei ne mmaransɛm he mu kɛseɛ paa ne deɛ odi kane.

39 Na deɛ ɔtɔ so mmienu a ɔte sɛ ɔno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’

40 Saa mmaransɛm mmienu yi so ne mmara ne adiyifoɔ he nyinaa gyina.”


Dawid ba ho asɛmmisa

41 Afei berɛ a Farisifoɔ he hyiaeɛ he, Yesu bisaa bɛ asɛm yi sɛ:

42 “Ɛɛne ne hodwene fa Kristo he ho? Ɔyɛ hwane ba?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔyɛ Dawid ba.”

43 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a mmɛ nti ne Dawid nam Honhom he so frɛ no Awurade, berɛ a ɔkaa sɛ,

44 ‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, “Tena me nsa nifa so, kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛhyɛ wo nane ase” ’?

45 Sɛ Dawid frɛ no Awurade a, ɔyɛɛ dɛ na ɔyɛ ne ba?”

46 Biaa antumi ammua no asɛm biaa, na ofiri saa da he biaa ammisa no asɛm biaa bio.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan