Mateo 20 - Apam FoforɔBobe turo mu adwumayɔfoɔ 1 “Na soro ahennie he te sɛ afuowura bi a ɔkɔɔ abɔntene anɔpatutuutu sɛ ɔɔkɔpɛ apaafoɔ akɔ ne bobe turo mu. 2 Ɔne bɛ dii ano maa osii sɛ obetua paani da korɔ akatua ama he, ɔmaa bɛkɔɔ ne bobe turo mu. 3 Berɛ a ofirii abɔntene bɛyɛ nnɔn nkron he, ohuu apaafoɔ foforɔ dwaso sɛ begyina hɔ a bɛnnyɔ hwee. 4 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso ho nkɔ bobe turo mu hɔ, na metua ho ka sɛdeɛ ɔsɛ.’ Nti bɛkɔeɛ. 5 Berɛ a ɔkɔɔ abɔntene bio bɛyɛ awigyina ne bɛyɛ nnɔn mmeɛnsa he, ɔyɔɔ saa. 6 Na ɔbɔɔ bɛyɛ nnɔn num he ɔkɔɔ abɔntene kohuu sɛ binom gyinagyina hɔ; na obisaa bɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hogyina hɔ kwa da mu nyinaa?’ 7 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Nipa biaa mmɔ yɛ paa nti a.’ Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso honkɔ bobe turo mu hɔ.’ 8 Nnwunu dwoeɛ he, bobe turo wura he ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ, ‘Frɛ apaafoɔ he na tua bɛ ka, firi deɛ otwa toɔ so kosi deɛ odi kane so.’ 9 Ɔfrɛɛ apaafoɔ a ɔfaa bɛ nnɔn num he baeɛ, na ɔmaa bɛ mu biaa sɛnea paani dakorɔ akatua teɛ. 10 Afei bɛ a bedii kane baeɛ he, na benim sɛ bebenya bebree; nso bɛ mu biaa nyaa sɛnea paani dakorɔ akatua teɛ. 11 Na bɛ nsa kaeɛ he, benwinwini tiaa bobe turo wura he, 12 kaa sɛ, ‘Yeinom a bɛbaa akyire yi yɔɔ adwuma dɔnhwere baako pɛ, nso woama yɛ a yɛayɔ adwuma da mũ nyinaa ama awia ahye yɛ ne bɛ nyinaa pɛ.’ 13 Nso obuaa bɛ mu baako sɛ, ‘Damfo, wotee me aseɛ sɛ wobɛgye dakorɔ akatua; nti menyɔɔ wo bɔne biaa. 14 Fa wo akatua kɔ; ɔyɛ mepɛ sɛ mɛma bɛ a bɛbaa akyire yi sɛ wo. 15 Menni ho kwane sɛ mede m’agyapadeɛ yɔ deɛ meaa me pɛ? Anaa m’ayamyɛ nti na w’ani abere yi? 16 Saa ne akyidifoɔ bedi kane, na adikanfoɔ mmom abedi akyire.” Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɔtɔ so mmeɛnsa ( Marko 10:32-34 ; Luka 18:31-33 ) 17 Berɛ a bɛɛkɔ Yerusalem he, Yesu frɛɛ asuafoɔ dummienu he gyinaa nkyɛne, na ɔka kyerɛɛ bɛ kwane so sɛ, 18 “Hwɛ, yɛɛkɔ Yerusalem, na bɛde Nipa Ba he bɛhyɛ asɔfo mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nsa, na bebebua no kumfɔ; 19 na bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa ama bɛadi ne ho fɛw na bɛabɔ no mmaa, na bɛabɔ no asennuam, na da a ɔto so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.” Ɔsɛ dikanfoɔ sɛ ɔyɛ somfoɔ ( Marko 10:35-45 ) 20 Afei Sebedeo mma he ne bɛ maame baa Yesu hɔ. Na bɛ maame he buu nkotodwe Yesu anim, na ɔsrɛɛ ne hɔ bibi. 21 Na obisaa no sɛ, “Mmɛ ne woopɛ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ sɛ w’ahennie mu hɔ me mma mmienu yi bɛtena wo nifa ne wo benkum so.” 22 Nso Yesu buaa sɛ, “Wonnim deɛ woobisa he. Hobetumi anom kuruwaa a mɛnom he bi?” Bebuaa sɛ, “Yebetumi.” 23 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Kuruwaa a mɛnom he deɛ ho nso hobɛnom, nso sɛ hobɛtena me nsa nifa ne benkum so deɛ, ɔnnyɛ me ne mede bɛma, na mmom, ɔya hɔ ma bɛ a m’ Agya asiesie de ama bɛ.” 24 Berɛ a asuafoɔ du he tee yei he, bɛ bo fuu anuanom mmienu yi paa. 25 Nso Yesu frɛɛ bɛ baa ne nkyɛne kaa sɛ, “Honim sɛ wiase Amanamane sodifoɔ hyɛ bɛ nkurofoɔ so, na bɛ mu akɛsefoɔ he di bɛ so tumi. 26 Ɔnsɛ sɛ ho deɛ hoyɔ saa; na deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ ho mu he ɔsɛ sɛ ɔyɛ ho mu somfoɔ, 27 na deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho mu dikanfoɔ he, ɔsɛ sɛ ɔyɛ akoa ho mu; 28 sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.” Yesu saa mmeema anifirafoɔ mmienu bi yadeɛ ( Marko 10:46-52 ; Luka 18:35-43 ) 29 Beefiri Yeriko he, nipadɔm pii tu dii n’akyi. 30 Na mmeema anifirafoɔ mmienu bi tete kwane nkyɛne. Berɛ a bɛtee sɛ Yesu ootwam he, bɛteaam sɛ, “Awurade hu yɛ mmɔbɔ, Dawid Ba!” 31 Nnipadɔm he hyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnyɔ komm; nso bɛteateam kɛse paa sɛ, “Hu yɛ mmɔbɔ, Awurade, Dawid Ba!” 32 Yesu gyinaa hɔ dinn, na ɔfrɛɛ bɛ, bisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne hopɛ sɛ menyɔ ma ho?” 33 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, ma yenhu adeɛ.” 34 Yesu huu bɛ mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa bɛ ani. Amonom hɔaa behuu adeɛ bio na bedii n’akyi. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana