Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 19 - Apam Foforɔ


Awaregyaeɛ ho nkyerɛkyerɛ
( Marko 10:1-12 )

1 Yesu ka yeinom wiee he, ofirii Galilea kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi.

2 Na nnipa nnipadɔm pii dii n’akyi, na ɔsaa bɛ yadeɛ hɔ.

3 Na Farisifoɔ baa ne nkyɛne bɛsɔɔ no hwɛeɛ, sɛ, “Mmara ma ho kwane sɛ asɛm bi nti beema bi gyae ne yerɛ anaa?”

4 Obuaa sɛ, “Honkenkane sɛ, mfitiaseɛ he, beema ne baa ne Nyankopɔn bɔɔ bɛ

5 na ɔkaa sɛ, ‘Yei nti ne beema begya ne papa ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbata ne yerɛ, na bɛ mmienu ayɛ honam baako’?

6 Ne saa nti bɛnna so nyɛ mmienu bio, na mmom bɛyɛ honam korɔ. Nti deɛ Nyankopɔn de abom he, ɔnsɛ sɛ biaa tete mu.”

7 Afei bebisaa no sɛ, “Hedeɛ, mmɛ nti ne Mose hyɛɛ yɛ sɛ, bi betumi ama awaregyaeɛ krataa na wagyae baa he?”

8 Ɔka kyerɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ ho akomadene nti ne Mose maa ho kwane sɛ honyae ho yerɛnom, na ofiri mfitiaseɛ he, na ɔnte saa.

9 Na meeka akyerɛ ho, sɛ ɔnyɛ adwamammɔ nti, na bi gyae ne yerɛ na ɔsane ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”

10 N’asuafoɔ he ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ saa ne beema ne ne yerɛ asɛm teɛ deɛ a, ɔnsɛ sɛ bi ware koraa.”

11 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔnyɛ biaa ne betumi agye saa nkyerɛkyerɛ yi, gye sɛ bɛ a bɛde ho nteaseɛ ama bɛ nkoaa.

12 Na binom ya hɔ a bɛwoo bɛ he na bɛ ho nni hɔ, na binom nso ya hɔ a, nnipa ne ama bɛ ayɛ saa, na binom so ya hɔ a bɛ ankasa, ne soro ahennie he nti, bɛayɔ ama bɛ ho nni hɔ. Deɛ obetumi agye yei he, ɔnye.”


Yesu hyiraa mmɔfra
( Marko 10:13-16 ; Luka 18:15-17 )

13 Afei bɛde mmɔfra braa Yesu, sɛ ɔmfa ne nsa ngu bɛ so mmɔ mpaeɛ mma bɛ. Na Asuafoɔ he kaa bɛ a bɛde bɛ baeɛ he anim;

14 Nso Yesu kaa sɛ, “Homma mmɔfra he mmra me nkyɛne, na ho nsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte saa ne soro ahennie he yɛ bɛ dea.”

15 Na ɔde ne nsa guu bɛ so hyiraa bɛ na ɔkɔɔ ne kwane.


Daa nkwa
( Marko 10:17-31 ; Luka 18:18-30 )

16 Afei, nipa bi baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmɛ nwuma pa ne menyɔ na manya daa nkwa?”

17 Na obisaa no sɛ, ‘Mmɛ nti ne wobisa me papa ho asɛm? Baako pɛ ne yɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wo nya nkwa a, di ahyɛdeɛ he so.”

18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mu deɛ ɔya he?” Na Yesu kaa sɛ, “Nni awu; Nsɛe awareɛ; Mmɔ korɔno; Nni adansekunumu;

19 Di w’agya ne wo na nni; na afei, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

20 Abranteɛ he ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Maadi yeinom nyinaa so; mmɛ bio ne ɔsɛ sɛ meyɔ?”

21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo pɛ sɛ wo woyɛ pɛ a, kɔ, tɔno w’ahonyadeɛ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra, bedi m’akyi.”

22 Berɛ a abranteɛ he tee saa asɛm he, ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ, efiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ pii.

23 Na Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ dene ama sikani sɛ ɔbɛkɔ soro ahennie mu.

24 Bio, meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ mmerɛ ama yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ sikani bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.”

25 Asuafoɔ he tee yei he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa kɛse, na bɛkaa sɛ “Sei ne ɔteɛ deɛ a, hwane ne betumi anya nkwa?”

26 Na Yesu hwɛɛ bɛ kaa sɛ, “Nnipa fam deɛ ɔnyɛ yie, nso Nyankopɔn fam deɛ bibiaa nni hɔ a ontumi nyɛ hɔ.”

27 Na afei Petro yii ano sɛ, “Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abedi w’akyi, mmɛ ne yebenya?”

28 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.

29 Na biaa a me dini nti, wagya afie anaa nuammeema anaa nuammaa, anaa papa anaa maame anaa mma, anaa nsaase hɔ he, obenya no mmɔho ha, na obenya daa nkwa nso.

30 Nso adikanfoɔ he mu pii bedi akyire, na akyikafoɔ mmom abedi kane.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan