Mateo 18 - Apam FoforɔAhobrɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ ( Marko 9:33-47 ; Luka 9:46-48 ) 1 Saa berɛ he asuafoɔ he baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ, “Hwane ne yɛ kɛseɛ soro ahennie mu?” 2 Na ɔfrɛɛ abɔfra bi, na ɔde no gyinaa bɛ ntam, 3 na ɔkaa sɛ “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoanyɔ ho ho sɛ mmɔfra a, hontumi nhyɛne soro ahennie mu. 4 Nipa biaa a ɔbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra he, ɔno ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ paa soro ahennie mu. 5 “Deɛ ɔgye abɔfra a ɔte sei baako me dini mu he, ɔgye me. Sintiduatoɔ 6 Sɛ ho mu bi to mmɔfra nketewa a bɛgye me di yi mu baako sintidua a, nsunsuansoɔ a ɔbɛba ne so he so kyɛne sɛ bɛde ayuyammoɔ bɛsɛne ne kɔno mu de no akɔto po bunu mu. 7 “Wiase nnue, sintidua nti! Otwa sɛ sintidua toɔ ba, nso deɛ ɔnam ne so bɛba he, onnue! 8 Sɛ wo nsa anaa wo nane to wo sintidua a, twa firi hɔ, na to twene; ɔyɛ mma wo sɛ wode nsa sini anaa nane sini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nane mmienu na bɛbɛto wo ato daa amanehunu gya mu. 9 Na sɛ w’ani to wo sintidua a, tu, na to twene; ɔyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ nkwam sene sɛ wowɔ ani mmienu na bɛbɛto wo atwene amanehunu gya mu. Dwane a wayera ho mfantoho ( Luka 15:3-7 ) 10 “Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa. 11 [Na Nipa Ba he baeɛ sɛ ɔɔbɛgye bɛ a bɛayera.] 12 Hosusu yei ho sɛ? Sɛ dwanhwɛfoɔ bi wɔ nnwane ha, na sɛ baako yera a, onnyae aduokro-nkron he mmepɔ he so nkɔnhwehwɛ baako a wayera he anaa? 13 Sɛ ohu no a, nɔkwasɛm ne sɛ, n’ani gye ne ho kyɛne aduokro-nkron a bɛanyera he. 14 Saa ara nso ne ɔnyɛ ho Agya a ɔya soro he pɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera. Sɛdeɛ beyi bi a w’ayɛ bɔne atɛne 15 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔka ne mfomsoɔ kyerɛ no, berɛ a ho mmienu nkoaa hoahyia. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. 16 Na sɛ wanntie wo a, fa nipa baako anaa mmienu ka wo ho, na asɛm he nyina adansefoɔ mmienu anaa mmeɛnsa so. 17 Sɛ saa nipa he anntie bɛ a, ka kyerɛ asafo he; na sɛ saa nipa he antie asafo he nso a, fa no sɛ bi a ɔnnyɛ gyidini, na mmom togyeni. 18 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, deɛ hobɛkyekyere no asaase so he yɛ deɛ bɛakyekyere no soro, na deɛ hobɛsane no asaase so he yɛ deɛ bɛasane no soro. 19 Bio, nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu mmienu yɛ anokorɔ adeɛ biaa a hobebisa no asaase yi so a, m’Agya a ɔya soro he bɛyɔ ama ho. 20 Baabi a nnipa mmienu anaa mmeɛnsa ahyia me dini mu he, na meka bɛ ho.” Bɔnefakyɛ 21 Na Petro baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Awurade, mprɛ dodoɔ sɛ ne me nua yɔ bɔne tia me a me mfa nkyɛ no? Onkoduru mprɛ nson?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Menka nkyerɛ wo sɛ, mprɛ nson, na mmom, onkosi mprɛ aduɔson mmɔho nson. Akoa a onni bɔnefakyɛ he ho mfantoho 23 “Ne saa nti bɛde soro ahennie he bɛtoto hene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu akonta ho. 24 Berɛ a ɔhyɛɛ nkotabuo ase he, bɛde bi a ɔde no ka a ɔboro paani mfie dunnum akatua begyinaa n’anim; 25 esiane sɛ ontumi ntua nti, ne wura he hyɛɛ sɛ bɛntɔno ɔne ne yerɛ ne ne mma ne n’agyapadeɛ nyinaa metua ka he. 26 Ne saa nti akoa he buu nkotodwe hwee ase n’anim, srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na metua ne nyinaa.’ 27 Na akoa he wura he nyaa tema maa no, na ogyaa no de ne ka he kyɛɛ no. 28 Nso saa akoa korɔ heaa firii hɔ kɔeɛ he, ɔkɔtoo ne yɔnko akoa baako a ɔno nso de no ka bɛyɛ paani bosome mmeɛnsa ne fa akatua; na ɔtintim no sɔɔ ne mene, na ɔkaa sɛ, ‘Tua ka a wode me he.’ 29 Afei ne yɔnko akoa he de ne ho too fam srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na metua wo ka.’ 30 Nso wampene; na ɔde no kɔtoo afiase sɛ ɔnna hɔ nkosi sɛ obetua ne ka he. 31 Berɛ a nkoaa a bɛka ne ho he huu deɛ asi he, bɛ werɛ hoo paa, na bɛkɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ bɛ wura he. 32 Na ne wura he frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo akoa timuɔdenfoɔ! Mede wo ka a wo de me nyinaa kyɛɛ wo esiane sɛ wosrɛɛ me nti. 33 Ɔnsɛ sɛ nka wohu wo yɔnko akoa mmɔbɔ, sɛdeɛ mehuu wo mmɔbɔ he anaa?’ 34 Na ne wura he de abufuo de no hyɛɛ ahohiahiafoɔ nsa, kosi sɛ obetua ne ka a ɔde no nyinaa. 35 Saa ne m’Agya a ɔya soro he so bɛyɔ ho mu bi a wamfiri n’akoma mu amfa ankyɛ ne nua.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana