Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 17 - Apam Foforɔ


Yesu animuonyam hyerɛnn
( Marko 9:2-13 ; Luka 9:28-36 )

1 Nnansia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔ tentene bi so.

2 Na ɔsakraa bɛ ani so, na n’anim hyerɛnn te sɛ awia, na ne ntaadeɛ yɛɛ fitafita te sɛ hann.

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii bɛ ho adi, na bɛ ne no kasaeɛ.

4 Na Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɔyɛ sɛ yɛya ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ apata mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia so deɛ baako.”

5 Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”

6 Berɛ a asuafoɔ he tee saa he, bɛde bɛ ani butubutuu fam, na besuroeɛ paa.

7 Nso Yesu ba de ne nsa bɛkaa bɛ, na ɔkaa sɛ, “Honsɔre na honnsuro.”

8 Na bɛmaa bɛ ani so he, bɛanhu biaa ka Yesu ho.

9 Befiri bepɔ he so oosiane he, Yesu hyɛɛ bɛ sɛ, “Honnka anisoadehunu yi ho asɛm nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”

10 Na asuafoɔ he bisaa no sɛ, “Sɛ ɔte saa deɛ a mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he ka sɛ ɔsɛ sɛ Elia ba ansa?”

11 Oyii ano sɛ, “Ampa, Elia ɔɔba abɛtoto nnoɔma nyinaa yie;

12 nso meeka akyerɛ ho sɛ Elia aba dada, na bɛanhu no, na bɛyɔɔ no deɛ bɛpɛ biaa. Saa ara nso ne ɔnkyɛre biaa, Nipa Ba he nso behu amane bɛ nsam.”

13 Na asuafoɔ he tee aseɛ sɛ Suboni Yohane ho asɛm ne ɔɔka akyerɛ bɛ he.


Yesu saa abranteɛ bi a na ɔwɔ honhommɔne yadeɛ
( Marko 9:14-29 ; Luka 9:37-42 )

14 Berɛ a bɛbaa nnipadɔm he nkyɛne he, beema bi baa ne nkyɛne bebuu nkotodwe n’anim,

15 kaa sɛ, “Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔyare twerɛ, na oohu amane; na ɔtaa tɔ gya ne nsuo mu.

16 Na mede no braa w’asuafoɔ he, nso bɛantumi ansa no yadeɛ.”

17 Yesu buaa sɛ, nneemmafoɔ a honni gyidie na hoamane, mentena ho nkyɛne nkosi da bɛ? Onkosi da bɛ ne menya ho ho aboterɛ? Homfa no mmra me.”

18 Na Yesu teatea honhommɔne he, na ofirii ne mu, na abɔfra he nyaa ayaresa saa berɛ heaa.

19 Na asuafoɔ he baa Yesu nkyɛne kokoam bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti na yɛantumi antutu no yi?”

20 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho gyidie a osua nti a. Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, nka hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ ha a,’ obetutu; na bibiaa nni hɔ a hoontumi nyɔ.”

21 [Nso saa bibi yi deɛ gye sɛ mpaebɔ ne mmuadadie ne betumi atutu no.]


Yesu hyɛɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm
( Marko 9:30-32 ; Luka 9:43-45 )

22 Berɛ a bebehyiaa Galilea he, Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bebeyi Nipa Ba he ahyɛ nnipa nsa,

23 na bebeku no, na nnansa so he ɔbɛsɔre.” Na ɔyɛɛ bɛ awerɛhoɔ pii.


Yesu tuaa asɔrefie ho toɔ

24 Beduruu Kapernaum he, bɛ a bɛgyegye asɔredane toɔ he baa Petro hɔ bebisaa no sɛ, “Nti wo kyerɛkyerɛfoɔ ntua asɔredane toɔ he bi anaa?”

25 Na ɔkaa sɛ, “Ɛɛ, otua.” Na Petro baa fie he, Yesu ne pagyaa ho asɛm baeɛ bisaa sɛ, “Simon, Wodwene ho sɛ? Hefoɔ hɔ ne asaase yi so ahemfo gye adwadeɛ anaa toɔ? Bɛgye no bɛ mma hɔ anaa afoforɔ hɔ?”

26 Na Petro kaa sɛ, “Bɛgye firi afoforɔ hɔ,” he, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa deɛ a, na mma he de bɛ ho.”

27 Nso sɛdeɛ ɔbɛyɔ na yɛnnto sintidua nti, kɔ po so koto doraa; na adwene a wobedi kane ayi no he bie n’anum a, na wobehu dwetɛ; fa kɔma bɛ sɛ me ne wo toɔ.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan