Mateo 16 - Apam FoforɔBebisaa nsɛnkyerɛnne firii Yesu hɔ ( Marko 8:11-21 ) 1 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛne sɛ bɛbɛsɔ no ahwɛ. Nti bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi a ofiri soro nkyerɛ bɛ. 2 Na obuaa bɛ sɛ, “Sɛ awia ɔkɔtɔ a, hoka sɛ, ‘Wiem bɛte, efiri sɛ anim ayɛ kɔkɔɔ.’ 3 Na anɔpa, ‘Ahum betu, efiri sɛ anim ayɛ kɔkɔɔ ne kusuu.’ Honim sɛ deɛ bɛkyerɛ wiem tebea ase, nso honnim sɛnea bɛkyerɛ mmerɛ ho nsɛnkyerɛnne ase. 4 Ho nneemmafoɔ a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ ne adwamammɔfoɔ bisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ a bɛde bɛma ho sɛ Yona nsɛnkyerɛnne.” Na ogyaa bɛ hɔ kɔeɛ. Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka 5 Berɛ a asuafoɔ he duruu asuogya nohoa he, bɛ werɛ firii sɛ bɛamfa paanoo biaa. 6 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.” 7 Bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Sesɛɛ yɛamfa paanoo yi nti a.” 8 Na Yesu huiɛ he, ɔkaa sɛ, “Ho a ho gyidie sua, mmɛ nti ne paanoo a hoammfa ho asɛm ne hooka? 9 Nti honni nteaseɛ? Honnkae paanoo nnum a mede maa nnipa mpemnum, ne nkɛntɛmma dodoɔ a hosesaeɛ he? 10 Anaa paanoo nson a nnipa mpemnan diiɛ he, nkɛntɛmma meɛhe ne ho sesaeɛ? 11 Mmɛ nti ne ho nteaseɛ sɛ ɔnyɛ paanoo asɛm ne meeka? Honhwɛ yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!” 12 Na bɛtee aseɛ sɛ ɔnyɛ mmɔreka paanoo ho ahwɛyie ho asɛm ne ɔɔka na mmom, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ ho ahwɛyie. Petro kyerɛɛ nipa ko a Yesu yɛ ( Marko 8:27-30 ; Luka 9:18-21 ) 13 Afei Yesu baa Kaesare Filipi mpɔtamu, na obisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Nkurofoɔ ka sɛ Nipa Ba he ne hwane?” 14 Na bebuaa sɛ, “Binom dɛ ɔyɛ Yohane Suboni, binom so dɛ ɔyɛ Elia, na binom nso dɛ ɔyɛ Yeremia anaa adiyifoɔ he mu baako.” 15 Obisaa bɛ sɛ, “Ho nso hodɛ me ne hwane?” 16 Simon Petro buaa sɛ, “Wone Kristo he, Nyankopɔn teasefoɔ he Ba.” 17 Na Yesu buaa no sɛ, “Nhyira ne wo, Simon, Yona ba! Ɔnyɛ honam ne mogyaa ne yi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔya soro. 18 Na meeka akyerɛ wo, wo ne Petro, na botane yi so ne mesi m’asafo, na Asamando pono ontumi mmu mmfa so da. 19 Mɛma wo soro ahennie he safoa, na deɛ wobɛkyekyere no asaase yi so he na bɛakyekyere no soro dada, na deɛ wobɛsane no asaase so he na bɛasane no soro dada.” 20 Na ɔhyɛɛ asuafoɔ he ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa sɛ ɔno ne Kristo he. Yesu hyɛɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm ( Marko 8:31—9:1 ; Luka 9:22-27 ) 21 Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre. 22 Na Petro de no gyinaa nkyɛne na ofirii aseɛ kaa n’anim sɛ, “Awurade! Yei mpare wo. Yei ntumi nto wo da!” 23 Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Firi me so kɔ, Satan! Woyɛ sintidua ma me; efiri sɛ woamfa w’adwene ansi Nyankopɔn so na mmom honam nnwuma so.” Suaniyɛ ho asodie 24 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asennua na onni m’akyi. 25 Na bɛ a bɛpɛ sɛ bɛkora bɛ kra he, obefiri bɛ nsa, na bɛ a me nti bɛbɛhwere bɛ kra he, bɛ nsa bɛka. 26 Na sɛ bi nya wiase nyinaa na ohwere ne kra a mmɛ mfasoɔ ne obenya? Anaa mmɛ ne bi bɛma de asesa ne kra? 27 “Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ. 28 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana