Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 15 - Apam Foforɔ


Honhom mu ahoteɛ
( Marko 7:1-23 )

1 Na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he firii Yerusalem baa Yesu nkyɛne bebisaa sɛ,

2 “Mmɛ nti ne w’asuafoɔ he bu mpanyimfoɔ atetesɛm so yi? Bɛnnhohoro bɛ nsa ansa na bɛadidi.”

3 Obuaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne ho atetesɛm nti ho bu Nyankopɔn mmara so yi?

4 Nyankopɔn dɛ, ‘Di w’agya ne wo na nni,’ na ‘Biaa a ɔka asɛmmɔne fa ne n’agya anaa ne na ho he otwa sɛ owu.’

5 Nso hoka sɛ deɛ ɔka kyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ, ‘Deɛ nka wobenya afiri me hɔ yɛ akyɛdeɛ a yɛde ma Nyankopɔn a onhia sɛ saa nipa he di ne papa ne maame nni.’

6 Nti hode ho atetesɛm sɛe Nyankopɔn asɛm.

7 Ho nyaatwomfoɔ! Odi sɛ Yesaia hyɛɛ ho ho nkɔm sɛ:

8 ‘Mane yi de bɛ ano fafa ne di me nni, nso bɛ akoma deɛ atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri;

9 bɛsom me kwa, bɛkyerɛkyerɛ nipa ahyɛdeɛ sɛ ɔyɛ nkyerɛkyerɛ pa.’ ”


Nnoɔma a ogu nipa ho fi ankasa

10 Na ɔfrɛɛ nkurofokuo he baa ne nkyɛne na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontie na ho nteaseɛ:

11 nyɛ deɛ ɔkɔ nipa anum ne gu nipa ho fi, na mmom deɛ ofiri anum ba ne gu nipa ho fi.”

12 Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ Farisifoɔ he tee deɛ wokaeɛ yi ato bɛ sintidua?”

13 Obuaa sɛ, “Dua biaa a ɔnyɛ m ‘Agya a ɔya soro he ne duaeɛ he bebetu.

14 Honnyae bɛ; bɛyɛ anifirafoɔ a bɛkyerɛ anifirafoɔ kwane. Sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwane a, bɛ mmienu he nyinaa bɛtɔ amena mu.”

15 Petro tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ yɛ saa bɛ yi ase.”

16 Na ɔkaa sɛ, “Ho nso honni nteaseɛ?

17 Honnim sɛ bibiaa a ɔkɔ anum he kɔ yafunum na opie kɔ yaaneem?

18 Na deɛ ofiri anum he firi akoma mu, na yei ne deɛ ogu nipa ho fi.

19 Na akoma mu ne adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamane, korɔnobɔ, adansekunumu ne dinsɛeɛ firi ba.

20 Saa nnoɔma yi ne gu nipa ho fi, na mmom ɔnyɛ nsa a bi anhohoro ho na ode didi ne gu ne ho fi.”


Kanaanni baa bi gyidie
( Marko 7:24-30 )

21 Na afei Yesu firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon mantam mu.

22 Na amonom hɔaa, Kanaanni baa bi a ofiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateam sɛ, “Hu me mmɔbɔ, Awurade, Dawid Ba; honhommɔne ɔɔha me babaa.”

23 Nso wammua no koraa. Na n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛsrɛɛ no sɛ, “Pam no ma no nkɔ, na ɔɔteateam gu yɛ so dodo.”

24 Na obuaa sɛ, “Bɛansoma me baabiaa sɛ Israel mu nnwane a bɛayera he hɔ.”

25 Nso baa he bebuu nkotodwe n’anim kaa sɛ, “Awurade, boa me.”

26 Na Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ fɛ sɛ bɛfa mma aduane to ma nkramane mma.”

27 Na baa he kaa sɛ, “Awurade, ɔte saa deɛ, nso nkramane mma he di mporoporowa a ofiri bɛ wura pono so gu fam he.”

28 Na Yesu buaa no sɛ, “Baa, wo gyidie so! Ɔnyɔ hɔ mma wo sɛ deɛ wopɛ.” Amonom hɔaa ne ba he nyaa ayaresa.


Yesu saa nnipa bebree yadeɛ

29 Afei Yesu firii hɔ bɛfaa Galilea po he ho, na ɔkɔɔ mmepɔ he so, ne ɔtenaa ase.

30 Nnipadɔm pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, mmum, ne afoforɔ bebree kaa bɛ ho baa ne nkyɛne. Bɛde bɛ beguu ne nane ase, na ɔsaa bɛ yadeɛ,

31 na ɔyɛɛ nnipadɔm he nwanwa berɛ a behuu nea na ɔyɛ mmum he sɛ ɔɔkasa, bɛ a na bɛyɛ mpakye ne mmubuafoɔ sɛ bɛnnante, na nea na ɔyɛ anifirani he huu sɛ afie deɛ ohu adeɛ. Na bɛhyɛɛ Israel Nyankopɔn he animuonyam.


Yesu maa nnipa mpemnan aduane
( Marko 8:1-10 )

32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne na ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ paa, efiri sɛ bɛatena me nkyɛne nnansa nso benni hwee a bebedi; na mempɛ sɛ mɛma bɛde kɔm akɔ, anyɛ saa a bebetumi atwa ato kwanem.”

33 Na asuafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “He fa ne yebenya paanoo a ɔbɛso nnipa bebree yi serɛ so ha?”

34 Yesu bisaa bɛ sɛ, “Howɔ paanoo dodoɔ mmeɛhe?” Na bɛkaa sɛ, “Nson, ne nkyenam nketewa kakraa bi.”

35 Na ɔhyɛɛ nkurofokuo he ma bɛtenaa ase,

36 na afei ɔfaa paanoo nson ne nkyenam he; na ɔdaa ase wieeɛ he, obubuu mu mmaa asuafoɔ he, na asuafoɔ he nso de maa nnipadɔm he.

37 Na bɛ nyinaa di meeɛ; na bɛsesaa aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma nson.

38 Sɛ yɛankane mmaa ne mmɔfra anka ho a, bɛ a bediiɛ he dodoɔ bɛyɛ mmeema mpemnan.

39 Berɛ a ogyaa nnipadɔm he kwane he, ɔfaa kodoɔ kɔɔ Magadan mpɔtamu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan