Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 14 - Apam Foforɔ


Suboni Yohane wuo
( Marko 6:14 ; 6:17-30 ; Luka 9:7-9 ; 3:19-20 )

1 Saa berɛ he Herode a na ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee Yesu ho asɛm;

2 na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, “Yohane Suboni di; wanyane afiri awufoɔ mu, saa nti ne ahoɔdenneɛ nnwuma yi ɔɔda adi wɔ ne mu he.”

3 Na Herode akye Yohane de no ato afiase, ne nua Filipo yerɛ, Herodia nti,

4 efiri sɛ na Yohane taa ka kyerɛ no sɛ, “Mmara mma kwane sɛ wobɛware no.”

5 Owom sɛ na Herode pɛ sɛ oku no deɛ, nso na osuro nkurofoɔ he, efiri sɛ bebu Yohane sɛ diyifoɔ.

6 Berɛ a Herode awoda duruu so he, Herodia babaa bɛsaa badwam hɔ, na ɔsɔɔ Herode aniaa

7 kosii sɛ ɔhyɛɛ bɔ kaa ntam sɛ ɔbɛma no deɛ obebisa biaa.

8 Ogyinaa ne maame afotuo so, kaa sɛ, “Fa Suboni Yohane ti to apampaa so ma me ha yiaa.”

9 Na hene he werɛ hoeɛ, nso ntam a ɔkaa ne badwafoɔ ne ahɔhoɔ he anim nti, ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa ma no.

10 Ɔsoma maa bɛkɔɔ afiase kotwaa Yohane ti.

11 Bɛde too apampaa so braa abaayaa he, na ɔde kɔmaa ne maame.

12 Yohane asuafoɔ bɛfaa n’amu he kosiee no; na bɛkɔ ka kyerɛɛ Yesu.


Yesu maa nnipa mpemnum aduane diiɛ
( Marko 6:31-44 ; Luka 9:10-17 ; Yohane 6:1-13 )

13 Afei berɛ a Yesu teeɛ he, ɔtenaa kodoɔ mu firii nnipadɔm he nkyɛne kɔɔ baabi a biaa nni. Nso nnipadɔm he teeɛ he, befirii nkuro so nam fam tii no.

14 Na osii fam he, ohuu nkurofoɔ bebree; ne yam hyehyɛɛ no maa bɛ, na ɔsaa bɛ mu ayarefoɔ he yadeɛ.

15 Nnwunu dwoeɛ he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Ha yɛ bea a biaa nni, adeɛ so asa; gya nkurofokuo he kwane ma bɛnkɔ nkuraa he ase nkɔtɔ aduane nni!”

16 Nso Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔnsɛ sɛ bɛkɔ; homma bɛ bibi nni.”

17 Bebuaa sɛ, “Yenni hwee sɛ paanoo num ne nkyenam mmienu.”

18 Na ɔkaa sɛ, “Homfa mmra me.”

19 Afei ɔhyɛɛ nnipadɔm he sɛ bɛntenatena serɛ he so. Ɔfaa paanoo nnum ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, hyiraa so bubuu paanoo he, na ɔde maa asuafoɔ he, na asuafoɔ he de maa nkurofoɔ he.

20 Na biaa diiɛ na bɛmeeɛ; na bɛsesaa aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma dummienu.

21 Sɛ yɛde mmaa ne mmɔfra si nkyɛne a, bɛ a bɛdiiɛ he bɛyɛ mmeema mpemnum.


Yesu nantee po so
( Marko 6:45-56 ; Yohane 6:15-21 )

22 Amonom hɔaa Yesu maa asuafoɔ he kɔɔ kodoɔ he mu sɛ bentwa nni n’anim kane nkɔ asuogya nohoa, na onnya nnipadɔm he kwane.

23 Na ogyaa bɛ kwane wieeɛ he, ɔkɔɔ bepɔ he so kɔbɔɔ mpaeɛ. Nnwunu dwoeɛ he, na ɔno nkoaa ne ya hɔ.

24 Saa berɛ yi na kodoɔ he mmɛne asaase koraa, na na asorɔkye he ama nnoɔma mu ayɛ dene, efiri sɛ na mframa he bɔ tia bɛ.

25 Na ahemakye nnɔn mmeɛnsa ɔɔkɔ he, Yesu nantee po he so hyiaa bɛ.

26 Na berɛ a asuafoɔ he huu sɛ ɔnam po he so he, bɛ akoma tuiɛ, na bɛkaa sɛ, “Ɔyɛ samane!” Na bɛde hu teateam.

27 Nso amonom hɔaa Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homa ho akoma ntɔ ho yam, ɔyɛ me a; honnsuro koraa.”

28 Petro buaa no sɛ, “Awurade, sɛ ɔyɛ wo a, hyɛ me, na menante nsuo he so mmra wo nkyɛne.”

29 Ɔkaa sɛ, “Bra!” Nti Petro si firii kodoɔ he mu, firii aseɛ nantee nsuo he so sɛ ɔɔkɔ Yesu nkyɛne.

30 Nso ohuu mframa dendene he, osuroeɛ, na ofirii aseɛ sɛ ɔɔmmem he, ɔteaam sɛ, “Awurade, gye me!”

31 Na ntɛmaa Yesu tenee ne nsa sɔɔ ne mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wo gyidie sua, mmɛ nti ne wogyee akyinnye?”

32 Berɛ a beduruu kodoɔ he mu he, mframa he gyaeɛ.

33 Na bɛ a bɛ ya kodoɔ he mu he koto sɔree Yesu, kaa sɛ, “Ampa, wo ne Nyankopɔn Ba he.”


Yesu saa yadeɛ Genesaret

34 Na betwaa nsuo he kɔɔ n’agya he, bebeduruu Genesaret asaase so.

35 Na asaase he sofoɔ huu no he, bɛde nkra kɔmaa bɛ a bɛtete mpɔtamu hɔ nyinaa ma bɛde ayarefoɔ a bɛya hɔ nyinaa braa no,

36 na bɛsrɛɛ no sɛ ɔma bɛmfa bɛ nsa nka n’ataadeɛ mmuano ano; na bɛ a bɛde bɛ nsa kaeɛ nyinaa nyaa ayaresa koraa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan