Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 12 - Apam Foforɔ


Yesu asuafoɔ he buu homeda he so
( Marko 2:23-28 ; Luka 6:1-5 )

1 Saa berɛ he, Yesu kɔfaa aburofuom homeda; na kɔm de n’asuafoɔ he, na bɛhyɛɛ aseɛ pempanee aburo he bi weeɛ.

2 Na Farisifoɔ he huu bɛ he, bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Hwɛ, w’asuafoɔ he ɔɔyɔ deɛ mmara mma kwane mma bɛnnyɔ no homeda.”

3 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkenkanee deɛ Dawid yɔeɛ mmerɛ a kɔm dee ɔne ne nkurofoɔ he anaa?

4 Owuraa Nyankopɔn fie, na odii Kyerɛ Paanoo he a mmara mma kwane mma ɔno anaa ne nkurofoɔ he nso nni, gye sɛ asɔfoɔ nkoaa.

5 Anaa honkenkanee no mmara he mu sɛ homeda he, sɛ asɔfoɔ a bɛya asɔrefie he bu homeda he so a benni fɔ?

6 Meeka akyerɛ ho, deɛ ɔsõ kyɛne asɔrefie he ya ha.

7 Sɛ nka na honim Nyankopɔn asɛm a ɔdɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu na nyɛ afɔrebɔ,’ ase a nka hoammu deɛ onni fɔ he fɔ.

8 Na Nipa Ba he yɛ homeda he so tumfoɔ.”


Beema a ne nsa awu he
( Marko 3:1-6 ; Luka 6:6-11 )

9 Yesu firii hɔ kɔɔ bɛ hyiadane mu.

10 Na beema bi ya hɔ a ne nsa awu, na bebisaa no sɛ, “Ɔyɛ mmara sɛ bɛsa yadeɛ homeda?” Bebisaa no yei de pɛɛ kwane a bɛbɛfa so abɔ no kwaadu.

11 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Fa ne sɛ ho mu bi wɔ dwane baako, na ɔtɔ abura mu homeda a, ɔnnsɔ ne mu nnyi no mmfiri mu anaa?

12 Nipa so nni mfasoɔ bebree nkyɛne dwane? Mmara ma ho kwane sɛ bɛyɔ papa homeda.”

13 Na afei ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Ɔteneeɛ, na ɔyɛɛ yie sɛ baako heaa.

14 Na yei maa Farisifoɔ he firii adi kɔbɔɔ ne ti so pɔ, kwane a bɛbɛfa so aku no.


Nyankopɔn akoa a wayi no he

15 Berɛ a Yesu huu saa he, ofirii hɔ. Nnipa bebree dii n’akyi, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ,

16 na ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛmma biaa nhu ne nipa bane.

17 Yei maa deɛ diyifoɔ Yesaia kaeɛ he baam sɛ:

18 “Yei ne m’akoa a mayi no, medɔ ba, ɔno ne me kra ani sɔ no. Mehwie me Honhom agu ne so, na wapaem aka atɛntenenee akyerɛ Amanamane mufoɔ.

19 Ɔnnko na ɔnnteam, na biaa nso ɔnte ne nne abɔntene.

20 Ommu nnɛm a abuka he mu, na ntomabane a oofiri wisie he nso onnum no, kosi sɛ ɔde tenenee bɛkɔ nkunimdie mu.

21 Na ne dini mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.”


Yesu ne Beelsebul
( Marko 3:22-30 ; Luka 11:14-26 ; 11:29-32 )

22 Na bɛde bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani na ɔsane yɛ mum braa no; na ɔsaa no yadeɛ, na deɛ na nka ɔyɛ mum he kasaeɛ na ohuu adeɛ.

23 Na nnipadɔm he nyinaa ho dwirii bɛ na bebisaa sɛ, “Ɔnyɛ Dawid Ba he di?”

24 Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.”

25 Na onim bɛ adwene, nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ahennie biaa a ɔne ne ho di asie he bɛsɛe, na kuro anaa fie biaa a ɔko tia ne ho he, onnyina.

26 Sɛ Satan tutu Satan a, sɛ na ɔne ne ho odi asie o? Ɔba saa a ɔbɛyɛ dɛ na n’ahennie agyina?

27 Sɛ me de Beelsebul tumi tutu ahonhommɔne a, hwane tumi ne ho nkurofoɔ so de betutu ahonhommɔne? Yei nti ho akyidifoɔ ne bebu ho atɛne.

28 Nso sɛ ɔnam Nyankopɔn Honhom so ne metutu ahonhommɔne a, hedeɛ na Nyankopɔn ahennie he anya aba ho so.

29 Anaa ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi akɔ ahoɔdenfoɔ fie sɛ ɔɔkɔfom ne nnoɔma afa, berɛ a onni kane nkyekyere ahoɔdenfoɔ he? Gye sɛ ɔkyekyere no ansa na watumi afa ne nnoɔma he.

30 Biaa a ɔnka me ho he sɔre tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano he hwete mu.

31 Nti meka akyerɛ ho, bɛde bɔne ne abususɛm biaa a nipa bɛyɔ bɛkyɛ, nso abususɛm a bɛyɔ tia Honhom he deɛ bɛmmfa nkyɛ.

32 Deɛ ɔka asɛm bi tia Nipa Ba he bɛde bɛkyɛ no, nso deɛ ɔkasa tia Honhom Kronkron he deɛ bɛmmfa nkyɛ no, saa berɛ yi anaa berɛ a ɔbɛba akyire yi.


Dua ne n’aba

33 “Homma dua he nyɛ dua pa, na n’aba nso ayɛ aba pa; na sɛ homma dua he nyɛ dua bɔne n’aba nso yɛ aba bɔne; na dua he aba ne yɛde hu dua korɔ a ɔyɛ.

34 Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.

35 Nipa pa de nnoɔma pa a waboaboa ano mu de nnoɔma pa ba, na nipa bɔne de nnoɔma bɔne a waboaboa ano de nnoɔma bɔne ba.

36 Meeka akyerɛ ho, atemmuda he hobebu asemhunu biaa a efiri ho anum ba ho akonta;

37 efiri sɛ ho nsɛm so ne bɛnam bebu ho bem, na ho nsɛm nso so ne bɛnam bebu ho fɔ.”


Bebisaa nsɛnkyerɛnne firii Yesu hɔ

38 Na atwerɛfoɔ bi ne Farisifoɔ bi kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yehu nsɛnkyerɛnne bi firi wo hɔ.”

39 Nso obuaa bɛ sɛ, “Nemmafoɔ ho yɛ nnebɔnyɛfoɔ ne awaresɛefoɔ a hobisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ sɛ diyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnne.

40 Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa, awia ne anadwo he, saa ara ne Nipa Ba he bedi nnansa asaase bunu mu.

41 Ninewefoɔ ne nemmafoɔ behyia atemmuo mu, na bebebu saa nemmafoɔ yi fɔ, efiri sɛ Ninewefoɔ he gyee Yona asɛnka diiɛ na bɛsakraa bɛ adwene, na hwɛ, deɛ ɔso kyɛne Yona ya ha.

42 Anafoɔ Hemaa ne nemmafoɔ behyia atemmuo mu, na obebu nemmafoɔ yi fɔ, efiri sɛ ofirii asaase ano nohoaa betiee Salomo nyansa, na hwɛ, deɛ ɔkyɛne Salomo ya ha!


Ahonhommɔne saneba

43 “Sɛ honhommɔne tutu firi nipa mu kɔ a, okokyinikyini akwaweɛ so sɛ ɔɔpɛ homebea, na sɛ wannya bi a,

44 afei ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me fie a mefirii mu he mu.’ Sɛ obeduru hɔ na sɛ obehu sɛ mu da hɔ mpan, na bɛaprapra mu kama asiesie mu a,

45 ɔkɔ kɔfa ahonhommɔne ahodoɔ nson a bɛ tim ɔdene sene no, na bɛbɛtena mu; na ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he saa nipa he abrabɔ bɛyɛ tane akyɛne n’ahyɛaseɛ. Saa na ɔbɛyɛ nemmafoɔ nnebɔnyɛfoɔ yi.”


Yesu abusua kann
( Marko 3:31-35 ; Luka 8:19-21 )

46 Na ogu so ɔɔkasa kyerɛ nnipadɔm he, ne maame ne ne nuanom begyinaa abɔntene pɛɛ sɛ bɛ ne no kasa.

47 Na bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo maame ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ bɛ ne wo kasa.”

48 Na Yesu buaa deɛ ɔkaa saa he sɛ, “Hwane ne me maame, na hwane ne me nuanom?”

49 Na ɔtenee ne nsa n’asuafoɔ he so sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom!

50 Na biaa a ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ he ɔno ne yɛ me nuabeema, me nuabaa ne me maame.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan