Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 11 - Apam Foforɔ


Suboni Yohane ahoyera
( Luka 7:18-35 )

1 Na berɛ a Yesu kasa kyerɛɛ n’asuafoɔ dummienu he wieeɛ he, ofirii hɔ kɔɔ bɛ nkuro he mu sɛ ɔɔkɔ kyerɛkyerɛ, na afei wapaem kaa n’asɛm he hɔ.


Asomafoɔ a bi firi Suboni Yohane hɔ baa Yesu nkyɛne

2 Berɛ a Yohane da afiase a ɔtee deɛ Kristo ɔɔyɔ he, ɔsomaa n’asuafoɔ

3 ma bɛ bebisaa Yesu sɛ, “Wone deɛ ɔɔba he, anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?”

4 Yesu buaa bɛ sɛ, “Honkɔ na honkɔka deɛ hoate ne deɛ hoahu nkyerɛ Yohane:

5 anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane firi wuom, na bɛka asɛmpa he kyerɛ ahiafoɔ.

6 Nhyira ne deɛ mennto bɛ sintidua.”


Yesu kamfõõ Suboni Yohane

7 Na bɛɛkɔ he, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm he sɛ: “Mmɛ ne hokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Nnɛm a mframa ohim no anaa?

8 Sɛ onte saa a ɛɛne ne hokɔhwɛeɛ? Bi a ɔhyɛ ntaade pa? Hwɛ, bɛ a bɛhyɛ ntaade pa he bɛya ahemfie.

9 Anaa abɛ koraa nti ne hofirii adi kɔhwɛeɛ? Diyifoɔ? Ɛɛ, meeka akyerɛ ho, sɛ ɔte saa; nso, ɔkyɛne diyifoɔ koraa.

10 Yei ne deɛ bɛatwerɛ ne ho asɛm sɛ, ‘Hwɛ, meesoma me bɔfoɔ adi w’anim, a obesiesie w’anim kwane.’

11 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nipa biaa nni hɔ a baa awo no a ɔyɛ kɛseɛ kyɛne Suboni Yohane; nso nea osua koraa soro ahennie mu he yɛ kɛseɛ kyɛne no.

12 Ofiri Suboni Yohane berɛ so besi nnɛ bɛyɔ soro ahennie he ho adeɛ anibereɛ so, na bɛ a bɛ ani abere he nso fa no aniɔdene so.

13 Na adiyifoɔ ne mmra he nyinaa hyɛɛ nkɔm de besii Yohane berɛ so;

14 na sɛ hobɛgye adi a, ɔno ankasa ne Elia a otwa sɛ ɔba he.

15 Deɛ ɔwɔ aso he ntie!

16 “Nso hwane ho ne mede nemmafoɔ yi bɛtoto? Bɛte sɛ mmɔfra a bɛɛteam frɛ bɛ mfɛfoɔ sɛ,

17 ‘Yɛabɔ mmɛne amma ho, nso hoansa; yɛatwa adwo, nso hoannsu.’

18 Na Yohane baeɛ, na onnidi, na ɔnnom nso, na bɛkaa sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne’;

19 Nipa Ba he baeɛ a odidi na ɔnom, na hoka sɛ, “Ɔyɛ didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bɛ adamfo!’ Nso, bɛ a bɛde Nyankopɔn nyansa di dwuma he da no adi sɛ ne nyansa he yɛ papa.”


Nkuro a bɛansakra bɛ adwene he nnue
( Luka 10:12-15 )

20 Afei ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a na waayɔ ne tumideɛ he mu fa kɛseɛ hɔ he anim, efiri sɛ bɛansakra bɛ adwene,

21 “Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.

22 Meeka akyerɛ ho, atemmuda he, bebehu Tiro ne Sidon mmɔbɔ akyɛne ho.

23 Na wo Kapernaum nso, bɛbɛpegya wo akɔ soro anaa? Daabi da, bɛde wo bɛkɔ asamando. Efiri sɛ, bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no wo mu he Sodom a, nka Sodom kuro he ya hɔ de besi nnɛ.

24 Na meeka akyerɛ ho sɛ, atemmuda he, bebehu Sodom asaase mmɔbɔ akyɛne ho.”


Hommra me nkyɛne, na mɛma ho ahome
( Luka 10:21-22 )

25 Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.

26 Ampa, Agya, saa ne sɔ w’ani.

27 M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.

28 Ho a hoabrɛ, na ho so nnesoa nyinaa, hommra me nkyɛne, na mɛma ho ahomee.

29 Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.

30 Efiri sɛ, me konnua ɔmmerɛ na m’adesoa so mu ɔhare.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan