Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 10 - Apam Foforɔ


Yesu Asuafoɔ dummienu he
( Marko 6:7-13 ; Luka 9:1-5 )

1 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ dummienu he na ɔmaa bɛ tumi sɛ bɛmfa ntutu ahonhom fi, na bɛnsa yadeɛ ahodoɔ ne honam mmerɛyɛ nyinaa.

2 Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane;

3 Filipo ne Bartolomeo; Toma ne Mateo a na ɔyɛ togyeni; Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo;

4 Simon a ofiri Kana, ne Yuda Iskariot a oyii Yesu maeɛ he.


Asuafoɔ dummienu he dwumadie
( Marko 6:7-13 ; Luka 9:1-6 )

5 Saa nnipa dummienu yi ne Yesu somaa bɛ hyɛɛ bɛ sɛ, “Hommmane nkɔ Amanamane mufoɔ hɔ, na honnwura Samariafoɔ kuro biaa mu,

6 na mmom honkɔ Israelfoɔ he mu, nwane a bɛayera he hɔ.

7 Sɛ hokɔ a, hompae mu nka asɛmpa he sɛ, ‘Soro ahennie he abɛne.’

8 Honsa yadeɛ, honyane awufoɔ, homma akwatafoɔ ho mfiri, hontutu ahohommɔne. Honyaa no kwa; nti homfa mma kwa.

9 Hommfa sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ, anaa kɔɔbere ngu abɔsoɔ mu,

10 hommfa akwantuo bɔtɔ, anaa ntaadeɛ mmienu, anaa mpaboa anaa poma; na mmom adwumayɔni akatua fata no.

11 Kuro anaa akuraa biaa a hobɛkɔ mu he, hommisa deɛ ɔfata a ɔya hɔ, na hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ.

12 Fie biaa a hobewura mu biaa honkyea.

13 Sɛ fie hɔfoɔ gye ho a, homma ho asomdwie mmra bɛ so; na sɛ bɛannye ho a, homma ho asomdwie nsane mmra ho nkyɛne.

14 Sɛ bi annye ho anaa wantie ho nsɛm a, hoofiri fie anaa kurom hɔ a homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ na ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ ho apo bɛ.

15 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, atemuda he Nyankopɔn behu Sodom ne Gomora mpo mmɔbɔ akyɛne saa kuro he.


Taa ho nkɔmhyɛ
( Marko 13:9-13 ; Luka 21:12-17 )

16 “Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo.

17 Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu;

18 na me nti bɛbɛtwe ho akɔ amradofoɔ ne ahemfo anim, na ayɛ adansedie ama bɛ ne Amanamane mufoɔ.

19 Sɛ beyi ho mma a, honnwene sɛnea hobɛkasa anaa deɛ hobɛka; efiri sɛ bɛde deɛ hobɛka he bɛma ho saa berɛ heaa mu;

20 na nyɛ ho ne hobɛkasa, na mmom ɔyɛ ho Agya Honhom ne bɛfa ho mu akasa.

21 Nua beyi nua ama wuo, na agya ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia awofoɔ ama bɛaku bɛ;

22 na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.

23 Sɛ bɛtaa ho kuro baako so a, honwane nkɔ kuro foforɔ so; na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, honnkɔ Israel nkuro nyinaa mu na Nipa Ba he aba.

24 “Suani nkyɛne ne kyerɛkyerɛni, saa ara nso ne akoa nkyɛne ne wura;

25 ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!


Deɛ ɔsɛ sɛ besuro no
( Luka 12:2-9 )

26 “Nti honnsuro bɛ; na adeɛ biaa nni hɔ a so akata a bɛmmpa ho ntoma, anaa ahinta a ɔnna adi.

27 Deɛ meka kyerɛɛ ho kokoam he, honka no badwam; na deɛ meka guu ho asum he, honnyina adane atifi mmɔ no dawuro.

28 Honnsuro bɛ a beku honam nso bentumi nku kra; na mmom honsuro deɛ obetumi asɛe honhom ne honam bronsam gya mu.

29 Bɛnntɔno mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ anaa? Nso bɛ mu baako mpo nkwati ho Agya ntɔ fam.

30 Na ho tinwii mpo bɛakane ne nyinaa.

31 Nti honnsuro; hosom bo sene mpatuprɛ koraa.

32 Saa nti biaa a ɔbɛgye me atum nnipa anim he, me nso mɛgye no atum m’Agya a ɔya soro he anim;

33 nso deɛ ɔbɛpo me nipa anim he, me nso mɛpo no m’Agya a ɔya soro he anim.


Ko di asomdwie anim
( Luka 12:51-53 )

34 “Honnwenne sɛ mede asomdwie ne baa asaase so; mammfa asomdwie amma, na mmom mede sekane.

35 Na maaba sɛ mede mpaepaemu ɔɔbɛto babeema ne n’agya ntam, babaa ne ne maame ntam, na ase asɔre atia n’ase baa;

36 na nipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfoɔ.

37 Biaa a ɔdɔ Agya anaa na kyɛne me he mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani; na biaa a ɔdɔ babeema anaa babaa kyɛne me he nso mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani;

38 na biaa a ɔmmfa n’asennua he na onni m’akyi he mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani.

39 Deɛ ne nsa aka ne kra he, obefiri ne nsa, na bɛ a me nti bɛbɛhwere bɛ kra he bɛ nsa bɛka.


Akatua

40 “Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso.

41 Deɛ ɔgye diyifoɔ ya diyifoɔ dini mu he benya diyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye nipa tenenee ya nipa tenenee dini mu he benya nipa tenee akatua;

42 na deɛ ɔbɛma nkumaa yi bi nsuo nnwunu kuruwaa baako mpo he suani dini mu he, nɔkwasɛm ne sɛ n’akatua ɔmmɔ no da.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan