Mateo 1 - Apam FoforɔYesu Kristo awoɔ ntoatoasoɔ ( Luka 3:23-38 ) 1 Yesu Kristo Dawid ba he, Abraham ba he awoɔ ntoatoasoɔ. 2 Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom; 3 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, 4 Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, 5 na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na Obed woo Yisai, 6 na Yisai woo Hene Dawid. Na Dawid nso ne nea kane he na ɔyɛ Uria yerɛ he woo Salomo, 7 na Salomo woo Rehoboam, na Rehoboam woo Abia, na Abia woo Asa, 8 na Asa woo Yehosafat, na Yehosafat woo Yoram, na Yoram woo Usia, 9 na Usia woo Yotam, na Yotam woo Ahas, na Ahas woo Hesekia, 10 na Hesekia woo Manase, na Manase woo Amon, na Amon woo Yosia, 11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, mmerɛ a Babilonfoɔ faa Yudafoɔ nommum kɔɔ Babel he. 12 Na mmerɛ a Babilonfoɔ faa bɛ nommum kɔɔ Babel akyi he, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel, 13 na Serubabel woo Abihud, na Abihud woo Eliakim, na Eliakim woo Asor, 14 na Asor woo Sadok, na Sadok woo Akim, na Akim woo Elihud, 15 na Elihud woo Eleasa, na Eleasa woo Matan, na Matan woo Yakob, 16 na Yakob woo Yosef, Maria kunu he. Saa Maria yi ne woo Yesu a bɛfrɛ no Kristo he. 17 Nti ofiri Abraham so kosi Dawid so yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan; na ofiri Dawid so kosi mmerɛ a bɛfaa Yudafoɔ nommum kɔɔ Babel he so yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan; na ofiri berɛ a betu kɔtenaa Babel he kosi Kristo so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan. Yesu Kristo Awoɔ ( Luka 2:1-7 ) 18 Afei kwane a bɛfaa so woo Yesu Kristo di: Berɛ a bɛde ne maame Maria maa Yosef sɛ asiwa, na bennya ntenaa sɛ awarefoɔ he, behuu sɛ Maria afa afuro a ofiri Honhom Kronkron. 19 Ɔnam sɛ na Yosef a ɔyɛ n'asiwa yerɛ he yɛ nipa tenenee na ɔmpɛ sɛ obegu Maria anim ase badwam nti, ɔbɔɔ ne tim pɔ sɛ obegyae no kokoam. 20 Nso berɛ a ɔyɔɔ sɛ obetu saa anammɔn he pɛ ne Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛso mu, kaa sɛ, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria a ɔyɛ w'asiwa-yerɛ he akɔ wo fie, efiri sɛ, abɔfra a ɔnyem no he firi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ba beema, na to ne dini Yesu, efiri sɛ ɔno ne bɛgye ne nkurofoɔ afiri bɛ bɔne mu.” 22 Yei nyinaa siiɛ sɛdeɛ asɛm a Awurade nam diyifoɔ he so kaeɛ he bɛbam sɛ, 23 “Hwɛ, babunu he bɛfa afuro na wawo ba beema, na bɛato ne dini sɛ Immanuel,” asekyerɛ ne sɛ, (Nyankopɔn ne yɛ ya hɔ). 24 Berɛ a Yosef nyane firii ne nna mu he, ɔyɔɔ sɛdeɛ Awurade bɔfoɔ he hyɛɛ no sɛ ɔnyɔ he; na ɔfaa Maria baa ne nkyɛne sɛ ne yerɛ, 25 nso wamfa ne ho anka no kosii sɛ ɔwoo ba beema; na ɔtoo ne dini Yesu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana