Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 9 - Apam Foforɔ

1 Afei nso ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, binom gyina ha a bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nyankopɔn ahennie he aba tumi mu.”


Yesu Sakraa ya Asuafoɔ he Anim

2 Nna nsia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na odii bɛ anim foro kɔɔ bepɔ tentene bi so baabi a biaa nni. Na ɔsakraeɛ bɛ anim,

3 na ne ntaadeɛ hyerɛnn fitafita sene deɛ asaase so ntomasifoɔ biaa betumi ama no ayɛ.

4 Na Elia ne Mose yii bɛ ho adi kyerɛɛ bɛ, na bɛ ne Yesu ɔɔkasa.

5 Afei Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Rabi, ɔyɛ sɛ yɛbɛtena ha; ma yɛnyɔ tenabea mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.”

6 Nɔkwasɛm ne sɛ na onhu asɛm a ɔnka, efiri sɛ, bɛ ho dwirii bɛ paa.

7 Na afei mununkum bi bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba korɔ he; hontie no!”

8 Na mpofirem bɛhwehwɛɛ hɔ he bɛanhu biaa, gye Yesu nkoaa.


Elia Mmaeɛ

9 Na afei berɛ a beesiane afiri bepɔ he so asi fam he, ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nea bɛahu he nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he benyane afiri awufoɔ mu.

10 Nti bɛde asɛm he hyɛɛ bɛ ho. Na beebisabisa nea awufoɔ sɔreeɛ he kyerɛ.

11 Na afei bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he ka sɛ ɔsɛ sɛ Elia di kane ba?”

12 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Elia bedi kane aba ampa abɛtoto nnoɔma nyinaa; na ɔyɛɛ dɛ ne bɛatwerɛ Nipa Ba he ho asɛm sɛ, otwa sɛ ohu amane pii na bebu no animtia?

13 Nso meeka akyerɛ ho sɛ, Elia aba, bɛde nea bɛpɛ biaa ayɔ no, sɛnea bɛatwerɛ afa ne ho he.”


Abɔfra bi a ɔwɔ honhommɔne nyaa ayaresa

14 Bɛbaa asuafoɔ a aka he nkyɛne he, behuu nnipadɔm pii sɛ bɛne bɛ ya hɔ, na atwerɛfoɔ binom ne bɛ ɔɔgye akyinnye.

15 Na nnipadɔm he nyinaa huu no he, ntɛmaa, bɛ ho dwirii bɛ, na betuu mmirika kɔɔ n’anim kɔkyeaa no.

16 Obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne ho ne bɛ ɔɔgye ho akyinnye yi?”

17 Nipa bi a ɔya nnipakuo he mu buaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba beema braa wo; honhom bi ya ne so a ɔmma no ntumi nkasa,

18 na berɛ biaa a ɔbɛba ne so he, ɔde no hwe fam, na n’ano twa ahuro, na ɔtwerɛ ne sẽ, na wasensene. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ he sɛ, bentu mfiri ne mu, nso bɛantumi.”

19 Obuaa bɛ sɛ, “Ho nnemafoɔ a honni gyidie, me ne ho ntena nkosi da bɛ na ho anya gyidie? Menya ho ho abotrɛ nkosi da bɛ’? Homfa no mmra me.”

20 Na bɛde abeemaa he braa no. Na honhom he huu no he, ntɛmaa, soro kaa abeemaa he, na ɔhwee fam munimuniɛ, na ahuro betuaa n’ano.

21 Yesu bisaa ne papa he sɛ, “Mprɛ mmeɛhe ne yei ato no.” Na ɔkaa sɛ, “Ofiri ne mmɔfrase.

22 Ɔtaa de no kɔto gya ne nsuo mu, sɛ ɔbɛsɛe no; nso sɛ wobetumi ayɛ bibi a, hu yɛ mmɔbɔ, na boa yɛ.”

23 Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”

24 Ntɛmaa abɔfra he papa teaam sɛ, “Mewɔ gyidie, na baabi a mehia gyidie he boa me!”

25 Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi abom de mmirika ɔɔba he, ɔkaa honhom he anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo honhom a womma abeemaa yi ntumi nkasa, na ɔnte asɛm, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu firi kɔ, na mankɔhyɛ ne mu bio.”

26 Na ɔteaam, na soro kaa abeemaa he kɛse paa wieeɛ he honhommɔne he firri ne mu, na ɔyɔɔ sɛnea wawu, nti nnipa he bi kaa sɛ, “Waawu.”

27 Na Yesu sɔɔ ne nsa pagyaa no, na otumi gyinaa hɔ.

28 Ɔkɔɔ fie he, n’asuafoɔ he bisaa no kokoam sɛ, “Mmɛ nti ne yɛantumi antutu honhom fi he?”

29 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ɔnyɛ mpaebɔ ne [akɔnkyena] a, bibiaa nni hɔ a obetumi atutu no.”


Yesu sane hyɛɛ ne Wuo ne ne Sɔreeɛ ho Nkɔm

30 Befirii hɔ kɔeɛ, na bɛfaa Galilea. Na ɔmpɛ sɛ biaa behu sɛ ɔɔkɔ;

31 efiri sɛ ná ɔɔkyerɛkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Bebeyi Nipa Ba he ama de no ahyɛ nnipa nsa, na bebeku no, na nnansa akyi he waasɔre bio.”

32 Bɛante nea ɔɔka he ase, nso ná besuro sɛ bebebisa no.


Hwane ne Kɛseɛ?
( Mateo 18:1-9 ; Luka 9:46-50 )

33 Afei bɛbaa Kapernaum; na ɔya fie he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne ná hoogye ho akyinnye berɛ a ná yɛnam kwane so he?”

34 Nso bɛyɛɛ komm, efiri sɛ, bɛnam kwane so ɔɔba he bɛgyee bɛ ho bɛ ho akyinnye faa nea ɔyɛ kɛseɛ paa ho.

35 Ɔtenaa ase, frɛɛ dummienu he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ kannifoɔ he, ɔsɛ sɛ ɔto ne ho mpan, na ɔnsom biaa.”

36 Afei ɔde akwadaa ketewa bi begyinaa bɛ mfimfini; na ɔfaa no sii ne basa so he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,

37 “Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”


Nipa foforɔ bi a Otu Ahonhommɔne

38 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yehuu sɛ bi de wo dini ootu ahonhommɔne, na yɛbɔɔ mmɔdene sɛ yebesi no kwane, efiri sɛ ɔnnka yɛ ho.”

39 Nso Yesu kaa sɛ, “Honnsi no kwane; na biaa nni hɔ a ɔyɔ tumidwuma me dini mu a ɔno akyi heaa obetumi aka me ho asɛm bɔne.

40 Nea ɔnko ntia yɛ he ya yɛ afa.

41 Na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔbɛma ho nsuo kuruwa baako mpo anom, sɛ hokura Kristo dini nti he, n’akatua ɔmmɔ no da.”


Sɔhwɛ a ɔde bɔne mu

42 “Sɛ ho mu bi to nkumaa yi a bɛgye me di yi mu baako sintidua a, afanyinam sɛ bɛde boɔ keseɛ paa ato no kɔno mu, na bɛato mo atwene po mu.

43 Sɛ wo nsa to wo sintidua a, twa twene; ɔyɛ ma wo sɛ wode nsa sini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wode wo nsa mmienu bɛkɔ Gehenna, gya a onnum da he mu,

44 [faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da.]

45 Na sɛ wo nane to wo sintidua a, twa twene; ɔyɛ sɛ wode nansini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nane mmienu na bɛbɛto wo ato Gehenna gya mu,

46 [faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da.]

47 Na sɛ w’ani to wo sintidua a, tu firi hɔ; ɔyɛ ma wo sɛ, wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na bɛbɛto wo atwene Gehenna gya mu,

48 faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da.

49 “Na gya ne bɛde bɛhyɛ biaa nkyene.

50 Nkyene yɛ; nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, wobɛyɛ dɛ ahyɛ no nkyene? Honnya nkyene ho mu, na ho ne ho ho ntena asomdwie mu.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan