Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 6 - Apam Foforɔ


Bɛpoo Yesu Nasaret
( Mateo 13:53-58 ; Luka 4:15-30 )

1 Na afei Yesu firii hɔ baa ne kurom, na n’asuafoɔ he dii n’akyi.

2 Homeda he, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ hyiadane mu, na dodoɔ a bɛtee ne nkyerɛkyerɛɛ he nyinaa ho dwirii bɛ. Bebisaa sɛ, “Hefa ne beema yi nyaa yeinom nyinaa? Mmɛ nyansa ne bɛde ama no yi? Mmɛ tumi-nnwuma ne ne nsa ɔɔyɔ yi!

3 Aa! Ɔnyɛ yei ne dua dwumfoɔ he, Maria ba ne Yakubu ne Yose ne Yuda ne Simon nua he, na ne nua mmaa nni yɛ nkyɛne ha?” Na bɛde abufuo buu no animtia.

4 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anidie mmɔ adiyifoɔ gye sɛ bɛ kurom, ne bɛaa bɛ nkurofoɔ mu, ne bɛaa bɛ fie.”

5 Na wantumi anyɔ tumideɛ biaa hɔ gye nnipa kakraa bi a ɔde ne nsa guu bɛ so saa bɛ yadeɛ.

6 Na ɔyɛɛ no nwanwa sɛ bɛannye anni. Na okyinkyini nkuraase kyerɛkyerɛeɛ.


Dummienu he Dwumadie
( Mateo 10:1 ; 10:9-15 ; Luka 9:1-6 )

7 Ɔfrɛɛ dummienu he na ɔhyɛɛ aseɛ somaa bɛ kɔ abɔntene mmienu mmienu, na ɔmaa bɛ ahonhom fi so tumi.

8 Ɔhyɛɛ bɛ sɛ, bɛmmfa hwee ntu kwane he ka poma ho; bɛmmfa aduane, bɔtɔ; saa ara nso ne bɛmfa sika nhyɛ bɛ abɔsoɔ mu;

9 na bɛnhyɛ mpaboa, bɛnnhyɛ ntaadeɛ mmienu mmienu nso.

10 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ hokɔ fie bi mu a, hontena hɔ nkosi sɛ hobefiri kurom hɔ.

11 Baabi a hobɛkɔ a bɛannye ho he, na bɛantie ho he, sɛ hoofiri hɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ, na ɔnyɛ adanseɛ ntia bɛ.”

12 Nti bɛkɔ kɔpaem kaa sɛ biaa nsakra n’adwene.

13 Betutuu ahonhommɔne bebree, na bɛsraa bɛ a bɛyare bebree ngo na bɛsaa bɛ yadeɛ.


Suboni Yohane wuo
( Mateo 14:1-12 ; Luka 9:7-9 ; 3:19-20 )

14 Hene Herode teeɛ, efiri sɛ na Yesu dini ahyeta hɔ nyinaa. Na binom ɔɔka sɛ, “Bɛanyane Yohane Suboni afiri awufoɔ mu, saa nti ne tumideɛyɔ yi ɔɔkɔ so ne mu.”

15 Na binom kaa sɛ, “Ɔyɛ Elia.” Na binom nso kaa sɛ, “Ɔyɛ diyifoɔ te sɛ tete adiyifoɔ he bi.”

16 Na Herode teeɛ he, ɔkaa sɛ, “Eei! Yohane a metwaa ne ti he anyane?”

17 Nea na asi ne sɛ, na Herode asoma mmeema ama bɛakɔkye Yohane, akyekyere no de no ato afiase, Herodia a ɔyɛ ne nua Filipo yerɛ he ho nti, efiri sɛ na Herode agye no afiri Filipo nsam aware no.

18 Ɔne sɛ, na Yohane taa ka kyerɛ Herode sɛ, “Mmara mma kwane sɛ wobɛware wo nua yerɛ.”

19 Ne saa nti na Herodia wɔ meneasepɔ tia Yohane, na ɔpɛɛ sɛ oku no, nso wantumi,

20 efiri sɛ, na Herode suro Yohane, esiane sɛ onim sɛ ɔyɛ teneneeni ne kronkronni, nti ɔbɔɔ ne ho bane. Sɛ otie no a, na waayɛ basaa nso na ɔpɛ sɛ otie no.

21 Na akwannya bi baa Herode awoda, berɛ a ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfoɔ.

22 Berɛ a Herodia ba baa baa apontoɔ he ase bɛsaeɛ he, ɔsɔɔ Herode ne n’ahɔhoɔ ani na hene he ka kyerɛɛ abaayaa he sɛ, “Bisa me nea wopɛ biaa, na mede bɛma wo.”

23 Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ, “Nea wobebisa biaa, sɛ oduru m’ahennie mu fa mpo a, mede bɛma wo.”

24 Abaayaa he firii adi, na obisaa ne maame sɛ, “Ɛɛne ne memmisa?” Obuaa no sɛ, “Ka sɛ wopɛ Suboni Yohane ti.”

25 Ntɛmaa, ɔsane kɔɔ hene he hɔ, na ɔkaa sɛ, “Mepɛ sɛ wode Suboni Yohane ti to apampaa so ma me seeseiaa.”

26 Hene he werɛ hoo kɛse, nso ntam a ɔkaeɛ ne n’ahɔhoɔ he anim fɛreɛ nti, wampɛ sɛ ɔbɛkame no.

27 Ntɛmaa, hene he somaa abammɔfoɔ he mu sraani baako sɛ ɔmfa Suboni Yohane ti mmara. Nti okotwaa ne ti afiase hɔ,

28 na ɔde to apampaa so baeɛ, na ɔde maa abaayaa he. Afei abaayaa he de maa ne maame.

29 Na Yohane asuafoɔ he tee asɛm he, bɛba bɛfaa n’amu he na bɛkɔpɛɛ no koraberɛ bodane bi mu.


Yesu maa Nnipa Mpem Nnum Aduane

30 Afei asomafoɔ he twaa Yesu ho hyiaeɛ, na bɛkaa nea bɛayɔ ne nea bɛakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.

31 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommra baabi a biaa nni mmɛhome kakra,” efiri sɛ na nnipa bebree oodi akɔ ne aba a na ɔmma benya kwane nnidi mpo.

32 Na bɛ ankasa bɛde kodoɔ he firii hɔ kɔɔ baabi a biaa nni.

33 Na nnipa bebree huu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ he ɔɔkɔ, na benim bɛ, na bɛyɛɛ ntɛm firii nkuro he nyinaa mu nante dii bɛ anim kane koduruu baabi a na Yesu ne n’asuafoɔ he ɔɔkɔ he.

34 Ɔɔkɔ po he ano he, ohuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na onyaa tema maa bɛ, efiri sɛ, ná bɛte sɛ nwane a benni hwɛfoɔ, na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree.

35 Berɛ a adeɛ saeɛ he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Ha yɛ baabi a biaa nni, na adeɛ nso asa,

36 ma bɛnkɔ nkuro a atwa ahyia ha he bi mu nkɔtɔ bibi nni.”

37 Nso obuaa bɛ sɛ, “Homma bɛ bibi nni.” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nti wosusu sɛ yebitumi akɔtɔ paanoo bebree a ne boɔ bɛyɛ paani abosome nsia akatua de ama nnipa yi nyinaa adi anaa?”

38 Na obisaa bɛ sɛ, “Paanoo meɛhe ne ho wɔ? Honkɔ hwɛ,” na behuiɛ he bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Paanoo num ne nkyenam mmienu.”

39 Na ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛmma nnipa he nyinaa mmara na bɛntena nsensane he so akuo akuo.

40 Na bɛtenaa akuo akuo, ha ha ne aduonum aduonum.

41 Na ɔfaa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, na ohyiraa so wieeɛ he obubuu paanoo he mu de maa n’asuafoɔ he sɛ bɛmfa mma nkurofoɔ he, na ɔkyɛɛ nkyenam mmienu he maa bɛ nyinaa.

42 Na biaa didi mmeeɛ.

43 Na bɛsesaa paanoo ne nkyenam mproprowa nkɛntɛne du mmienu ma ma.

44 Nnipa a bedii paanoo he na bɛ dodoɔ yɛ mmeema mpem num.


Yesu Nantee Nsuo so
( Mateo 14:22-36 ; Yohane 6:15-21 )

45 Amonom hɔaa, ɔmaa n’asuafoɔ he tenaa kodoɔ he mu dii kane kɔɔ Betsaida fam hɔ baabi ya asuogya, na ɔmaa nkurofoɔ he kɔeɛ.

46 Ogyaa bɛ kwane wieeɛ he, ɔkɔɔ bepɔ he so kɔbɔɔ mpaeɛ.

47 Afei nwunu dwoeɛ a na kodoɔ he akoduru po he mfimfini he, na ɔno nkoaa ne ya fam hɔ.

48 Na ohuu sɛ mframa dendene ɔɔbɔ hyia bɛ na ama hare ayɛ dene ama bɛ he, ɔbaa bɛnkyɛne anɔpa tutuutu, na ɔɔnante po he so. Ɔyɔɔ n’adwene sɛ ɔbetwam bɛ ho.

49 Nso behuu sɛ ɔɔnante po so he, bɛdwenee sɛ ɔyɛ samane na bɛteateam,

50 efiri sɛ, bɛ nyinaa behuu no he, besuroeɛ. Nso amonom hɔaa ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho akoma ntɔ ho yam, ɔyɛ me a; honnsuro.”

51 Na ɔne bɛ kɔɔ kodoɔ he mu, na mframa he gyaeɛ. Na yei yɛɛ bɛ nwanwa paa.

52 Afei nso, bɛante paanoo ho asɛm he ase, ɔnam bɛ akomapirim nti.


Yesu Saa Yadeɛ Genesaret

53 Na betwaree nsuo he, bebeduruu Genesaret asaase so, na bɛtwee kosii po he ano.

54 Na befirii kodoɔ he mu sii fam he, nnipa huu no ntɛm so,

55 na bɛyɔɔ ntɛm de ayarefoɔ firi mpɔtamu hɔ nyinaa totoo kɛtɛ so braa no baabi a bɛtee sɛ na ɔya biaa.

56 Na baabi a ɔkɔeɛ biaa, sɛ ɔyɛ nkuraase oo, nkurom oo, mfuom oo, bɛde ayarefoɔ beguu dwam hɔ, na bɛsrɛɛ no sɛ bɛbɛkaa n’ataadeɛ ano; na bɛ a bɛkaeɛ he nyinaa nyaa ayaresa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan