Marko 5 - Apam FoforɔYesu Saa bi a ɔwɔ honhommɔne yadeɛ ya Gerasene ( Mateo 8:28-34 ; Luka 8:26-40 ) 1 Na afei bɛbaa po he agya, Gerasefoɔ asaase so. 2 Na ofirii kodoɔ he muaa pɛ, beema bi a ɔwɔ honhom fi firii afunsieɛ hyiaa no. 3 Na ɔte afunsieɛ hɔ, na biaa ntumi mpoa no, bɛde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu no a, bentumi mpoa no; 4 efiri sɛ na bɛtaa de mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyere no, nso ɔtete mpokyerɛ he na wabubu nkɔnsɔnkɔnsɔn he mu asisinasini, na biaa nni ahoɔdene a ɔde bɛbrɛ no ase. 5 Na daa, awia ne anadwo, ɔteateaam, de aboɔ twitwa ne ho afunsieɛ hɔ mmepɔ he so. 6 Na ohuu Yesu akyirekyire he, ɔde mmirika kɔkotoo n’anim; 7 na ɔteaam kɛse sɛ, “Abɛ ne wo ne me wɔ yɔ, Yesu, Sorosoro Nyankopɔn Ba? Mede Nyankopɔn dini srɛ wo, nha me.” 8 Nea nti a beema he kaa saa ne sɛ, na Yesus aka akyerɛ no sɛ “Honhom fi, firi beema he mu firi!” 9 Afei, Yesu bisaa no sɛ, “Wo dini de sɛ’?” Oyi ano sɛ, “Me de Dodoɔ, efiri sɛ yɛ dɔɔso.” 10 Ɔsrɛɛ no anibereɛ so sɛ ɔmmpamo bemmfiri asaase he so. 11 Afei, na mprako binom oodidi bepɔ he so hɔ, 12 na ahonhom fi he srɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔhyɛ mprako he mu.” 13 Nti ɔmaa bɛ kwane. Na ahonhom fi he firi kɔhyɛɛ mprako he mu; na mmoa bɛyɛ mpem mmienu he nyinaa gyee twi siane koguu po he mu maa po he faa bɛ. 14 Mprakohwɛfoɔ he tuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ kuro he ne mane he mu. Na nnipa ba bɛhwɛɛ deɛ asi. 15 Na bɛbaa Yesu hɔ, na bebehuu nea kane he na ɔwɔ ahonhommɔne a na bɛfrɛ no Dɔm he sɛ ɔte hɔ fira ntoma na n’adwene mu ate. Na besuroeɛ. 16 Bɛ a na bɛahu nea na ato nea ɔwɔ honhom fi he ne mprako he kaa ho asɛm. 17 Na bɛhyɛɛ aseɛ srɛɛ Yesu sɛ omfiri bɛ mpɔtamu hɔ nkɔ. 18 Na ɔɔbɛforo kodoɔ he, beema a na honhom fi ya ne mu he srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. 19 Nso Yesu amma no kwane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ fie, wo nnamfonom nkyɛne, na ka nea Awurade ayɔ ama wo, ɔne mmɔborɔhunu a wayi no adi akyerɛ wo.” 20 Na ɔkɔeɛ, na ɔhyɛɛ aseɛ paem kaa nea Yesu ayɔ ama no he ya Dekapoli, na biaa ho dwirii no. Yairo ba baa byane ne baa a na mogyaa ootu no he ayaresa ( Mateo 9:18-26 ; Luka 8:41-56 ) 21 Na afei berɛ a Yesu tware po he bio sane ba n’agya he, nnipadɔm kɛseɛ twaa ne ho hyiaeɛ, na ɔya po he ho. 22 Na hyiadane he mu mpanyimfoɔ he mu baako a bɛfrɛ no Yaaro baeɛ, na ohuu no he, ɔhwee ne nane ase 23 na ɔsrɛɛ no pii sɛ, “Meba baa oowu. Bra na fa wo nsa begu ne so, na ne ho nyɛ no dene, na onya nkwa.” 24 Nti ɔne no kɔeɛ. Na nnipadɔm kɛseɛ dii n’akyi, na bɛkyeree ne so. 25 Afei, na baa bi ya hɔ a na mogyaa atu no mfenhyia dummienu. 26 Na waafa ahokyerɛ pii mu ayaresafoɔ bebree nsam, na waahwere deɛ ɔwɔ nyinaa, nso na ne ho ntɔɔ no a yadeɛ he ayɛ kɛse mpo. 27 Na waate Yesu ho asɛm, na ofirii n’akyi nnipadɔm he mu bɛkaa n’ataadeɛ ano, 28 efiri sɛ ɔkaa sɛ, “Sɛ mede me nsa ka n’ataadeɛ nkoaa mpo a, menya ayaresa.” 29 ‘Amonom hɔaa mogyaa he twaeɛ; na ɔtee no ne nipadua mu sɛ waanya ayaresa. 30 Na ntɛmaa, Yesu huu sɛ tumi bi afiri ne mu. Na ɔdanee ne ho nnipadɔm he mu bisaa sɛ, “Hwane ne kaa m’ataadeɛ yi?” 31 Na n’asuafoɔ he bisaa no sɛ, “Woaa wonim sɛ nnipa yi kyere wo so, na afei mmɛ nti ne woobisa sɛ, ‘Hwane kaa me?’ ” 32 Na ɔhwehwɛɛ hɔ nyinaa sɛ obehu nea ɔyɔɔ saa he. 33 Na ɔnam sɛ baa he nim nea wayɔ nti, ɔde suro ne ahopopoɔ bɛhwee n’anim, na ɔkaa nɔkorɛ he nyinaa. 34 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ba baa, wo gyidie asa wo yadeɛ, fa asomdwie kɔ, na wo yadeɛ he nkɔ.” 35 Na ogu so ɔɔkasa he, nnipa bi firi hyiadane mu panyini he fie bɛkaa sɛ, “Wo ba baa he awu, mmɛ nti ne woda so ɔɔha kyerɛkyerɛfoɔ he?” 36 Na Yesu tee nea bɛkaeɛ he, ɔka kyerɛɛ hyiadane mu panyini he sɛ, “Nsuro, gye nkoaa ne gye di” 37 Wamma biaa anni n’akyi gye Petro, Yakubu ne Yohane, Yakubu nua he. 38 Bɛbaa hyiadane mu panyini he fie hɔ he, ohuu sɛ hɔ yɛ gyegyeegye a nnipa oosu, na bɛde anibereɛ ootwa adwo dendenndene. 39 Na owuraa fie hɔ he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne hooyɔ gyegyeegye na hoosu yi? Akwadaa he nwuiɛ, na waada.” 40 Na bɛseree no. Na ɔmaa bɛ nyinaa kɔɔ abɔntene, na ɔfaa akwadaa he papa ne ne maame ne bɛ a bɛka ne ho he, na ɔkɔɔ baabi a akwadaa he ya he. 41 Ɔsɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, “Talita kumm,” a ɔkyerɛ sɛ, “Abaayaa kumaa, sɔre!” 42 Na amonom hɔaa abaayaa he sɔreeɛ, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ (na waadi mfie dummienu). Yei nti bɛ ho dwirii bɛ kɛse. 43 Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛmma biaa nte yei, na afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, bɛmma akwadaa he bibi nni. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana