Marko 3 - Apam FoforɔBeema bi a na ne Nsa Adwodwo ( Mateo 12:9-14 ; Luka 6:6-11 ) 1 Na afei, Yesu kɔɔ hyiadane he mu, na beema bi ya hɔ a na ne nsa adwodwo. 2 Na bɛhwɛɛ sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda he anaa, na bɛde abu no fɔ. 3 Na ɔka kyerɛɛ nea ne nsa adwodwo he sɛ, “Bra ha!” 4 Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?” Na biaa yɔɔ komm. 5 Na ɔde abufuo hwɛɛ bɛ nyinaa hyiaeɛ; na ne werɛ hoeɛ bɛ akoma dene he nti, na ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Ɔteneeɛ, na ahoɔdene baa ne nsa he mu bio. 6 Na Farisifoɔ he firii abɔntene a pɛ, bɛ ne Herodefoɔ bɔɔ pɔ hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no. Nnipadɔm Bebree ya Mpoano ( Mateo 12:15-16 ; Luka 6:17-19 ) 7 Na afei Yesu ne n’asuafoɔ he twee bɛ ho kɔɔ mpoano, na nnipadɔm bebree firi Galilea ne Yudea dii n’akyi. 8 Bɛtee nea wayɔ nyinaa he, nnipadɔm firi Yerusalem, Idumea, Yordan agya, ɔne Tiro ne Sidon mantam mu baeɛ. 9 Ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ dɔm he nti bensiesie kodoɔ mma no sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bemmu mfa ne so. 10 Esiane sɛ na wasa bebree yadeɛ nti, bɛ a bɛwɔ yadeɛ nyinaa ba bɛkyere ne so sɛ bɛbɛsɔ ne mu. 11 Berɛ biaa a ahonhom fi behu no he, bɛhwe ase n’anim teaam sɛ, “Wone Nyame Ba he!” 12 Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnna no adi nkyerɛ biaa. Yesu yii Dummienu he ( Mateo 10:1-4 ; Luka 6:12-16 ) 13 Yesu kɔɔ bepɔ he so, na ɔtoo ne nsa frɛɛ bɛ a ohia bɛ ma bɛbaa ne nkyɛne. 14 Na oyii dummienu a ɔmaa bɛ abodini sɛ “Asomafoɔ” a bɛbɛka ne ho akɔ ka asɛmpa he, 15 na bɛanya tumi atu ahonhommɔne. 16 Nnipa dummienu bɛ he ne: Simon (ɔtoo no dini Petro), 17 Sebedeo ba Yakubu ɔne Yohane a ɔyɛ Yakubu nua (bɛ ne ɔmaa bɛ dini Bo-anerges, asekyerɛ ne Apranaa mma); 18 ne Andreo, ne Filipo, ne Bartolomeo, ne Mateo, ne Toma, ne Afeos ba Yakubu, ne Tadeo, ɔne Kanani Simon, 19 ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mmaeɛ he. Na Yesu kɔɔ fie, Yesu ne Beelsebul 20 na nnipadɔm he sane behyiaa mu a na bennya aduane mpo nni. 21 N’abusuafoɔ teeɛ he, bɛkɔɔ sɛ beekosi no kwane, efiri sɛ na nkurofoɔ ɔɔka sɛ, “Ne ti nni hɔ”. 22 Na atwerɛfoɔ he a befiri Yerusalem baeɛ he kaa sɛ, “Ɔwɔ Beelsebul, na ɔde ahonhommɔne panyini he tumidie ne tutu ahonhom fi.” 23 Na ɔfrɛɛ bɛ baa ne nkyɛne na ɔyɔɔ saa mfantoho yi kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na Satan atutu Satan? 24 Sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie he ntumi nnyina. 25 Na sɛ mpaepaemu ya fie bi mu a, saa fie he ntumi nnyina. 26 Na sɛ Satan asɔre atia ne ho na ne mu akyekyɛ a, ontumi nnyina, na mmom n’awieeɛ ne aba. 27 Na bi ntumi nkɔ ahoɔdenfoɔ fie nkɔfom ne nnoɔma gye sɛ waakyekyere ahoɔdenfoɔ he, ansa na wafom fie hɔ nnoɔma. 28 Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔde nipa bɔne ne abususɛm biaa a ɔbɛka bɛkyɛ no, 29 nso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron he deɛ onnya bɔne fakyɛ, na daa afobuo da ne so.” 30 Ɔkaa yei sɛ efiri sɛ na bɛɛkeka sɛ, “Ɔwɔ honhom fi.” Yesu Abusua kann 31 Na afei Yesu maame ne ne nuanom baeɛ, na begyinaa abɔntene somaa sɛ bɛnkɔfrɛ no mmara. 32 Na nnipa atwa ne ho ahyia; na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo maame ne wo nua mmeema ne wo nua mmaa gyina abɔntene a bɛɛfrɛ wo.” 33 Na obuaa sɛ, “Me maame ne me nuanom ne hefoɔ?” 34 Na ɔhwɛɛ bɛ a bɛtete ne nkyɛne he kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom. 35 Nea ɔyɔ Nyankopɔn apɛdeɛ biaa yɛ me nua beema ne me nua baa ne me maame.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana