Marko 14 - Apam FoforɔBɛbɔɔ Yesu ti so pɔ sɛ bebeku no ( Mateo 6:1-5 ; Luka 22:1-2 ) 1 Na aka nnaanu na Twam ne Apiti afahyɛ he aduru. Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he ɔɔpɛ nyansa kwane bi afa so akye Yesu, na bɛaku no; 2 na bɛkaa sɛ, “Yɛnnyɔ yei afahyɛ berɛ yi mu, anyɛ saa a, basabasa bɛsɔre nnipa he mu.” Baa bi sraa Yesu ngo ya Betania 3 Berɛ a Yesu ya Betania, Simon kwatani he fie he, na ɔte adidiiɛ he, baa bi de aduhwam a ne boɔ ɔdene a ogu kɔntoa mu baeɛ, na obie so hwiee aduhwam he guu Yesu ti mu. 4 Na nnipa a bɛya hɔ he mu binom de abufuo keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Mmɛ nti ne ɔsɛe aduhwam he sei 5 berɛ a nka bebetumi atɔno aduhwam yi anya sika a ɔboro paani bosome du akatua, na bɛde sika he ama ahiafoɔ?” Na benwinwii tia baa he. 6 Na Yesu kaa sɛ, “Honnyae no; mmɛ nti ne hooha no yi? Nea waayɔ yi yɛ ma me. 7 Na ahiafoɔ deɛ bɛya ho nkyɛne daa, na hobetumi ayɔ bɛ papa berɛ biaa a hopɛ, na me deɛ menntena ho nkyɛne daa. 8 Waayɔ deɛ obetumi; wasra me nipadua de ɔɔtwɛne me sie da. 9 Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, wiase baabi a bɛbɛpaem aka asɛmpa he, bɛbɛka deɛ waayɔ yi de akae no.” Yuda gye tomm sɛ obeyi Yesu ama 10 Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ dummienu he mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he nkyɛne ne bɛ kɔ kasaa sɛ obeyi Yesu ama bɛ. 11 Bɛteeɛ he, bɛ ani gyee paa, na bɛhyɛɛ no bɔ sɛ bɛbɛma no sika. Nti ɔhyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ kwane a ɔbɛfa so ayi no ama. Yesu ne asuafoɔ he dii Twam Afahyɛ ( Mateo 26:17-19 ; Luka 22:7-13 ) 12 Afei da a odi kane a bedi paanoo a mmɔreka nnim he, berɛ a beku Twam dwane he, Yesu asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yekosiesie ma wodi Twam he?” 13 Nti ɔsomaa n’asuafoɔ he mu mmienu, ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ kuro he mu, na beema bi behyia ho a ɔsõ asuhina; honni n’akyi, 14 na baabi a obewura biaa, honka nkyerɛ fiewura he sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ yemmisa sɛ, Hefa ne m’ahɔhodane a me ne m’asuafoɔ bedi Twam he ya?’ 15 Ɔbɛkyerɛ ho dane kɛseɛ bi abrosane he so a bɛasiesie mu ayɛ no krado. Honnyɔ ahosiesie mma yɛ hɔ.” 16 Nti asuafoɔ he firii adi kɔɔ kuro he mu, na bibiaa siiɛ sɛdeɛ na waaka akyerɛ bɛ he, na besiesie Twam aduane he. Adidie a otwa toɔ ( Mateo 26:20-29 ; Luka 22:14-23 ; Yohane 13:21-26 ) 17 Nnwunu dwoeɛ he, Yesu ne dummienu he baeɛ. 18 Na bɛtenaa ase a beedidi he, ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, ho a ho ne me oodidi he mu baako beyi me ama.” 19 Na bɛyɛɛ basaa, na bebisaa no mmaako mmaako sɛ, “Ɔyɛ me a’?” 20 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ dummienu yi mu baako, nea ɔne me de paanoo ɔɔbɔ ayowa baako mu he a, 21 na Nipa Ba he ɔɔkɔ deɛ, sɛdeɛ bɛatwerɛ afa ne ho he, nso deɛ ɔnam ne so beyi no ama he nnue! Nka ɔyɛ ma no sɛ bɛanwo no mpo.” Awurade Adidie ahyɛaseɛ 22 Na beedidi he, Yesu faa paanoo, na ohyiraa so he, obuu mu de maa bɛ kaa sɛ, “Honye, yei ne me nnipadua.” 23 Afei ɔfaa kuruwaa, na ɔdaa ase he, ɔde maa bɛ, na bɛ nyinaa bɛnom mu. 24 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me mogyaa a ɔyɛ apam foforɔ he mogyaa a nnipa bebree nti beehwie agu. 25 Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, mennom bobe aba bio de kosi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie he mu.” Yesu hyɛɛ Nkɔm sɛ Petro bɛpa no 26 Bɛtoo ayeyie dwom, na ɔno akyi he befirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ so. 27 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nyinaa hobeyi me ama; na bɛatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ dwanhwɛfoɔ he, na nwantene he ahwete.’ 28 Na me wusɔreɛ akyi he, medi ho anim akɔ Galilea.” 29 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ biaa pa wo mpo a, me deɛ mempa wo.” 30 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ. “Meeka akyerɛ wo nɔkorem nnɛ sɛ, anadwo yiaa, ansa na akokɔ bɛ bɔne mprenu he na woayi me ama mprɛnsa.” 31 Na Petro kaa no anibereɛ so sɛ, “Sɛ otwa sɛ me ne wo wu koraa a, mempa wo.” Na bɛ nyinaa bɛkekaa saa. Yesu bɔ Mpaeɛ Getsemane 32 Bɛkɔɔ bea bi a bɛfrɛ no Getsemane; na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Hontena ha na menkɔbɔ mpaeɛ.” 33 Ɔfaa Petro ne Yakubu ne Yohane kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ teeteeɛ na odii awerɛhoɔ. 34 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Me werɛ aho kɛse de ɔɔkɔ wuo mu mpo; honnka ha, na honnwɛne.” 35 Na ɔkɔɔ animu kakra he, ɔde ne ho too fam na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ obetumi a nka berɛ he ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya, bibiaa nso wo yɔ; yi kuruwaa yi firi me so; nso nyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ.” 37 Na ɔba behuu sɛ bɛadeda; na obisaa Petro sɛ, “Ei! Simon, wada? Nti woantumi anwɛne dɔnhwere baako mpo? 38 Honnwɛne na hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu. Honhom he pɛ paa deɛ, nso honam he ɔmmerɛ.” 39 Na bio, ofiri hɔ kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ heaa. 40 Na ɔsane behuu bɛ sɛ bɛadeda bio, efiri sɛ, na bɛ ani kum kɛse, nti bɛanhu muaeɛ a bɛmfa mma no. 41 Na afei ɔbaa ne mprɛnsa so bebisaa bɛ sɛ, “Hogu so ɔɔda dwodwo ho ho? Aayɛ yie! Berɛ he aso sɛ bɛde Nipa Ba he hyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa. 42 Honnsɔre ma yɛnkɔ. Honhwɛ, deɛ obeyi me ama he abɛne.” Yesu Yima ne ne Kyeɛ 43 Amonom hɔaa, ogu so ɔɔkasa he, Yuda, dummienu he mu baako beduruiɛ; na nnipadɔm a bekitakita asekane ne mmaa a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanyimfoɔ he mu ne no ne baeɛ. 44 Afei na deɛ oobeyi no ama he akyerɛ bɛ nsɛnkyerɛnne bi sɛ, “Deɛ mɛfe n’ano he, ɔno a, honnkye no, mfa no mfiri hɔ nkɔ, honhwɛ yie na wammfiri ho nsa.” 45 Nti ɔbaeɛ he, ɔkɔɔ ne nkyɛne ntɛm so kaa sɛ, “Rabi!” Na ɔfee n’ano. 46 Afei bɛsɔɔ ne mu, na bɛkyee no. 47 Na bɛ a na begyina bɛnkyɛne hɔ he mu baako twee ne sekane na otwaa sɔfo panyini akoa he aso. 48 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hode asekane ne mmaa ne afiri adi ɔɔbɛkye me te sɛ nea meyɛ korɔmfoɔ? 49 Daa na me ne ho ya asɔrefie a meekyerɛkyerɛ, nso hoankye me. Nso aaba saa sɛ ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam.” 50 Bɛ nyinaa begyaa no hɔ dwaneeɛ. 51 Na abranteɛ bi di n’akyi a ɔde nwera nkoaa ne akata n’adagya so. Bɛsɔɔ ne mu a 52 nka bɛɛpɛ no akye no, na ogyaa ne nwera he hɔ de ne ho kwaterekwa dwane kɔeɛ. Bɛde Yesu kogyinaa Abadwafoɔ he Anim 53 Bɛde Yesu kɔmaa sɔfo panyini; na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he, mane he mu mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he ahyia. 54 Na Petro dii n’akyi akyirikyiri koduruu sɔfo panyini he adi hɔ; na ɔne abammɔfoɔ he tenaa gya ho toeɛ. 55 Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne badwa he nyinaa hwehwɛɛ adanseɛ tia Yesu na bɛagyina so aku no; nso bɛanya bi. 56 Nɔkwasɛm ne sɛ, nnipa bebree dii adansekunumu tia no, nso bɛ adanseɛ he ankɔ bɛnkorɔ mu. 57 Binom sɔre dii adanseɛ tiaa no sɛ, 58 “Yɛtee sɛ ɔɔka sɛ, ‘Mɛsɛe asɔredane a bɛde nsa ayɔ yi, na nnansa so, mesi deɛ bɛamfa nsa anyɔ.’ ” 59 Nso asɛm yei ho mpo, bɛ adanseɛ he anhyia. 60 Na sɔfo panyini he sɔre gyinaa bɛ anim bisaa Yesu sɛ, “Wonni mmuaeɛ biaa? Ɛɛne ho ne beedi adanseɛ atia wo yi?” 61 Nso ɔyɛɛ komm na wammua. Bio, sɔfo panyini he bisaa no sɛ, “Wone Kristo he, Nhyira Wura Ba he anaa?” 62 Yesu kaa sɛ, “Me a; na ‘hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Tumfoɔ he nsa nifa’ na ‘ɔnam soro mununkum mu ɔɔba.’ ” 63 Afei sɔfo panyini he tetee n’ataadeɛ mu, na ɔkaa sɛ, “Mmɛ nti ne yɛda so hia adansefoɔ? 64 Hoate n’abususɛm he! Hoadwene ne sɛ?” Bɛ nyinaa bebuu no fɔ sɛ ɔfata wuo. 65 Binom hyɛɛ aseɛ totoo ntasuo guu ne so, kyekyeree n’ani, na bɛbobɔɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ nkɔm!” Abammɔfoɔ he nso bɛfaa no kɔeɛ, na bɛkɔhwee no. Petro paa Yesu 66 Afei berɛ a na Petro ya aseɛ hɔ he, sɔfo panyini he mmaawa he mu baako baa hɔ. 67 Na ohuu Petro sɛ ɔɔto gya he, ɔhwɛɛ no gyee kaa sɛ, “Wo nso na woka Nasareni Yesu he ho.” 68 Nso wannye antom, na ɔkaa sɛ, “Mennim na mente deɛ wooka yi ase.” Na ofirii adi, kogyinaa aboboɔ ano hɔ. Na akokɔ bɔnooɛ. 69 Abaawa he huu no bio he, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ bɛ a begyina hɔ he sɛ, “Beema yei yɛ bɛ mu baako.” 70 Saa berɛ yi nso, Petro annye antom. Na ɔyɛɛ kakra he, bɛ a begyina hɔ he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka bɛ ho ampa, na woyɛ Galileani.” 71 Na ɔhyɛɛ aseɛ domeeɛ, na ɔkaa ntam sɛ, “Mennim beema a hooka n’asɛm yi.” 72 Saa berɛ he akokɔ bɔno mprenu so. Na Petro kae sɛ Yesu aka akyerɛ no sɛ, “Ansa na akokɔ bɛbɔno mprenu he na woapa me mprɛnsa.” Nti ne werɛ hoeɛ, na osuiɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana