Marko 13 - Apam FoforɔAsɔrefie he sɛeɛ ho nkɔmhyɛ ( Mateo 24 ; Luka 21:5-36 ) 1 Na afei Yesu firii asɔredane he mu firiiɛ he, n’asuafoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ akɛseɛ ne adane nwanwasono yi!” 2 Afei Yesu bisaa no sɛ, “Woahu adane nwanwasono yi? Boɔ baako mpo ɔnka boɔ foforɔ so ha; bebedwiri ne nyinaa agu fam.” 3 Berɛ a na ɔte Ngo Bepɔ so, faako a ɔne hyiadane he di animhwɛ he, Petro, Yakobo, Yohane ne Andreo bisaa no kokoam sɛ, 4 “Ka kyerɛ yɛ, mmɛ berɛ ne yei bɛyɔ hɔ, na mmɛ ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ saa nnoɔma yi nyinaa ɔɔbɛba mu?” 5 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ yie na biaa amma hoanyera. 6 Nnipa bebree de me dini bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no!’ Na bɛbɛma nnipa bebree amane afiri kwane he ho. 7 Sɛ hote ko ne akosɛm a, hommma ho akoma ntu; ɔsɛ sɛ ɔba saa, nso na awieeɛ he nnuruiɛ. 8 Na amane bɛsɔre atia amane, na ahennie asɔre atia ahennie; asaasewosoɔ bɛba mmeammea; kɔm bɛba. Yei yɛ awoko yeyaa mfitiaseɛ. Yesu hyɛɛ Taa ho Nkɔm ( Mateo 10:17-22 ; Luka 21:12-17 ) 9 “Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ. 10 Na otwa sɛ bɛpae mu ka asɛmpa he kyerɛ amane nyinaa kane. 11 Sɛ bɛde ho kɔ sɛ beekodi ho asɛm ayi ho ama a, honnwennwene deɛ hobɛka ho; na deɛ bɛde bɛma ho saa berɛ he ɔnoaa ne honka, efiri sɛ, ɔnyɛ ho ne hokasa, na mmom ɔyɛ Honhom Kronkron ne bɛkasa afa ho mu. 12 Na afei nua beyi nua ama na bɛaku no; na agya ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia awofoɔ, na bɛama bɛaku awofoɔ he. 13 Na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Nso nea obegyina akosi awieeɛ he ne benya nkwa. Akyiwadeɛ a ɔbɔ Mane 14 “Nso berɛ a hobehu sɛ bɛde akyiwadeɛ a ɔma mane da mpan he asi baabi a ɔnsɛ sɛ osi he (ma nea ɔɔkenkane he nte aseɛ), hedeɛ ma bɛ a bɛya Yudea nwane nkɔ mmepɔ so; 15 Mmma nea ɔya dane atifi he nsi fam, saa ara nso ne ɔnsɛ sɛ osi kɔ fie hɔ kɔfa bibi firi hɔ; 16 nea ɔya afuom nsane nnkɔfa ataadeɛ ngusoɔ. 17 Na saa da he apemfoɔ ne bɛ a bɛma mmɔfra nofoɔ nnue! 18 Nti hommɔ mpaeɛ na amma awɔ berɛ. 19 Na nna he mu, amanehunu a ofiri Nyankopɔn adebɔ ahyɛaseɛ de besi nnɛ bi mmaa da, na bi nso ɔmma bio bɛba. 20 Na sɛ Awurade antwa nna he so tia a, nipa biaa onya nkwa; nso bɛ a bɛapa bɛ he na bɛayi bɛ he nti, bɛatwa nna he so tia. 21 Na sɛ biaa ka kyerɛ ho da he sɛ, ‘Hwɛ! Kristo he di!’ Anaa ‘Hwɛ, Ɔya do a,’ honye nni, 22 Kristo atorɔfoɔ ne adiyifoɔ atorɔfoɔ bɛba na bɛayɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ, na sɛ obetumi a, nka bɛde adaadaa bɛ a bɛayi bɛ he. 23 Nso honyɛ krado; maadi kane aka ne nyinaa akyerɛ ho. Nipa Ba he mmaeɛ 24 Na nna he mu, amanehunu he akyi, Awia beduru sum, na bosome ɔnhyerɛn 25 na nsoromma bɛtete afiri soro agu na soro tumi bɛwoso. 26 Na afei bebehu Nipa Ba he sɛ osiane mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu. 27 Afei ɔbɛsoma abɔfoɔ he, na bɛakɔboaboa bɛ a bɛayi bɛ afiri atifi kɔpem anaafoɔ, apieeɛ kɔpem atɔeɛ, ofiri asaase ano de kosi soro ano. Borɔdoma dua ho adesua 28 Honsua bibi mfiri borɔdoma dua he ho mfantoho he mu: Sɛ ne mmane he yɛ frɔmfrɔm na oyi n’ahahane he a, na hoahu sɛ pɛ berɛ abɛne. 29 Saa ne sɛ ho nso hohu sɛ saa nnoɔma yinom oosisi a, hoahu sɛ waabɛne, na ɔya pono ano pɛɛ. 30 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, saa awoɔntoatoasoɔ yi ontwam, gye sɛ yei nyinaa sisi ansa. 31 Soro ne asaase betwam, nso me nsɛm deɛ ontwam da. Hia a ohia sɛ yɛnwɛne 32 “Na ɔfa da he ne dɔnhwere he ho deɛ, biaa nnim, soro abɔfoɔ oo, Ba he oo, biaa nnim, gye Agya he nkoaa. 33 Honhwɛ yie, homma ho ani nna hɔ; efiri sɛ, honnim da a saa berɛ he bɛba. 34 Ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na oofiri fie he, ɔde ne nkoa sisii nnwuma ahodoɔ ano, na ɔhyɛɛ ponohwɛfoɔ sɛ ɔnwɛne. 35 Nti homma ho ani nna hɔ, efiri sɛ honnim berɛ a fiewura he bɛba, sɛ ɔbɛba anwummerɛ oo, dasuom oo, dasuom akokɔbɔmmereɛ oo, anaa ahemakye oo, honnim. 36 Saa nti sɛ hoamma ho ani anna hɔ a, ɔbɛba mpofirem abɛto ho sɛ hoadeda. 37 Na deɛ meeka akyerɛ ho he, meeka akyerɛ biaa: Homma ho ani nna hɔ.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana