Marko 10 - Apam FoforɔAwaregyaeɛ ho Nkyerɛkyerɛ ( Mateo 19:1-9 ) 1 Afei Yesu firii saa bea hɔ kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi. Na nnipadɔm pii betwaa ne ho hyiaa bio; na sɛdeɛ na ɔtaa yɔ he, ɔkyerɛkyerɛeɛ. 2 Farisifoɔ bi baeɛ, na bebisa de sɔɔ ne hwɛeɛ sɛ, “Mmara ma kwane sɛ beema bi gyae ne yerɛ?” 3 Obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne Mose hyɛɛ ho?” 4 Bɛkaa sɛ, “Mose maa ho kwane sɛ betumi twerɛ awaregyaeɛ krataa de gyae baa he.” 5 Nso Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho akoma pirim nti ne ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa ho. 6 Na ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ‘Nyankopɔn yɔɔ beema ne baa.’ 7 ‘Yei nti, beema begya n’agya ne ne na hɔ, na ɔne ne yerɛ aka abom, 8 na bɛ mmienu he ayɛ honam baako.’ Ɔba saa a bɛnna so nyɛ mmienu, na mmom bɛyɛ honam baako. 9 Nti nea Nyankopɔn aka abom he, mma nipa biaa ntetem.” 10 Afei bɛ ya fie he, asuafoɔ he bisaa yei ho asɛm bio. 11 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ bi gyae ne yerɛ, na ɔware foforɔ a, na wasɛe awareɛ ɔnam baa he a ogyae no he nti; 12 na sɛ baa he nso gyae ne kunu na ɔware foforɔ a wasɛe awareɛ.” Yesu hyiraa Mmɔfra Nketewa 13 Na nnipa bebree de mmɔfra nketewa ɔɔbra no sɛ ɔde ne nsa bɛka bɛ; na asuafoɔ he kaa bɛ anim dendenndene. 14 Afei Yesu huiɛ he, n’ani annye ho, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma mmɔfra he mmara me nkyɛne; honnsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte sei ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea. 15 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, nea ɔnnye Nyankopɔn ahennie he sɛ abɔfra he nkɔ mu da.” 16 Na ɔmaa bɛ so kɔɔ soro de ne nsa guu bɛ so, na ohyiraa bɛ. Defoɔ he ( Mateo 19:16-30 ; Luka 18:18-30 ) 17 Na osiim sɛ ɔɔkɔ baabi he, beema bi de mmirika bebuu nkotodwe n’anim, na obisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, mmɛ ne menyɔ na manya daa nkwa?” 18 Yesu bisaa no sɛ, “Ɛɛne nti ne wofrɛ me papa? Biaa nyɛ papa, gye Nyankopɔn nkoaa. 19 Wonim ahyɛdeɛ he, ‘Nni awu; Nsɛe awareɛ; Mmɔ korɔno; Nni adansekunumu; Nsisi biaa; Di w’agya ne wo na ni.’ ” 20 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mefiri me mmɔfra ase adi yei nyinaa so.” 21 Na Yesu hwɛɛ no he, ɔdɔɔ no, na ɔkaa sɛ, “Aaka wo adeɛ baako; kɔ, kɔtɔno nea wowɔ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra bedi m’akyi.” 22 Ɔtee yei he, ne ho dwirii no, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, efiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ pii. 23 Na Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a na bɛya hɔ he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Hwɛ dene a ɔbɛyɛ ama adefoɔ sɛ bɛbɛkɔ Nyankopɔn ahennie he mu!” 24 Na nsɛm yi haa asuafoɔ he adwene. Nso Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mmɔfra, honhwɛ dene a ɔyɛ sɛ bi bɛkɔ Nyankopɔn ahennie he mu! 25 Ɔmmerɛ ma yoma sɛ obewura paneɛ tokuro mu sene sɛ sikani bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.” 26 Asɛm yi yɛɛ bɛ nwanwa kɛse, na bɛkaa sɛ, “Sɛ saa ne ɔteɛ dea, hwane ne obetumi anya nkwa?” 27 Yesu hwɛɛ bɛ, na ɔkaa sɛ, “Nnipa fam deɛ, ontumi nyɛ hɔ, na ɔnyɛ Nyankopɔn fam; na Nyankopɔn fam deɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ.” 28 Petro fitii aseɛ ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, yɛagya bibiaa hɔ abedi w’akyi.” 29 Yesu kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem, biaa nni hɔ a wagya fie anaa nua mmeema, anaa nua mmaa, anaa maame, anaa papa, anaa mma ne nsaase, ɔnam me ne asɛmpa he nti, 30 na onya no mmɔho ha, saa wiase yi mu a, fie, nua mmeema, nua mmaa, nanom, ne mma, anaa nsaase, na taa nso ka ho, ne nna a ɔbɛba he mu daa nkwa. 31 Nso adikanfoɔ bebree bɛka akyi, na akyikafoɔ bedi kane.” Yesu hyɛɛ ne Wuo ne ne Sɔreeɛ ho Nkɔm Mprɛnsa so 32 Na bɛnam kwantempɔno he so ɔɔkɔ Yerusalem, na Yesu adi bɛ anim kane; ɔyɛɛ bɛ nwanwa, na bɛ a bedi akyire he suroeɛ. Ɔde dummienu he kɔɔ nkyɛne bio, na ɔhyɛɛ aseɛ kaa nea ɔbɛto no, 33 sɛ, “Honhwɛ, yɛɛkɔ Yerusalem, na bɛde Nipa Ba he bɛhyɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nsa, na bebebua no kumfɔ; na afei bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa; 34 bebedi ne ho fɛw, na bɛato ntasuo agu ne so na bɛatwa no mmaa, na bɛaku no, na nnansa akyi wasɔre bio.” Yakubu ne Yohane Adesrɛ 35 Yakubu ne Yohane, Sebedeo mma he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ nea yebebisa wo biaa woyɔ ma yɛ.” 36 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ ne hopɛ sɛ meyɔ ma ho?” 37 Na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛ mu baako ntena wo nifa, na baako ntena wo benkum w’animuonyam mu.” 38 Nso Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnim nea hoobisa he. Hobetumi anom kuruwa a menom he, anaa hobetumi abɔ asu a bɛde bɔ me he?” 39 Bebuaa sɛ, “Yebetumi.” Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Kuruwa a menom he, hobɛnom; na asubɔ a bɛde bɔ me he, bɛde bɛbɔ ho; 40 nso sɛ hobɛtena me nifa anaa me benkum deɛ, ɔnyɛ me ne mede ma, na ɔya bɛ a bɛasiesie ama bɛ deɛ.” 41 Na du he tee yei he, bɛ bo hyɛɛ aseɛ fuu Yakobo ne Yohane. 42 Nti Yesu frɛɛ bɛ ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honim sɛ Amanamane mufoɔ he mu deɛ, bɛ a bebu bɛ sɛ bɛ sodifoɔ he hyɛ bɛ so, na bɛ akɛsefoɔ he yɛ bɛ so ka-a-nka-bi. 43 Nso ɔsɛ sɛ ɔba saa ho mu; na biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɔ kɛseɛ ho mu he, otwa sɛ ɔyɔ ho akoa, 44 na nea ɔpɛ sɛ ɔdi kane ho mu biaa he, otwa sɛ ɔyɔ ho nyinaa ho akoa, 45 na Nipa Ba he amma sɛ bɛnsom no, na mmom ɔbɛsomeeɛ, na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nnipa bebree.” Nifirani Bartimeo Ayaresa 46 Bɛbaa Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ he ne nnipadɔm bi oofiri Yɛriko he, na Timeo ba Bartimeo, nifirani adesrɛfoɔ he te kwane nkyɛne. 47 Na ɔtee sɛ ɔyɛ Yesu Nasareni he ne ootwam he, ɔhyɛɛ aseɛ teaam kaa sɛ, “Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ!” 48 Nnipa bebree teateaa no sɛ ɔnyɔ komm; nso ɔteateaam kɛse sɛ, “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 49 Yesu gyinaa hɔ dinn kaa sɛ, “Homfrɛ no mmra ha.” Na bɛka kyerɛɛ nifirani he sɛ, “Ma w’akoma ntɔ wo yam; sɔre, ɔɔfrɛ wo.” 50 Nti ɔtoo n’ataadeɛ guiɛ, ohuru gyinaeɛ, na ɔkɔɔ Yesu nkyɛne. 51 Afei Yesu bisaa no sɛ, “Mmɛ ne wopɛ sɛ meyɔ ma wo?” Nifirani he ka kyerɛɛ no sɛ, “Me Kyerɛkyerɛfoɔ, ma menhu adeɛ bio.” 52 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, wo gyidie asa wo yadeɛ.” Amonom hɔaa, ohuu adeɛ, na odii n’akyi kwane he so. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana